< Mmɛbusɛm 14 >
1 Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan, nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.
Ɔbea nyansafo si ne dan, nanso ɔbea kwasea de nʼankasa ne nsa dwiriw ne de gu fam.
2 Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade, na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.
Nea ne nantew teɛ no suro Awurade, na nea nʼakwan kyea no bu no animtiaa.
3 Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban.
Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa, nanso anyansafo ano bɔ wɔn ho ban.
4 Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan, na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba.
Faako a anantwi nni no, adididaka no mu da mpan, na nantwi ahoɔden mu na nnɔbae pii fi ba.
5 Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa, ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ.
Ɔdanseni nokwafo rennaadaa, ɔdansekurumni hwie atoro gu hɔ.
6 Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya, nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm.
Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa nanso onya, nanso wɔn a wɔwɔ nhumu nya nimdeɛ ntɛm.
7 Twe wo ho firi ɔkwasea ho, ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano.
Twe wo ho fi ɔkwasea ho, efisɛ, worennya nimdeɛ mfi nʼano.
8 Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.
Anitewfo nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho, na nkwaseafo agyimisɛm yɛ nnaadaa.
9 Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ, na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ.
Nkwaseafo de bɔne ho adwensakra di fɛw, na wɔn a wɔteɛ mu na anisɔ wɔ.
10 Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu, na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.
Koma biara nim ɔyaw wɔ ne mu, na obi foforo rentumi ne no nkyɛ nʼanigye.
11 Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie, nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.
Wɔbɛsɛe amumɔyɛfo fi, nanso teefo ntamadan bɛyɛ frɔmfrɔm.
12 Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so, nanso ɛkɔwie owuo mu.
Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so, nanso awiei no, ɛkɔ owu mu.
13 Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea, na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ.
Ɔserew mu mpo, koma tumi di yaw, na anigye tumi wie awerɛhow.
14 Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ, na onipa pa nso bɛnya ne deɛ.
Akyirisanfo benya akatua sɛnea wɔn akwan te, na onipa pa nso benya ne de.
15 Atetekwaa gye biribiara di, nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho.
Atetekwaa gye biribiara di, nanso onitefo dwene nʼanammɔntu ho.
16 Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.
Onyansafo suro Awurade na oguan bɔne, nanso ɔkwasea yɛ asowui ne basabasa.
17 Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ, na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no.
Onipa a ne bo nkyɛ fuw no yɛ nkwaseade, na wɔtɔn nea ɔpam apam bɔne no.
18 Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie, na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.
Ntetekwaafo agyapade ne gyimi, na wɔde nimdeɛ bɔ anitewfo abotiri.
19 Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim, na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.
Nnipa bɔnefo bɛkotow nnipa pa anim, na amumɔyɛfo akotow atreneefo apon ano.
20 Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree.
Ahiafo de, wɔn yɔnkonom mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ, nanso adefo wɔ nnamfonom bebree.
21 Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie.
Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira nka nea ne yam ye ma ohiani.
22 Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa? Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ.
So wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne nyera kwan ana? Nanso wɔn a wɔhyehyɛ nea eye no nya adɔe ne nokware.
23 Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba, na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.
Adwumadenyɛ nyinaa de mfaso ba, na kasahunu de, ɛkɔ ohia mu.
24 Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire, na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba.
Anyansafo ahonya ne wɔn abotiri, na nkwaseafo agyimisɛm sow gyimi aba.
25 Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa, nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ.
Ɔdanseni nokwafo gye nkwa, nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafo.
26 Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den, na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.
Nea osuro Awurade no wɔ bammɔ a mu yɛ den, na ɛbɛyɛ guankɔbea ama ne mma.
27 Awurade suro yɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
Awurade suro yɛ nkwa asuti, eyi onipa fi owu afiri mu.
28 Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam, nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.
Ɔman mu nnipa dodow yɛ ɔhene anuonyam, nanso sɛ asomfo nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.
29 Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ, na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
Onipa a ɔwɔ abodwokyɛre wɔ ntease a mu dɔ, na nea ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.
30 Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa, na anibereɛ ma nnompe porɔ.
Koma mu asomdwoe ma nipadua nkwa, na anibere ma nnompe porɔw.
31 Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa, nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.
Nea ɔhyɛ ahiafo so no bu wɔn Yɛfo animtiaa, nanso nea ohu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn anuonyam.
32 Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase, nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea.
Sɛ amanehunu ba a amumɔyɛfo hwe ase, nanso owu mu mpo atreneefo wɔ guankɔbea.
33 Nyansa te nteaseɛ akoma mu, na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi.
Nyansa te ntease koma mu, na nkwaseafo mu mpo, oyi ne ho adi.
34 Tenenee pagya ɔman na bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara.
Trenee pagyaw ɔman, na bɔne yɛ animguase ma nnipa nyinaa.
35 Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani, na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.
Ɔhene ani sɔ ɔsomfo nyansani, na ɔsomfo nimguasefo hyɛ no abufuw.