< Mmɛbusɛm 29 >

1 Obi a ɔkɔ so yɛ tufoanteɛ wɔ animka pii akyi no wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrentumi nsi ano.
Obi a ɔkɔ so yɛ tufoante wɔ animka pii akyi no wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrennya ano aduru.
2 Sɛ teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie; sɛ amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie.
Sɛ atreneefo di yiye a, nnipa no di ahurusi; sɛ amumɔyɛfo di nnipa so a, wusi apini.
3 Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye, nanso nnwamanfoɔ yɔnko sɛe nʼahonya.
Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye, nanso nguamanfo yɔnko sɛe nʼahonya.
4 Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ, nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no bɔ ɔman no.
Ɔhene nam atɛntrenee so ma ɔman no asomdwoe, nanso nea ɔde adifudepɛ gye adanmude no bɔ ɔman no.
5 Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no sum ne nan afidie.
Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no sum ne nan afiri.
6 Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie, nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye.
Ɔdebɔneyɛni bɔne sum no afiri, nanso ɔtreneeni betumi ato dwom ama nʼani agye.
7 Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ, nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no.
Ahiafo atɛntreneebu ho hia atreneefo, nanso amumɔyɛfo nni saa ɔtema no.
8 Fɛdifoɔ de basabasayɛ ba kuropɔn mu, nanso anyansafoɔ dwodwo abufuo ano.
Fɛwdifo de basabasayɛ ba kuropɔn mu, nanso anyansafo sianka abufuw.
9 Sɛ onyansafoɔ de ɔkwasea kɔ asɛnniiɛ a, ɔkwasea no bobom kasa di fɛ, na asomdwoeɛ mma.
Sɛ onyansafo de ɔkwasea kɔ asennii a, ɔkwasea no bobɔ mu kasa di fɛw, na asomdwoe mma.
10 Mogyapɛfoɔ kyiri ɔnokwafoɔ, na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛkum deɛ ɔtene.
Mogyapɛfo kyi ɔnokwafo, na wɔhwehwɛ sɛ wobekum nea ɔteɛ.
11 Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi, nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.
Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi, nanso onyansafo hyɛ ne ho so.
12 Sɛ sodifoɔ tie nkontomposɛm a, nʼadwumayɛfoɔ nyinaa bɛyɛ amumuyɛfoɔ.
Sɛ ɔsodifo tie nkontomposɛm a, nʼadwumayɛfo nyinaa bɛyɛ amumɔyɛfo.
13 Ohiani ne ɔhyɛsofoɔ nyinaa wɔ saa adeɛ baako yi: Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hunu adeɛ.
Ohiani ne ɔsohyɛfo nyinaa wɔ saa ade baako yi: Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hu ade.
14 Sɛ ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a, nʼahennwa bɛtim hɔ daa.
Sɛ ɔhene di ahiafo asɛm yiye a, nʼahengua betim hɔ daa.
15 Ntenesoɔ abaa ma nyansa, na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase.
Nteɛso abaa ma nyansa, na abofra a wɔde ne pɛ ma no no, gu ne na anim ase.
16 Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so, na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ.
Sɛ amumɔyɛfo di yiye a, bɔne nso kɔ so, na atreneefo behu wɔn asehwe.
17 Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ; ɔbɛma wo ɔkra ani agye.
Teɛ wo ba, na ɔbɛma wo asomdwoe; ɔbɛma wo kra ani agye.
18 Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa; na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.
Sɛ anisoadehu nni hɔ a nnipa no yɛ basaa; na nhyira nka nea odi mmara so.
19 Wɔmmfa anomu nsɛm nko ara ntene ɔsomfoɔ so, ɔte aseɛ deɛ, nanso ɔremfa.
Wɔmfa anom nsɛm kɛkɛ nteɛ ɔsomfo; ɔte ase de, nanso ɔremfa.
20 Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa? Ɔkwasea mu wɔ anidasoɔ sene no.
Wuhu obi a ɔpɛ ntɛm kasa ana? Ɔkwasea wɔ anidaso sen no.
21 Sɛ obi korɔkorɔ ne ɔsomfoɔ firi ne mmɔfraase a, awieeɛ no ɔde awerɛhoɔ na ɛbɛba.
Sɛ obi kokɔ ne somfo fi ne mmofraase a, awiei no ɔde awerɛhow na ɛbɛba.
22 Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba, na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii.
Onipa a ne bo afuw de mpaapaemu ba, na nea ne bo nkyɛ fuw no yɛ bɔne pii.
23 Onipa ahomasoɔ brɛ no ase, nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam.
Onipa ahomaso brɛ no ase, nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam.
24 Deɛ ɔboa ɔkorɔmfoɔ no ha ɔno ankasa ho. Wɔama waka ntam enti ɔsuro sɛ ɔbɛdi adanseɛ.
Nea ɔboa ɔkorɔmfo no haw ɔno ankasa ho. Wɔama waka ntam nti osuro sɛ obedi adanse.
25 Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo, na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no, wɔbɛgye no.
Onipa ho suro betumi ayɛ afiri, na nea ɔde ne ho to Awurade so no, wobegye no.
26 Bebree hwehwɛ sɛ wɔbɛnya ɔhene ne no akasa, nanso onipa nya atɛntenenee firi Awurade nkyɛn.
Bebree hwehwɛ sɛ wobenya ɔhene ne no akasa, nanso onipa nya atɛntrenee fi Awurade nkyɛn.
27 Teneneefoɔ kyiri atorofoɔ; na amumuyɛfoɔ kyiri wɔn a wɔn akwan tene.
Atreneefo kyi atorofo; na amumɔyɛfo kyi wɔn a wɔn akwan teɛ.

< Mmɛbusɛm 29 >