< Filipifoɔ 1 >

1 Nwoma yi firi Paulo ne Timoteo a wɔyɛ Kristo Yesu nkoa nkyɛn, Yɛde kɔma Yesu Kristo mu ahotefoɔ ne ahwɛfoɔ ne asomafoɔ a wɔwɔ Filipi no nyinaa:
Paul and Timotheus, the servants of Jesus Christ, to all the saints in Christ Jesus which are at Philippi, with the bishops and deacons:
2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
Grace be to you, and peace, from God our Father, and from the Lord Jesus Christ.
3 Ɛberɛ biara a mekae mo no, meda Onyankopɔn ase.
I thank my God on every remembrance of you,
4 Saa ara nso na da biara mede anigyeɛ bɔ mpaeɛ ma mo,
Always in every prayer of my for you all making request with joy,
5 ɛfiri sɛ, ɛfiri da a ɛdi ɛkan de bɛsi sɛsɛɛ no, moaboa me wɔ asɛmpaka no adwumayɛ mu.
For your fellowship in the gospel from the first day until now;
6 Yei enti, megye di yie sɛ, Onyankopɔn a ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ saa adwuma pa yi wɔ mo mu no bɛkɔ so de akɔsi da a Yesu Kristo bɛba no.
Being confident of this very thing, that he which has begun a good work in you will perform it until the day of Jesus Christ:
7 Sɛdeɛ mo ho adwene pa wɔ me tirim no enti, sɛ daa mekae mo a, na ne kwan so ara ne no. Ɛfiri sɛ, sɛ meda mpɔkyerɛ mu, anaasɛ mede me ho na mereka Asɛmpa no a, mo nyinaa ne me nya Onyankopɔn adom.
Even as it is meet for me to think this of you all, because I have you in my heart; inasmuch as both in my bonds, and in the defense and confirmation of the gospel, you all are partakers of my grace.
8 Onyankopɔn ankasa di me adanseɛ sɛ mʼani agyina mo wɔ Yesu Kristo ɔdɔ mu.
For God is my record, how greatly I long after you all in the bowels of Jesus Christ.
9 Me mpaeɛ a mebɔ ma mo ne sɛ, ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho no mu bɛyɛ den, na mobɛnyini wɔ nimdeɛ ne nteaseɛ mu,
And this I pray, that your love may abound yet more and more in knowledge and in all judgment;
10 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu deɛ ɛyɛ na da a Kristo bɛba no, moayɛ kronn a obi nka asɛm bi ntia mo.
That you may approve things that are excellent; that you may be sincere and without offense till the day of Christ.
11 Nneɛma pa a Yesu Kristo no nko bɛtumi de ama mo no bɛhyɛ mo abrabɔ ma de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, akamfo no.
Being filled with the fruits of righteousness, which are by Jesus Christ, to the glory and praise of God.
12 Anuanom, mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ nneɛma a aba me so nyinaa aboa ama Asɛmpa no atrɛ.
But I would you should understand, brothers, that the things which happened to me have fallen out rather to the furtherance of the gospel;
13 Ɛno enti, awɛmfoɔ a wɔwɔ ahemfie ha ne afoforɔ a wɔka wɔn ho no nyinaa nim sɛ, ɛsiane sɛ meyɛ Kristo ɔsomfoɔ no enti na meda afiase.
So that my bonds in Christ are manifest in all the palace, and in all other places;
14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoɔduru so a wɔnsuro hwee.
And many of the brothers in the Lord, waxing confident by my bonds, are much more bold to speak the word without fear.
15 Ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforɔ, na afoforɔ nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm.
Some indeed preach Christ even of envy and strife; and some also of good will:
16 Wɔn a wɔde adwene pa ka asɛm no firi ɔdɔ mu na ɛka, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Onyankopɔn asɛm enti na meda afiase.
The one preach Christ of contention, not sincerely, supposing to add affliction to my bonds:
17 Afoforɔ a wɔnam nitan ne ntɔkwapɛ so ka asɛm no nso dwene sɛ wɔnam saa kwan yi so bɛma mʼahohiahia aboro so wɔ mʼafiase nna yi mu.
But the other of love, knowing that I am set for the defense of the gospel.
18 Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye,
What then? notwithstanding, every way, whether in pretense, or in truth, Christ is preached; and I therein do rejoice, yes, and will rejoice.
19 ɛfiri sɛ, menim sɛ mo mpaeɛbɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no enti, wɔbɛgyaa me.
For I know that this shall turn to my salvation through your prayer, and the supply of the Spirit of Jesus Christ,
20 Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam.
According to my earnest expectation and my hope, that in nothing I shall be ashamed, but that with all boldness, as always, so now also Christ shall be magnified in my body, whether it be by life, or by death.
21 Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo yɛ me mfasoɔ.
For to me to live is Christ, and to die is gain.
22 Nanso sɛ mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho wɔ mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo.
But if I live in the flesh, this is the fruit of my labor: yet what I shall choose I know not.
23 Yei adi me aniani. Pɛ na mepɛ sɛ metu firi ewiase ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ, ɛno mmom na ɛyɛ;
For I am in a strait between two, having a desire to depart, and to be with Christ; which is far better:
24 nanso mo enti, sɛ mete ase nso a, anka ɛyɛ.
Nevertheless to abide in the flesh is more needful for you.
25 Menim sɛ me ho hia wɔ asase yi so ha; ɛno enti, megye di sɛ mɛtena ha kakra na maboa mo ama moanyini wɔ gyidie mu anya anigyeɛ.
And having this confidence, I know that I shall abide and continue with you all for your furtherance and joy of faith;
26 Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.
That your rejoicing may be more abundant in Jesus Christ for me by my coming to you again.
27 Seesei, adeɛ a ɛho hia me ne sɛ, biribiara a ɛbɛto mo no, momma mo abrabɔ mfata Kristo Asɛmpa no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ yɛhyia o, sɛ yɛanhyia o, mɛte mo ho asɛm pa sɛ mogyina pintinn na mokura botaeɛ korɔ ne gyidie korɔ wɔ Asɛmpa no ho.
Only let your conversation be as it becomes the gospel of Christ: that whether I come and see you, or else be absent, I may hear of your affairs, that you stand fast in one spirit, with one mind striving together for the faith of the gospel;
28 Monnsuro mo atamfoɔ. Biribiara a mobɛyɛ no, momfa akokoɔduru nnyina pintinn. Na yei bɛdi adanseɛ sɛ wɔbɛdi nkoguo na moadi nkonim, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ka mo ho.
And in nothing terrified by your adversaries: which is to them an evident token of perdition, but to you of salvation, and that of God.
29 Na mo deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ monni Kristo akyi nko, na mmom, sɛ mobɛhunu amane nso.
For to you it is given in the behalf of Christ, not only to believe on him, but also to suffer for his sake;
30 Afei mobɛtumi ne me abom ako ɔko a mereko no. Saa ɔko yi na ɛberɛ a atwam no, mekoeɛ no, na megu so reko sɛdeɛ mote no no.
Having the same conflict which you saw in me, and now hear to be in me.

< Filipifoɔ 1 >