< Mmɛbusɛm 3 >

1 Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ, kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu,
Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ, kora me mmara wɔ wo koma mu,
2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree na ɛde yiedie abrɛ wo.
na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree na ɛde yiyedi abrɛ wo.
3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn fa yane wo kɔn mu twerɛ gu wʼakoma ɛpono so.
Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn fa yan wo kɔn mu kyerɛw gu wo koma pon so.
4 Na wobɛnya adom ne din pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.
Na wubenya adom ne din pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.
5 Fa wʼakoma nyinaa to Awurade so na mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so;
Fa wo koma nyinaa to Awurade so, na mfa wo ho nto wʼankasa ntease so;
6 hunu no wʼakwan nyinaa mu, na ɔbɛtene wʼakwan.
hu no wʼakwan nyinaa mu, na ɔbɛteɛ wʼakwan.
7 Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ suro Awurade na kyiri bɔne.
Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafo; suro Awurade na kyi bɔne.
8 Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua na ayɛ aduane ama wo nnompe.
Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo nipadua, na ayɛ aduan ama wo nnompe.
9 Fa wʼahonya hyɛ Awurade animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa;
Fa wʼahonya hyɛ Awurade anuonyam, ne wo nnɔbae a edi kan nyinaa;
10 na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so, na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so
na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so, na nsa foforo abu afa wʼahina so.
11 Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie, na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba,
Me ba, sɛ Awurade teɛ wo so a, tie no yiye, na mmu nʼanimka so,
12 Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.
Efisɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso, sɛnea agya teɛ ɔba a ɔdɔ no no.
13 Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa, onipa a ɔnya nteaseɛ,
Nhyira nka onipa a ohu nyansa, onipa a onya ntease,
14 ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ, na deɛ ɛfiri mu ba sene sikakɔkɔɔ.
efisɛ, nimdeɛ so mfaso sen dwetɛ, na nea efi mu ba sen sikakɔkɔɔ.
15 Ne boɔ yɛ dene sene bota; na worentumi mfa wʼapɛdeɛ biara ntoto ho.
Ne bo yɛ den sen bota; na worentumi mfa wʼapɛde biara ntoto no ho.
16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu; ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu.
Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu; ahonyade ne anuonyam wɔ ne nsa benkum mu.
17 Nʼakwan yɛ ahomeka, na nʼasa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.
Nʼakwan yɛ ahomeka, na nʼanammɔnkwan nyinaa yɛ asomdwoe.
18 Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu; wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya nhyira.
Ɔyɛ nkwadua ma wɔn a woso ne mu; wɔn a wokura no mu no benya nhyira.
19 Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem, na nteaseɛ mu na ɔde ɔsoro timii hɔ.
Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem, na ntease mu na ɔde ɔsoro tim hɔ.
20 Ɛfiri ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebunu mu, na omununkum nso tɔɔ bosuo.
Efi ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebun mu, na omununkum nso tɔɔ obosu.
21 Me ba, fa atemmuo pa ne nhunumu sie, na mma ɛmfiri wʼani so;
Me ba, fa atemmu pa ne nhumu sie, na mma emfi wʼani so;
22 ɛbɛyɛ nkwa ama wo, ahyehyɛdeɛ a ɛma wɔ kɔn nya animuonyam.
ɛbɛyɛ nkwa ama wo, nnwinne a ɛma wo kɔn anuonyam wie pɛyɛ.
23 Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo, na wo nan rensunti;
Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo, na wo nan renhintiw;
24 sɛ woda a worensuro; sɛ woda a wʼani bɛkum.
sɛ woda a worensuro; sɛ woda a wʼani bekum.
25 Nsuro mpofirim amanehunu anaa ɔsɛeɛ a ɛba amumuyɛfoɔ so,
Nsuro mpofirim amanehunu anaa ɔsɛe a ɛba amumɔyɛfo so,
26 Ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wʼawerɛhyɛm na ɔbɛkora wo nan afiri afidie mu.
efisɛ Awurade bɛwɔ wʼafa na ɔbɛkora wo nan afi afiri mu.
27 Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata, ɛberɛ a tumi wɔ wo nsam.
Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata, bere a tumi wɔ wo nsam.
28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ: “Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena” wɔ ɛberɛ a wowɔ no saa ɛberɛ no.
Nka nkyerɛ wo yɔnko se: “Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena” wɔ bere a wowɔ no saa bere no.
29 Mpam ɔhaw mma wo yɔnko ɛberɛ a ɔne wo te yie.
Mpam ɔhaw mma wo yɔnko bere a ɔne wo te yiye.
30 Mfa ɛso nto obi so kwa ɛberɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara.
Mmɔ obi sobo kwa bere a ɔnyɛɛ wo bɔne biara ɛ.
31 Mma wʼani mmere basabasayɛfoɔ, na mfa nʼakwan no mu biara,
Mma wʼani mmere basabasayɛfo, na mfa nʼakwan no mu biara,
32 ɛfiri sɛ Awurade kyiri basabasayɛfoɔ na ɔde ne werɛ hyɛ ɔteneneeni mu.
efisɛ Awurade kyi basabasayɛfo na ɔde ne werɛ hyɛ ɔtreneeni mu.
33 Awurade nnome wɔ omumuyɛfoɔ efie so, na ɔhyira ɔteneneeni fie.
Awurade nnome wɔ omumɔyɛfo fi so, na ohyira ɔtreneeni fi.
34 Ɔdi fɛdifoɔ a wɔyɛ ahantan ho fɛ na ɔdom ahobrɛasefoɔ.
Odi fɛwdifo a wɔyɛ ahantan no ho fɛw, na ɔdom ahobrɛasefo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so no.
35 Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi, nanso nkwaseafoɔ deɛ, ɔma wɔn anim gu ase.
Anyansafo benya anuonyam adi, nanso nkwaseafo de, ɔma wɔn anim gu ase.

< Mmɛbusɛm 3 >