< Mmɛbusɛm 15 >

1 Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.
शांतीच्या उत्तराने राग निघून जातो, पण कठोर शब्दामुळे राग उत्तेजित होतो.
2 Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ, nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.
सुज्ञाची जिव्हा सुज्ञानाची प्रशंसा करते, पण मूर्खाचे मुख मूर्खपणा ओतून टाकते.
3 Awurade ani hunu baabiara, na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.
परमेश्वराचे नेत्र सर्वत्र असतात, ते चांगले आणि वाईट पाहत असतात.
4 Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua, nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.
आरोग्यदायी जीभ जीवनाचा वृक्ष आहे, परंतु कपटी जीभ आत्म्याला चिरडणारी आहे.
5 Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.
मूर्ख आपल्या वडिलांचे शिक्षण तुच्छ लेखतो, पण जो विवेकी आहे तो चुकीतून सुधारतो.
6 Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie, nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn.
नीतिमानाच्या घरात मोठे खजिने आहेत, पण दुष्टाची कमाई त्यास त्रास देते.
7 Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu; nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ.
ज्ञानाचे ओठ विद्येविषयीचा प्रसार करते, पण मूर्खाचे हृदय असे नाही.
8 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ, nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani.
दुष्टाच्या अर्पणाचा परमेश्वर द्वेष करतो, पण सरळांची प्रार्थना त्याचा आनंद आहे.
9 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan, nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee.
दुष्टांच्या मार्गाचा परमेश्वरास वीट आहे, पण जे नीतीचा पाठलाग करतात त्यांच्यावर तो प्रीती करतो.
10 Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so, deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu.
१०जो कोणी मार्ग सोडतो त्याच्यासाठी कठोर शासन तयार आहे, आणि जो कोणी सुधारणेचा तिरस्कार करतो तो मरेल.
11 Owuo ne Ɔsɛeɛ da Awurade anim, na nnipa akoma mu deɛ, ɔnim ma ɛboro so. (Sheol h7585)
११अधोलोक आणि विनाशस्थान परमेश्वरापुढे उघडे आहे; तर मग मनुष्यजातीच्या वंशाची अंतःकरणे त्याच्या दृष्टीपुढे किती जास्त असली पाहिजेत? (Sheol h7585)
12 Ɔfɛdifoɔ mpɛ ntenesoɔ; ɔnnkɔbisa anyansafoɔ hwee.
१२निंदकाला शिक्षेची चीड येते; तो सुज्ञाकडे जात नाही.
13 Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere, na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.
१३आनंदी हृदय मुख आनंदित करते, पण हृदयाच्या दुःखाने आत्मा चिरडला जातो.
14 Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.
१४बुद्धिमानाचे हृदय ज्ञान शोधते, पण मूर्खाचे मुख मूर्खताच खाते.
15 Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ, nanso anigyeɛ akoma wɔ daa ahosɛpɛ mu.
१५जुलूम करणाऱ्याचे सर्व दिवस दुःखकारक असतात, पण आनंदी हृदयाला अंत नसलेली मेजवाणी आहे.
16 Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛ sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.
१६पुष्कळ धन असून त्याबरोबर गोंधळ असण्यापेक्षा ते थोडके असून परमेश्वराचे भय बाळगणे चांगले आहे.
17 Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛ sene nantwie sradenam a ɔtan bata ho.
१७पोसलेल्या वासराच्या तिरस्कारयुक्त मेजवाणीपेक्षा, जेथे प्रेम आहे तेथे भाजीभाकरी चांगली आहे.
18 Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba, nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.
१८रागीट मनुष्य भांडण उपस्थित करतो, पण जो रागास मंद आहे तो मनुष्य भांडण शांत करतो.
19 Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi, nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn.
१९आळशाची वाट काटेरी कुंपणासारखी आहे, पण सरळांची वाट राजमार्ग बनते.
20 Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.
२०शहाणा मुलगा आपल्या वडिलांना आनंदीत करतो. पण मूर्ख मनुष्य आपल्या आईला तुच्छ मानतो.
21 Agyimisɛm ma deɛ ɔnni adwene ani gye, nanso deɛ ɔwɔ nteaseɛ no fa ɛkwan a ɛtene so.
२१बुद्धिहीन मनुष्य मूर्खपणात आनंद मानतो. पण जो समंजस आहे तो सरळ मार्गाने जातो.
22 Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe, nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie.
२२जेथे सल्ला नसतो तेथे योजना बिघडतात, पण पुष्कळ सल्ला देणाऱ्यांबरोबर ते यशस्वी होतात.
23 Onipa a ɔma mmuaeɛ a ɛfata no ani gye, asɛm a ɛba berɛ pa mu no nso yɛ.
२३मनुष्यास आपल्या तोंडच्या समर्पक उत्तराने आनंद होतो; आणि योग्यसमयीचे शब्द किती चांगले आहे!
24 Onyansafoɔ asetena mu kwan ma no nkɔsoɔ ɛsi ne da mu korɔ ho ɛkwan. (Sheol h7585)
२४सुज्ञाने खाली अधोलोकास जाऊ नये म्हणून त्याचा जीवनमार्ग वर जातो. (Sheol h7585)
25 Awurade sɛe ɔhantanni fie na ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ.
२५परमेश्वर गर्विष्ठांची मालमत्ता फाडून काढेल, परंतु तो विधवेच्या मालमत्तेचे रक्षण करतो.
26 Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ.
२६परमेश्वर पाप्यांच्या विचारांचा द्वेष करतो, पण दयेची वचने त्याच्या दुष्टीने शुद्ध आहेत.
27 Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.
२७चोरी करणारा आपल्या कुटुंबावर संकटे आणतो, पण जो लाचेचा तिटकारा करतो तो जगेल.
28 Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ, nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.
२८नीतिमान उत्तर देण्याआधी विचार करतो, पण दुष्टाचे मुख सर्व वाईट ओतून बाहेर टाकते.
29 Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ.
२९परमेश्वर दुष्टांपासून खूप दूर आहे, पण तो नीतिमानांच्या प्रार्थना नेहमी ऐकतो.
30 Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka, na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.
३०नेत्राचा प्रकाश अंतःकरणाला आनंद देतो, आणि चांगली बातमी शरीराला निरोगी आहे.
31 Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase.
३१जर कोणीतरी तुम्हास जीवन कसे जगावे म्हणून सुधारतो त्याकडे लक्ष द्या, तुम्ही ज्ञानामध्ये रहाल.
32 Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu.
३२जो कोणी शिक्षण नाकारतो तो आपल्या स्वत: लाच तुच्छ लेखतो, परंतु जो कोणी शासन ऐकून घेतो तो ज्ञान मिळवतो.
33 Awurade suro kyerɛ onipa nyansa, ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.
३३परमेश्वराचे भय हे सुज्ञतेचे शिक्षण देते, आणि आदरापूर्वी नम्रता येते.

< Mmɛbusɛm 15 >