< Mmɛbusɛm 10 >
1 Salomo mmɛbusɛm: Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ.
Salomo mmebusɛm: Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.
2 Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ, nanso tenenee gye onipa firi owuo mu.
Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo, nanso trenee gye onipa fi owu mu.
3 Awurade remma ɛkɔm nne ɔteneneeni na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu.
Awurade remma ɔkɔm nne ɔtreneeni na omumɔyɛfo de, ɔka nʼadepa gu.
4 Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.
Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfo nsa de ahonya ba.
5 Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni.
Nea ɔboaboa nnɔbae ano wɔ ahuhurubere no yɛ ɔba nyansafo na nea ɔda wɔ twabere mu no yɛ ɔba nimguaseni.
6 Teneneefoɔ hyɛ nhyira kyɛ na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.
Atreneefo hyɛ nhyira kyɛw na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.
7 Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na omumuyɛfoɔ din bɛporɔ.
Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na omumɔyɛfo din bɛporɔw.
8 Akoma mu nyansafoɔ tie ɔhyɛ nsɛm, na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.
Koma mu nyansafo tie ɔhyɛ nsɛm, na ɔkwasea kasafo hwe ase.
9 Ɔnokwafoɔ nante dwoodwoo, na deɛ ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.
Ɔnokwafo nantew dwoodwoo, na nea ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.
10 Deɛ ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba, na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.
Nea ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba, na ɔkwasea kasafo hwe ase.
11 Ɔteneneeni anom yɛ nkwa asutire, na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.
Ɔtreneeni anom yɛ nkwa asuti, na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.
12 Ɔtan hwanyan mpaapaemu, nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.
Ɔtan kanyan mpaapaemu, nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.
13 Wohunu nyansa wɔ nhunumufoɔ anom, na abaa fata deɛ ɔnni atemmuo akyi.
Wohu nyansa wɔ nhumufo anom, na abaa fata nea onni adwene akyi.
14 Anyansafoɔ kora nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ.
Anyansafo kora nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.
15 Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ.
Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe.
16 Ateneneefoɔ akatua de nkwa brɛ wɔn, na deɛ amumuyɛfoɔ nya no de asotwe brɛ wɔn.
Atreneefo akatua de nkwa brɛ wɔn, na nea amumɔyɛfo nya no de asotwe brɛ wɔn.
17 Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan, na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan.
Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan, na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.
18 Deɛ ɔkata nitan soɔ no yɛ ɔtorofoɔ, na deɛ ɔdi nsekuro no yɛ ɔkwasea.
Nea ɔkata nitan so no yɛ ɔtorofo, na nea odi nseku no yɛ ɔkwasea.
19 Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu, na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ.
Mfomso mpa ɔkasa bebree mu, na nea ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafo.
20 Ɔteneneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ amapa nanso omumuyɛfoɔ akoma nni boɔ.
Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ ankasa nanso omumɔyɛfo koma nni bo.
21 Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane, na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu.
Atreneefo ano ma bebree aduan, na atemmu a nkwaseafo nni nti wowuwu.
22 Awurade nhyira de ahonya ba, na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho.
Awurade nhyira de ahonya ba, na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho.
23 Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea, nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu.
Bɔneyɛ yɛ anigyede ma ɔkwasea, nanso nea ɔwɔ nimdeɛ anigye wɔ nyansa mu.
24 Deɛ amumuyɛfoɔ suro no bɛba wɔn so; na deɛ teneneefoɔ pɛ no, wɔde bɛma wɔn.
Nea amumɔyɛfo suro no bɛba wɔn so; na nea atreneefo pɛ no, wɔde bɛma wɔn.
25 Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera, nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
Sɛ ahum no betwa mu a, amumɔyɛfo yera, nanso atreneefo gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
26 Sɛdeɛ nsã kekakeka ka ɛse, na wisie kɔ ani no, saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ ma wɔn a wɔsoma noɔ.
Sɛnea nsa keka ɛse, na wusiw kɔ aniwa no, saa ara na ɔkwadwofo yɛ ma wɔn a wɔsoma no.
27 Awurade suro ma nkwa tenten, nanso wɔtwa amumuyɛfoɔ nkwa so.
Awurade suro ma nkwa tenten, nanso wotwa amumɔyɛfo nkwa so.
28 Teneneefoɔ anidasoɔ de ahotɔ ba, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ nkɔsi hwee.
Atreneefo anidaso de ahotɔ ba, nanso amumɔyɛfo anidaso nkosi hwee.
29 Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni, nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne.
Awurade kwan yɛ guankɔbea ma ɔtreneeni, nanso ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn a wɔyɛ bɔne.
30 Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da, nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so.
Wɔrentɔre atreneefo ase da, nanso amumɔyɛfo renka asase no so.
31 Nyansa firi teneneeni anom ba nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no wɔbɛtwa atwene.
Nyansa fi ɔtreneeni anom ba nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no, wobetwa akyene.
32 Teneneefoɔ ano nim adeɛ a ɛfata na omumuyɛfoɔ ano nim deɛ ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.
Ɔtreneeni ano nim ade a ɛfata na omumɔyɛfo ano nim nea ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.