< Filipifoɔ 4 >

1 Enti, anuanom, medɔ mo na mʼani agyina mo. Moama me ho asane me enti me nso mede mo hoahoa me ho. Adɔfonom, saa na ɛsɛ sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu.
為此,我所親愛的和所懷念的弟兄,我的喜樂和我的冠冕,我可愛的諸位! 你們應這樣屹占在主內。
2 Euodia ne Sintike, mesrɛ mo, montena ase sɛ anuanom wɔ Awurade mu.
我奉勸厄敖狄雅和欣提赫,要在主內有同樣的心情。
3 Na wo nso a woka me ho a megye wo di no, mepɛ sɛ woboa saa mmaa yi, ɛfiri sɛ, wɔde wɔn ahoɔden nyinaa aboa me ama Asɛmpa no mu atrɛ a Klemens ne mʼahokafoɔ bi a wɔn din hyɛ Onyankopɔn nkwa nwoma no mu no nso ka ho.
至於你,我忠誠的同伴,我也求你援助她們,因為她們曾伴隨我為福音而奮鬥,與克肋孟以及我的其他的同事一樣,他們的名字已寫在生命冊上了。
4 Meka ti mu bio sɛ daa monnya ahosɛpɛ wɔ Awurade mu; mo ho nsɛpɛ mo.
你們在主內應常常喜樂,我再說:你們應當喜樂!
5 Mommrɛ mo ho ase mma nnipa nyinaa. Ɛrenkyɛre, Awurade bɛba.
你們的寬仁應當叫眾人知道:主快來了。
6 Mommma biribiara nha mo. Daa, mo nkotosrɛ ne aseda mpaeɛbɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnuru Onyankopɔn anim.
你們什麼也不要掛慮,只在一切事上,以懇求和祈禱,懷著感謝之心,向天父呈上你們的請求;
7 Na Onyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra adeɛ nyinaa so no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene so wɔ Kristo Yesu mu.
這樣,天主那超乎各種意想的平安,必要在基督耶穌內固守你們的人思念慮。
8 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ ɛwɔ animuonyam, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛwɔ ɔdɔ, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayɛyie bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na monnwene.
此外弟兄們! 凡是真實的,凡是高尚的,凡是純潔的,凡是可愛的,凡是榮譽的,不管是美德,不管是稱譽:這一切你們都該思念:
9 Deɛ moasua na moanya afiri me nkyɛn wɔ nsɛm ne nneyɛeɛ mu no na monyɛ. Na Onyankopɔn a ɔma yɛn asomdwoeɛ no bɛka mo ho.
凡你們在我身上所學得的,所領受的,所聽到的,所看到的:這一切你們都該實行:這樣,賜平安的天主必與你們同在。
10 Mʼani gye wɔ Awurade mu sɛ afei deɛ moakyerɛ ɔdɔ a mode dɔ me. Ɛyɛ nokorɛ sɛ modɔ me deɛ, nanso na monnya ho ɛkwan nkyerɛ saa.
再者,我在主內非常喜歡,因為你們對我的關心又再次表現出來,始終是關心我,只不過缺少表現的機會。
11 Menka saa asɛm yi nkyerɛ sɛ ahia me, ɛfiri sɛ, me suahunu enti tebea biara a mekɔ mu no, ɛnha me.
我說這話,並不是由於貧乏,因為我已學會了,在所處的環中常常知足。
12 Menim ohia, nim ahonya, Masua saa ahintasɛm yi enti baabiara ne ɛberɛ biara, sɛ ɛkɔm de me anaa mamee, sɛ mewɔ bebree anaa kakra bi no, mepɛ no saa ara.
我也知道受窮,也知道享受;在各樣事上和各種環中,或飽飫,或饑餓,或富裕,或貧乏,我都得了秘訣。
13 Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.
我賴加強我力量的那位,能應付一切。
14 Ɛyɛ sɛ moboaa me wɔ mʼamanehunu mu.
但是,你們也實在做的好,因為分擔了我的困苦。
15 Mo Filipifoɔ no ankasa nim pefee sɛ ɛberɛ a mefirii Makedonia a na merefiti Asɛmpa no ka no ase no, mo nko ara ne asafo a moboaa me. Mo nko ara ne asafo a mo ne me kyɛɛ mo ahonyadeɛ.
你們斐理伯人也知道:當我在傳福音之初,離開馬其頓時,沒有一個教會在支收的事上供應過我,惟獨只你們;
16 Mewɔ Tesalonika no, ɛberɛ biara a biribi ho bɛhia me no, mode brɛ me.
連我在得撒洛尼時,你們不只一次,而且兩次曾給我送來我的急需。
17 Ɛnyɛ sɛ ɔpɛ na na mepɛ sɛ menya akyɛdeɛ na mmom, nhyira a mobɛnya wɔ mu na na mepɛ sɛ mehunu.
我並不是貪求餽贈,我所貪求的,是歸入你們賬內的豐厚的利息。
18 Me nsa aka biribiara a mode abrɛ me ma aboro so. Afei a Epafrodito de akyɛdeɛ no nyinaa abrɛ me yi, me nsa aka biribiara a ɛho hia me. Yeinom te sɛ afɔrebɔdeɛ hwamhwam a wɔbɔ ma Onyankopɔn, na ɔgye, na nʼani sɔ.
如今我已收到了一切,已富足了;我由厄帕格狄托收到了你們來的芬芳的馨香,天主所悅納中意的祭品,我已夠滿了
19 Me Onyankopɔn firi ne nnepa a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa.
我的天主必要以自己的財富,在基督耶穌內,豐富滿足你們的一切需要。
20 Animuonyam nka yɛn Agya Onyankopɔn daa daa. Amen. (aiōn g165)
願光榮歸於天主,我們的父,至於世世。阿們。 (aiōn g165)
21 Mekyea ahotefoɔ no wɔ Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔne me wɔ ha no nso kyea mo.
你們要在基督耶穌內問候各位聖徒;同我在一起的弟兄都問候你們。
22 Ahotefoɔ no nyinaa kyea mo; ne titire no, Ɔhempɔn Kaesare fiefoɔ.
眾位聖徒,特別是凱撒家中的聖徒,都問候你們。
23 Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
願主耶穌基督的恩寵與你們的人神同在。阿們。

< Filipifoɔ 4 >