< Mmɛbusɛm 12 >
1 Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ, na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ.
Whoever loves discipline loves knowledge, but he who hates correction is stupid.
2 Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom, na Awurade bu onifirani fɔ.
The good man obtains favor from the LORD, but the LORD condemns a man who devises evil.
3 Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim, na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase.
A man cannot be established through wickedness, but the righteous cannot be uprooted.
4 Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ, nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.
A wife of noble character is her husband’s crown, but she who causes shame is like decay in his bones.
5 Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ, na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa.
The plans of the righteous are just, but the counsel of the wicked leads to deceit.
6 Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya, na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu.
The words of the wicked lie in wait for blood, but the speech of the upright rescues them.
7 Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera, nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn.
The wicked are overthrown and perish, but the house of the righteous will stand.
8 Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛ na nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.
A man is praised according to his wisdom, but a twisted mind is despised.
9 Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ, sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane.
Better to be lightly esteemed yet have a servant, than to be self-important but lack food.
10 Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ, na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden.
A righteous man regards the life of his animal, but the tender mercies of the wicked are only cruelty.
11 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree, na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene.
The one who works his land will have plenty of food, but whoever chases fantasies lacks judgment.
12 Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ, nanso ɔteneneeni ase dɔre.
The wicked desire the plunder of evil men, but the root of the righteous flourishes.
13 Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie, nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu.
An evil man is trapped by his rebellious speech, but a righteous man escapes from trouble.
14 Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no ma sɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no.
By fruitful speech a man is filled with good things, and the work of his hands returns to him.
15 Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so, na ɔnyansafoɔ tie afotuo.
The way of a fool is right in his own eyes, but a wise man listens to counsel.
16 Ɔkwasea bo nkyɛre fu, nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.
A fool’s anger is known at once, but a prudent man overlooks an insult.
17 Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo, na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo.
He who speaks the truth declares what is right, but a false witness speaks deceit.
18 Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofena nanso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.
Speaking rashly is like a piercing sword, but the tongue of the wise brings healing.
19 Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa, na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.
Truthful lips endure forever, but a lying tongue lasts only a moment.
20 Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu, na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ.
Deceit is in the hearts of those who devise evil, but the counselors of peace have joy.
21 Ɔhaw biara rento ɔteneneeni, nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.
No harm befalls the righteous, but the wicked are filled with trouble.
22 Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ, na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.
Lying lips are detestable to the LORD, but those who deal faithfully are His delight.
23 Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawuro na nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.
A shrewd man keeps his knowledge to himself, but a foolish heart proclaims its folly.
24 Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi, nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.
The hand of the diligent will rule, but laziness ends in forced labor.
25 Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto, nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.
Anxiety weighs down the heart of a man, but a good word cheers it up.
26 Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu, nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.
A righteous man is cautious in friendship, but the ways of the wicked lead them astray.
27 Onihafoɔ ntoto ne hanam, nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn.
A lazy man does not roast his game, but a diligent man prizes his possession.
28 Tenenee kwan mu wɔ nkwa; na owuo nni saa ɛkwan no so.
There is life in the path of righteousness, but another path leads to death.