< Mmɛbusɛm 23 >
1 Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a, hwɛ deɛ ɛsi wʼanim no yie,
Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a, hwɛ nea esi wʼanim no yiye,
2 Sɛ woyɛ adidibrada a, hyɛ wo ho so.
Sɛ woyɛ adidibrada a, hyɛ wo ho so.
3 Nni nʼaduane akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi, ɛfiri sɛ saa aduane no daadaa nnipa.
Nni nʼaduan akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi, efisɛ saa aduan no daadaa nnipa.
4 Mmiri wo mogya ani mpɛ sika; hunu nyansa na to wo bo ase.
Mmiri wo mogya ani mpɛ sika; hu nyansa na tɔ wo bo ase.
5 Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera, ampa ara ɛbɛfu ntaban na atu akɔ ewiem sɛ ɔkɔdeɛ.
Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera, ampa ara ebefuw ntaban na atu akɔ wim sɛ ɔkɔre.
6 Nni obi a ɔyɛ pɛpɛɛ aduane nni nʼakɔnnɔ aduane akyi;
Nni obi a ɔyɛ pɛpɛe aduan, nni nʼakɔnnɔ aduan akyi;
7 ɛfiri sɛ ɔyɛ obi a ɛberɛ biara ɔdwene sika ho. Ɔka sɛ, “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ nʼakoma mu.
efisɛ ɔyɛ obi a bere biara osusuw sika ho. Ɔka se, “Didi na nom,” nanso ɛnyɛ ne koma mu.
8 Kakra a woadi no wobɛfe na ɛno enti wo nkamfo ho remma mfasoɔ.
Kakra a woadi no wobɛfe, na ɛno nti wo nkamfo so remma mfaso.
9 Nkasa nkyerɛ ɔkwasea, ɛfiri sɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.
Nkasa nkyerɛ ɔkwasea, efisɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.
10 Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ ngu, na ntra hyeɛ nkɔ nwisiaa mfuo mu,
Ntutu tete abo a wɔde ato hye ngu, na ntra ɔhye nkɔ ayisaa mfuw mu,
11 ɛfiri sɛ, wɔn Gyefoɔ yɛ den, na ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn.
efisɛ wɔn Gyefo yɛ den, na obedi wɔn asɛm ama wɔn.
12 Ma wʼakoma mmra nkyerɛkyerɛ so na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.
Ma wo koma mmra nkyerɛkyerɛ so, na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.
13 Ntwentwɛne abɔfra ntenesoɔ so; sɛ wode abaa tene no a, ɔrenwu.
Ntwentwɛn abofra nteɛso so; sɛ wode abaa teɛ no a, ɔrenwu.
14 Fa abaa twe nʼaso na gye ne kra firi owuo mu. (Sheol )
Fa abaa twe nʼaso na gye ne kra fi owu mu. (Sheol )
15 Me ba, sɛ wʼakoma hunu nyansa a, ɛnneɛ mʼakoma ani bɛgye;
Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, ɛno de, me koma ani begye;
16 sɛ wʼano ka deɛ ɛtene a me mu adeɛ nyinaa ani bɛgye.
sɛ wʼano ka nea ɛteɛ a me mu ade nyinaa ani begye.
17 Mma wʼani mmerɛ abɔnefoɔ, mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden ɛberɛ biara.
Mma wʼani mmere abɔnefo, mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden bere biara.
18 Ampa ara anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye, na wʼanidasoɔ renyɛ ɔkwa.
Ampa ara anidaso wɔ hɔ ma wo daakye, na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.
19 Me ba, tie, na hunu nyansa, ma wʼakoma mfa ɛkwan tenenee so.
Me ba, tie, na hu nyansa, ma wo koma mfa ɔkwantrenee so.
20 Mfa wo ho mmɔ akɔwensafoɔ anaasɛ wɔn a wɔpɛ ɛnam mmorosoɔ,
Mfa wo ho mmɔ akɔwensafo anaasɛ wɔn a wɔpɛ nam mmoroso ho,
21 ɛfiri sɛ, akɔwensafoɔ ne adidibradafoɔ bɛyɛ ahiafoɔ, na anikum fira wɔn ntomago.
efisɛ, akɔwensafo ne adidibradafo bɛyɛ ahiafo, na anikum fura wɔn ntamagow.
22 Tie wʼagya a ɔwoo woɔ no, na sɛ wo maame bɔ aberewa a, mmu no animtia.
Tie wʼagya a ɔwoo wo no, na sɛ wo na bɔ aberewa a, mmu no animtiaa.
23 Tɔ nokorɛ na ntɔn da; nya nyansa, ahohyɛsoɔ ne nhunumu.
Tɔ nokware na ntɔn da; nya nyansa, ahohyɛso ne nhumu.
24 Ɔteneneeni agya wɔ anigyeɛ bebree; deɛ ɔwɔ ɔba nyansafoɔ no anigye ne ho.
Ɔtreneeni agya wɔ anigye bebree; nea ɔwɔ ɔba nyansafo no ani gye ne ho.
25 Ma wʼagya ne wo maame ani nnye; ma ɔbaa a ɔwoo woɔ no nnya ahosɛpɛ.
Ma wʼagya ne wo na ani nnye; ma ɔbea a ɔwoo wo no nnya ahosɛpɛw.
26 Me ba, fa wʼakoma ma me na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,
Me ba, fa wo koma ma me na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,
27 na odwamanfoɔ yɛ amena donkudonku ɔyere sansani yɛ ɔdaadaafoɔ.
na oguamanfo yɛ amoa donkudonku ɔyere huhuni yɛ ɔdaadaafo.
28 Ɔtɛ, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafoɔ na ɔma mmarima mu atorofoɔ dɔɔso.
Ɔtɛw, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafo, na ɔma mmarima mu atorofo dɔɔso.
29 Hwan na wɔadome no? Hwan na ɔdi awerɛhoɔ? Hwan na ɔdi apereapereɛ? Hwan na ɔnwiinwii? Hwan na wapirapira hunaa? Hwan na mogya ada nʼani so?
Hena na wɔadome no? Hena na odi awerɛhow? Hena na odi aperepere? Hena na onwiinwii? Hena na ɔwɔ atape nko ara? Hena na mogya ada nʼani so?
30 Wɔn a wɔkyɛre nsã ho, na wɔka nsã a wɔafrafra hwɛ.
Wɔn a wɔkyɛ nsa ho, na wɔka nsa a wɔafrafra hwɛ.
31 Nhwɛ nsã ani kɔkɔɔ no haa, ɛberɛ a ɛretwa yerɛ yerɛ wɔ kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no.
Nhwɛ nsa ani kɔkɔɔ no haa, bere a ɛretwa yerɛw yerɛw wɔ kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no.
32 Awieeɛ no ɛka te sɛ ɔwɔ na ɛwɔ borɔ te sɛ ahurutoa.
Awiei no, ɛka te sɛ ɔwɔ na ɛwɔ bɔre te sɛ ahurutoa.
33 Wʼani bɛhunu nneɛma a wonhunuu da, na woadwene nneɛma basabasa ho.
Wʼani behu nneɛma a wunhuu da, na woadwene nneɛma basabasa ho.
34 Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a, ɔkura ɛhyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ɛdenkye denkye wɔ ɛpo so.
Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a, okura hyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ehinhim wɔ po so.
35 Na wobɛka sɛ, “Wɔbɔ me, nanso mempira. Wɔboro me, nanso mente ɔyea biara. Ɛberɛ bɛn na menyane akɔpɛ nsã anom bio?”
Na wobɛka se, “Wɔbɔ me, nanso mimpira. Wɔboro me, nanso mente ɔyaw biara. Bere bɛn na menyan akɔpɛ nsa anom bio?”