< Filipifoɔ 3 >

1 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnha me sɛ mɛti nsɛm a matwerɛ dada no mu. Ɛyɛ ma mo akwankyerɛ.
ⲁ̅ⲧⲉⲛⲟⲩ ϭⲉ ⲛⲁⲥⲛⲏⲩ ⲣⲁϣⲉ ϩⲙ̅ⲡϫⲟⲓ̈ⲥ ⲉⲧⲣⲁⲥⲉϩⲛⲁⲓ̈ ⲟⲛ ⲛⲏⲧⲛ̅. ⲛ̅ⲟⲩϩⲓⲥⲉ ⲛⲁⲓ̈ ⲁⲛ ⲡⲉ. ⲟⲩⲱⲣϫ̅ ⲇⲉ ⲛⲏⲧⲛ̅ ⲡⲉ.
2 Monhwɛ nnebɔneyɛfoɔ no a wɔte sɛ nkraman a wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia ansa na moanya nkwagyeɛ no yie.
ⲃ̅ϯϩⲧⲏⲧⲛ̅ ⲉⲛⲉⲩϩⲟⲟⲣ. ϯϩⲧⲏⲧⲛ̅ ⲉⲛⲓⲉⲣⲅⲁⲧⲏⲥ ⲉⲑⲟⲟⲩ. ϯϩⲧⲏⲧⲛ̅ ⲉⲡϣⲱⲱⲧ ⲉⲃⲟⲗ.
3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokorɛ twetiatwa ato mu. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no. Na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no enti, yɛanya fawohodie. Yɛmmfa yɛn ho nto honam so.
ⲅ̅ⲁⲛⲟⲛ ⲅⲁⲣ ⲡⲉ ⲡⲥⲃ̅ⲃⲉ ⲛ̅ⲛⲉⲧϣⲙ̅ϣⲉ ϩⲙ̅ⲡⲉⲡ̅ⲛ̅ⲁ̅ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ. ⲁⲩⲱ ⲉⲧϣⲟⲩϣⲟⲩ ⲙ̅ⲙⲟⲟⲩ ϩⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲓ̅ⲥ̅. ⲁⲩⲱ ⲛ̅ⲧⲛ̅ⲕⲱ ⲛ̅ϩⲧⲏⲛ ⲁⲛ ⲉⲧⲥⲁⲣⲝ̅.
4 Sɛ obi wɔ hɔ a ɔdwene sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanneɛ so na ɛyɛ a, anka ɛyɛ me.
ⲇ̅ⲕⲁⲓⲡⲉⲣ ⲁⲛⲟⲕ ⲉⲩⲛ̅ⲧⲁⲓ̈ ⲟⲛ ⲙ̅ⲙⲁⲩ ⲙ̅ⲡⲕⲁϩⲧⲏⲓ̈ ⲉⲧⲥⲁⲣⲝ̅. ⲉϣⲱⲡⲉ ⲟⲩⲛ̅ⲕⲉⲟⲩⲁ ⲉϥⲙⲉⲉⲩⲉ ϫⲉ ϥⲕⲱ ⲛ̅ϩⲧⲏϥ ⲉⲧⲥⲁⲣⲝ̅ ⲁⲛⲟⲕ ⲛ̅ϩⲟⲩⲟ
5 Ɛberɛ a medii nnawɔtwe pɛ na wɔtwaa me twetia. Meyɛ Israelni firi mʼawosuo mu. Mefiri Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifoɔ kronn no mu. Sɛ wɔka Yudafoɔ mmara sodie ho asɛm nso a, meyɛ Farisini
ⲉ̅ⲁⲛⲅ̅ⲟⲩⲥⲃ̅ⲃⲉ ϩⲙ̅ⲡⲁⲙⲉϩϣⲙⲟⲩⲛ ⲛ̅ϩⲟⲟⲩ. ⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ̅ⲡⲅⲉⲛⲟⲥ ⲙ̅ⲡⲓⲥⲣⲁⲏⲗ. ⲧⲉⲫⲩⲗⲏ ⲛⲃⲉⲛⲓⲁⲙⲉⲓⲛ. ⲛ̅ϩⲉⲃⲣⲁⲓⲟⲥ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ̅ⲛ̅ϩⲉⲃⲣⲁⲓⲟⲥ. ⲙ̅ⲫⲁⲣⲓⲥⲁⲓⲟⲥ ⲕⲁⲧⲁⲡⲛⲟⲙⲟⲥ.
6 a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodie nko tumi ma obi yɛ ɔteneneeni a, anka me deɛ, me ho nni mfomsoɔ biara.
ⲋ̅ⲕⲁⲧⲁⲟⲩⲕⲱϩ ⲉⲓ̈ⲡⲏⲧ ⲛ̅ⲥⲁⲧⲉⲕⲕⲗⲏⲥⲓⲁ. ⲁⲓ̈ϣⲱⲡⲉ ⲛ̅ⲁⲧⲛⲟⲃⲉ ⲕⲁⲧⲁⲧⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩⲛⲏ ⲉⲧϣⲟⲟⲡ ϩⲙ̅ⲡⲛⲟⲙⲟⲥ.
7 Nanso, nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfasoɔ nyinaa no, ɛsiane Kristo enti, ayɛ adehwereɛ.
ⲍ̅ⲁⲗⲗⲁ ⲛⲏ ⲉⲛⲉⲩϣⲟⲟⲡ ⲛⲁⲓ̈ ⲛ̅ϩⲏⲩ. ⲁⲓ̈ⲟⲡⲟⲩ ⲉⲟⲥⲉ ⲉⲧⲃⲉⲡⲉⲭ̅ⲥ̅.
8 Ɛnyɛ ɛno nko, seesei megye medi nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne enti, mato biribiara atwene. Mefa biribiara sɛ nneɛma hunu bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me nsa bɛka Kristo,
ⲏ̅ⲁⲗⲗⲁ ϯⲱⲡ ϭⲉ ⲛ̅ϩⲱⲃ ⲛⲓⲙ ϫⲉ ϩⲉⲛⲟⲥⲉ ⲛⲉ ⲉⲧⲃⲉⲡⲉϩⲟⲩⲟ ⲙ̅ⲡⲥⲟⲟⲩⲛ ⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲓ̅ⲥ̅ ⲡⲉⲛϫⲟⲉⲓⲥ. ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲛⲧⲁⲓ̈ϯⲟⲥⲉ ⲛ̅ⲛ̅ⲕⲁ ⲛⲓⲙ ⲉⲧⲃⲏⲏⲧϥ̅. ⲁⲩⲱ ϯⲱⲡ ⲙ̅ⲙⲟⲟⲩ ϫⲉ ϩⲉⲛⲗⲁⲁⲩ ⲛⲉ. ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ⲉⲓ̈ⲉϯϩⲏⲩ ⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅.
9 na mahunu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei, meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ. Merenhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri Mmara no mu bio. Na mmom mɛhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri gyidie mu. Mɛhwehwɛ pɛyɛ a ne fapem ne Kristo ne Onyankopɔn mu gyidie.
ⲑ̅ⲁⲩⲱ ⲛ̅ⲥⲉϩⲉ ⲉⲣⲟⲓ̈ ⲛ̅ϩⲏⲧϥ̅ ⲉⲙⲛ̅ⲧⲁⲓ̈ ⲙ̅ⲙⲁⲩ ⲛ̅ⲧⲁⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩⲛⲏ ⲧⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ̅ⲡⲛⲟⲙⲟⲥ ⲁⲗⲗⲁ ⲧⲉⲃⲟⲗ ϩⲓⲧⲛ̅ⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ ⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅. ⲧⲇⲓⲕⲁⲓⲟⲥⲩⲛⲏ ⲧⲉⲃⲟⲗ ϩⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲉϩⲣⲁⲓ̈ ⲉϫⲛ̅ⲧⲡⲓⲥⲧⲓⲥ
10 Deɛ merehwehwɛ ara ne sɛ, mɛhunu Kristo na mɛnya ne wusɔreɛ no mu suahunu, na mahunu nʼamaneɛ no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne owuo no mu,
ⲓ̅ⲛ̅ⲥⲟⲩⲱⲛϥ̅. ⲁⲩⲱ ⲧϭⲟⲙ ⲙ̅ⲡⲉϥⲧⲱⲟⲩⲛ. ⲙⲛ̅ⲧⲕⲟⲓⲛⲱⲛⲓⲁ ⲛ̅ⲛⲉϥϩⲓⲥⲉ. ⲉⲓ̈ϫⲓ ⲙ̅ⲡϩⲣⲃ̅ ⲙ̅ⲡⲉϥⲙⲟⲩ.
11 na mewɔ anidasoɔ sɛ, me nso me owuo akyi, mɛsɔre afiri owuo mu.
ⲓ̅ⲁ̅ϫⲉⲕⲁⲁⲥ ⲉⲓ̈ⲉⲉⲓ ⲉⲡⲧⲱⲟⲩⲛ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲛ̅ⲛⲉⲧⲙⲟⲟⲩⲧ
12 Mennka sɛ madi nkonim anaasɛ meyɛ pɛ. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa bɛka deɛ enti a Kristo Yesu nso nsa aka me no.
ⲓ̅ⲃ̅ϫⲉ ⲛ̅ⲧⲁⲓ̈ⲟⲩⲱ ⲁⲛ ⲉⲓ̈ϫⲓ. ⲏ̅ ⲁⲓ̈ⲟⲩⲱ ⲉⲉⲓϫⲱⲕ ⲉⲃⲟⲗ. ϯⲡⲏⲧ ⲇⲉ ϫⲉⲉⲓ̈ⲉⲧⲁϩⲟ ⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ⲉⲛⲧⲁⲩⲧⲁϩⲟⲓ̈ ϩⲓⲧⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅·
13 Anuanom, mennye nni sɛ madi saa nkonim no. Adeɛ baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ firi mʼakyi na meyere me ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛduru deɛ ɛwɔ mʼanim no ho.
ⲓ̅ⲅ̅ⲛⲁⲥⲛⲏⲩ ⲁⲛⲟⲕ ⲛ̅ϯⲙⲉⲉⲩⲉ ⲁⲛ ⲉⲣⲟⲓ̈ ϫⲉ ⲁⲓ̈ⲧⲁϩⲟ. ⲡⲁⲓ̈ ⲇⲉ ⲙ̅ⲙⲁⲧⲉ ⲉⲓ̈ⲣ̅ⲡⲱⲃϣ̅ ⲙⲉⲛ ⲛ̅ⲛⲁⲡⲁϩⲟⲩ. ⲉⲓ̈ⲡⲱⲣϣ̅ ⲇⲉ ⲉⲛⲁⲑⲏ.
14 Yei enti, metu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botaeɛ no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.
ⲓ̅ⲇ̅ⲉⲓ̈ⲡⲏⲧ ⲕⲁⲧⲁⲡⲉⲥⲕⲟⲡⲟⲥ ⲙ̅ⲡⲉⲕⲗⲟⲙ ⲙ̅ⲡⲧⲱϩⲙ̅ ⲛ̅ⲧⲡⲉ ⲙ̅ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ϩⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅ ⲓ̅ⲥ̅.
15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛnyini wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforɔ a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo.
ⲓ̅ⲉ̅ⲧⲉⲗⲓⲟⲥ ϭⲉ ⲛⲓⲙ ⲙⲁⲣⲛ̅ⲙⲉⲉⲩⲉ ⲉⲡⲁⲓ̈. ⲁⲩⲱ ϩⲱⲃ ⲛⲓⲙ ⲉⲧⲉⲧⲛⲁⲙⲉⲉⲩⲉ ⲉⲣⲟϥ ⲛ̅ϭⲉⲥⲙⲟⲧ. ⲡⲁⲓ̈ ⲡⲛⲟⲩⲧⲉ ⲛⲁϭⲟⲗⲡϥ̅ ⲛⲏⲧⲛ̅ ⲉⲃⲟⲗ.
16 Nanso deɛ yɛn nsa aka dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.
ⲓ̅ⲋ̅ⲡⲗⲏⲛ ⲡⲉⲛⲧⲁⲧⲉⲧⲛ̅ⲧⲁϩⲟϥ ⲁϩⲉ ⲟⲛ ⲉⲣⲟϥ.
17 Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa, enti montie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no.
ⲓ̅ⲍ̅ⲧⲛ̅ⲧⲛ̅ⲧⲏⲩⲧⲛ̅ ⲉⲣⲟⲓ̈ ⲛⲁⲥⲛⲏⲩ. ⲁⲩⲱ ⲛ̅ⲧⲉⲧⲛ̅ϭⲱϣⲧ̅ ⲉⲛⲉⲧⲙⲟⲟϣⲉ ⲛ̅ⲧⲉⲉⲓϩⲉ. ⲕⲁⲧⲁⲑⲉ ⲉⲛϣⲟⲟⲡ ⲛⲏⲧⲛ̅ ⲛ̅ⲥⲙⲟⲧ.
18 Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no ho no atamfoɔ.
ⲓ̅ⲏ̅ⲟⲩⲛ̅ϩⲁϩ ⲅⲁⲣ ⲙⲟⲟϣⲉ ⲛⲁⲓ̈ ⲉⲛⲉⲉⲓϫⲱ ⲙ̅ⲙⲟⲟⲩ ⲛⲏⲧⲛ̅ ⲛ̅ϩⲁϩ ⲛ̅ⲥⲟⲡ. ⲧⲉⲛⲟⲩ ⲇⲉ ⲟⲛ ϯϫⲱ ⲙ̅ⲙⲟⲟⲩ ⲉⲓ̈ⲣⲓⲙⲉ. ⲛ̅ϫⲁϫⲉ ⲙ̅ⲡⲉⲥ̅xⲟ̅ⲥ̅ ⲙ̅ⲡⲉⲭ̅ⲥ̅.
19 Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛeɛ mu, ɛfiri sɛ, wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu ho no ho, na wɔdwene ewiase nneɛma nko ara ho.
ⲓ̅ⲑ̅ⲛⲁⲓ̈ ⲉⲧⲉⲩϩⲁⲏ ⲡⲉ ⲡⲧⲁⲕⲟ. ⲛⲁⲓ̈ ⲉⲡⲉⲩⲛⲟⲩⲧⲉ ⲡⲉ ϩⲏⲧⲟⲩ. ⲁⲩⲱ ⲉⲣⲉⲡⲉⲩⲉⲟⲟⲩ ϩⲙ̅ⲡⲉⲩϣⲓⲡⲉ. ⲛⲉⲧⲙⲉⲉⲩⲉ ⲉⲛⲁⲡⲕⲁϩ·
20 Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛ twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔfiri ɔsoro bɛba no.
ⲕ̅ⲁⲛⲟⲛ ⲇⲉ ⲉⲣⲉⲡⲉⲛⲡⲟⲗⲓⲧⲉⲩⲙⲁ ϩⲛ̅ⲙ̅ⲡⲏⲩⲉ. ⲡⲙⲁ ⲉⲧⲛ̅ϭⲱϣⲧ̅ ⲉⲃⲟⲗ ϩⲏⲧϥ̅ ⲙ̅ⲡⲉⲛⲥⲱⲧⲏⲣ ⲡϫⲟⲉⲓⲥ ⲓ̅ⲥ̅.
21 Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn onipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no sɛ ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no.
ⲕ̅ⲁ̅ⲡⲁⲓ̈ ⲉⲧⲛⲁϣⲓⲃⲉ ⲙ̅ⲡⲥⲱⲙⲁ ⲙ̅ⲡⲉⲛⲑⲃ̅ⲃⲓⲟ ⲉⲡⲉⲓⲛⲉ ⲙ̅ⲡⲥⲱⲙⲁ ⲙ̅ⲡⲉϥⲉⲟⲟⲩ. ⲕⲁⲧⲁⲧⲉⲛⲉⲣⲅⲓⲁ ⲉⲧⲣⲉϥϭⲙ̅ϭⲟⲙ ⲉϩⲩⲡⲟⲧⲁⲥⲥⲉ ⲛⲁϥ ⲙ̅ⲡⲧⲏⲣϥ̅·

< Filipifoɔ 3 >