< Mmɛbusɛm 13 >
1 Ɔba nyansafoɔ tie nʼagya nkyerɛkyerɛ; na ɔfɛdifoɔ ntie animka.
Ɔba nyansafo tie nʼagya nkyerɛkyerɛ; na ɔfɛwdifo ntie animka.
2 Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ, na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn dɔ basabasayɛ.
Nneɛma pa a efi onipa anom no ma no anigye, na wɔn a wonni nokware no kɔn dɔ kitikitiyɛ.
3 Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so, nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu.
Nea ɔkora nʼano no kora ne nkwa so, nanso nea ɔkasa a onsusuw ho no bɛba ɔsɛe mu.
4 Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee, na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.
Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee, na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara.
5 Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ, nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba.
Atreneefo kyi nea ɛnyɛ nokware, nanso amumɔyɛfo de aniwu ne ahohora ba.
6 Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban, na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu.
Trenee bɔ ɔnokwafo ho ban, na amumɔyɛsɛm tu ɔbɔnefo gu.
7 Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee, ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree.
Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefo, a nso onni hwee, ɔfoforo yɛ ne ho sɛ ohiani, nso ɔwɔ ahonya bebree.
8 Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara.
Obi ahonya betumi agye no nkwa, nanso ohiani nte ahunahuna biara.
9 Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara, nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea.
Atreneefo kanea hyerɛn pa ara, nanso wodum amumɔyɛfo kanea.
10 Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba, na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu.
Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba, na wohu nyansa wɔ wɔn a wotie afotu mu.
11 Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so, na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.
Ahonya a ɛnam ɔkwammɔne so no hwere ntɛm so, na nea ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.
12 Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ, nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua.
Anidaso a wotu hyɛ da no bɔ koma ɔyare, nanso anigyinade a nsa aka no yɛ nkwadua.
13 Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka, nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua.
Nea otwiri akwankyerɛ no betua so ka, nanso wɔma nea ɔde obu ma mmara no akatua.
14 Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire, ɛyi onipa firi owuo afidie mu.
Onyansafo nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asuti, eyi onipa fi owu afiri mu.
15 Nhunumu pa de adom ba, nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den.
Nhumu pa de adom ba, nanso atorofo akwan so yɛ den.
16 Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu, nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.
Ɔbadwemma biara yɛ nʼade wɔ nimdeɛ mu, nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.
17 Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ tɔ amaneɛ mu, nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba.
Ɔsomafo mumɔyɛfo tɔ amane mu, nanso ɔnanmusini nokwafo de abodwo ba.
18 Deɛ ɔpo ntenesoɔ no kɔ ohia ne animguaseɛ mu, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no, wɔhyɛ no animuonyam.
Nea ɔpo nteɛso no kɔ ohia ne animguase mu, na wɔhyɛ nea otie nteɛso no anuonyam.
19 Akɔnnɔdeɛ a nsa aka ma ɔkra ani gye, nanso nkwaseafoɔ kyiri sɛ wɔtwe wɔn ho firi bɔne ho.
Akɔnnɔde a nsa aka ma ɔkra ani gye, nanso nkwaseafo kyi sɛ wɔtwe wɔn ho fi bɔne ho.
20 Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.
Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa, na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane.
21 Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi, na nkɔsoɔ yɛ teneneeni akatua.
Ɔhaw di ɔbɔnefo akyi, na nkɔso yɛ ɔtreneeni akatua.
22 Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom, na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.
Onipa pa de agyapade gyaw ne nenanom, na wɔkora ɔbɔnefo ahonyade so ma ɔtreneeni.
23 Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii, nanso ntɛnkyea pra kɔ.
Ohiani afum nnɔbae tumi ba pii, nanso ntɛnkyew pra kɔ.
24 Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba, na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no.
Nea ɔkyɛe nʼabaa so no tan ne ba, na nea ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛteɛ no.
25 Teneneefoɔ didi ma wɔn akoma mee nanso, ɛkɔm de amumuyɛfoɔ.
Atreneefo didi ma wɔn koma mee, nanso ɔkɔm de amumɔyɛfo.