< Mmɛbusɛm 21 >

1 Ɔhene akoma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.
Ɔhene koma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɔkwan te sɛ asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.
2 Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari akoma.
Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari koma.
3 Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.
Sɛ woyɛ ade pa ne ade a ɛteɛ a, ɛsɔ Awurade ani sen afɔrebɔ.
4 Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma, ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne!
Ani a ɛtra ntɔn ne ahomaso koma, ne amumɔyɛfo asetena nyinaa yɛ bɔne!
5 Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.
Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, sɛnea ntɛmpɛ kowie ohia no.
6 Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no yɛ huhuro ne owuo afidie.
Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no, ɛyɛ omununkum a etwa mu kɔ, na ɛsan yɛ owu afiri.
7 Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.
Amumɔyɛfo basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ, efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ.
8 Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.
Onipa a odi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, na nea ne ho nni asɛm no nneyɛe teɛ.
9 Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena yɛ sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.
Suhyɛ twɔtwɔw ase baabi tena ye sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.
10 Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne; ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.
Omumɔyɛfo kɔn dɔ bɔne; onni ahummɔbɔ mma ne yɔnko.
11 Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa, sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.
Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo hu nyansa, sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafo a, onya nimdeɛ.
12 Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso wɔ omumuyɛfoɔ fie na ɔde omumuyɛfoɔ no kɔ ɔsɛeɛ mu.
Ɔtreneeni no hu nea ɛrekɔ so wɔ omumɔyɛfo fi, na ɔde omumɔyɛfo no kɔ ɔsɛe mu.
13 Sɛ onipa sisi nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.
Sɛ onipa sisiw nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a, ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.
14 Kokoam adekyɛ dwodwo akoma, kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ.
Kokoa mu adekyɛ dwudwo koma, kɛtɛasehyɛ nso pata abufuwhyew.
15 Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ.
Sɛ wubu atɛntrenee a, atreneefo ani gye, nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefo.
16 Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.
Onipa a ɔman fi nhumu kwan so no bɛhome wɔ awufo fekuw mu.
17 Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani; deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da.
Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani; nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da.
18 Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ, na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
Amumɔyɛfo de wɔn nkwa to hɔ ma atreneefo, na atorofo yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
19 Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.
Eye sɛ wobɛtena sare so, sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo a ne koma haw no no bɛtena.
20 Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma, nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.
Nnuan pa ne ngo ayɛ onyansafo fi ma, nanso ɔkwasea di nea ɔwɔ nyinaa.
21 Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.
Nea otiw trenee ne ɔdɔ no nya nkwa, yiyedi ne anuonyam.
22 Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam.
Onyansafo tow hyɛ ahoɔdenfo kuropɔn so, na odwiriw abandennen a wɔn werɛ hyɛ mu no gu fam.
23 Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no ɔtwe ne ho firi amanenya ho.
Nea ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no twe ne ho fi amanenya ho.
24 Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛdifoɔ” ɔde ahantan ntrasoɔ yɛ adeɛ.
Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛwdifo” ɔde ahantan ntraso yɛ ade.
25 Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no, ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.
Nea ɔkwadwofo kɔn dɔ no bɛyɛ owu ama no, efisɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.
26 Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree, nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho.
Da mu nyinaa ɔpere sɛ obenya bebree, nanso ɔtreneeni de, ɔma a ɔnnodow ho.
27 Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.
Omumɔyɛfo afɔrebɔ yɛ akyiwade, ne titiriw ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.
28 Adansekurumdini bɛyera, na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no.
Ɔdansekurumni bɛyera, na wɔbɛsɛe obiara a otie no no nso.
29 Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.
Amumɔyɛfo di akakabensɛm, na ɔtreneeni de, osusuw nʼakwan ho.
30 Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.
Nyansa, nhumu ne nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi ayɛ yiye atia Awurade.
31 Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da, nanso nkonimdie yɛ Awurade dea.
Wosiesie apɔnkɔ ma ɔko da, nanso nkonimdi yɛ Awurade dea.

< Mmɛbusɛm 21 >