< Filemon 1 >

1 Nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu enti, meyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon
Παῦλος δέσμιος Χριστοῦ Ἰησοῦ καὶ Τιμόθεος ὁ ἀδελφὸς Φιλήμονι τῷ ἀγαπητῷ καὶ συνεργῷ ἡμῶν
2 ne asafo a wɔhyia wɔ wo fie no ne yɛn nuabaa Apia ne yɛn yɔnko ɔsraani Arkipo no:
καὶ Ἀπφίᾳ τῇ ⸀ἀδελφῇκαὶ Ἀρχίππῳ τῷ συστρατιώτῃ ἡμῶν καὶ τῇ κατʼ οἶκόν σου ἐκκλησίᾳ·
3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
χάρις ὑμῖν καὶ εἰρήνη ἀπὸ θεοῦ πατρὸς ἡμῶν καὶ κυρίου Ἰησοῦ Χριστοῦ.
4 Onua Filemon, ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mebɔ bi ma wo na meda me Onyankopɔn nso ase.
Εὐχαριστῶ τῷ θεῷ μου πάντοτε μνείαν σου ποιούμενος ἐπὶ τῶν προσευχῶν μου,
5 Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne gyidie a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no.
ἀκούων σου τὴν ἀγάπην καὶ τὴν πίστιν ἣν ἔχεις ⸀πρὸςτὸν κύριον Ἰησοῦν καὶ εἰς πάντας τοὺς ἁγίους,
6 Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.
ὅπως ἡ κοινωνία τῆς πίστεώς σου ἐνεργὴς γένηται ἐν ἐπιγνώσει παντὸς ἀγαθοῦ ⸀τοῦἐν ἡμῖν εἰς ⸀Χριστόν
7 Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ.
⸀χαρὰνγὰρ ⸂πολλὴν ἔσχον καὶ παράκλησιν ἐπὶ τῇ ἀγάπῃ σου, ὅτι τὰ σπλάγχνα τῶν ἁγίων ἀναπέπαυται διὰ σοῦ, ἀδελφέ.
8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ,
Διό, πολλὴν ἐν Χριστῷ παρρησίαν ἔχων ἐπιτάσσειν σοι τὸ ἀνῆκον,
9 nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei,
διὰ τὴν ἀγάπην μᾶλλον παρακαλῶ, τοιοῦτος ὢν ὡς Παῦλος πρεσβύτης νυνὶ δὲ καὶ δέσμιος ⸂Χριστοῦ Ἰησοῦ—
10 meresrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba ɛberɛ a na meda afiase no.
παρακαλῶ σε περὶ τοῦ ἐμοῦ τέκνου, ὃν ἐγέννησα ἐν τοῖς ⸀δεσμοῖςὈνήσιμον,
11 Ɛberɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho wɔ mfasoɔ ma me ne wo.
τόν ποτέ σοι ἄχρηστον νυνὶ ⸀δὲσοὶ καὶ ἐμοὶ εὔχρηστον,
12 Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa mʼakoma no asane nʼakyi aba wo nkyɛn.
ὃν ἀνέπεμψά ⸂σοι αὐτόν, τοῦτʼ ἔστιν τὰ ἐμὰ σπλάγχνα·
13 Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ sɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me.
ὃν ἐγὼ ἐβουλόμην πρὸς ἐμαυτὸν κατέχειν, ἵνα ὑπὲρ σοῦ ⸂μοι διακονῇ ἐν τοῖς δεσμοῖς τοῦ εὐαγγελίου,
14 Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so.
χωρὶς δὲ τῆς σῆς γνώμης οὐδὲν ἠθέλησα ποιῆσαι, ἵνα μὴ ὡς κατὰ ἀνάγκην τὸ ἀγαθόν σου ᾖ ἀλλὰ κατὰ ἑκούσιον·
15 Ebia na Onesimo firii wo nkyɛn ɛberɛ tiawa bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye no ato mu bio afebɔɔ. (aiōnios g166)
τάχα γὰρ διὰ τοῦτο ἐχωρίσθη πρὸς ὥραν ἵνα αἰώνιον αὐτὸν ἀπέχῃς, (aiōnios g166)
16 Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu.
οὐκέτι ὡς δοῦλον ἀλλὰ ὑπὲρ δοῦλον, ἀδελφὸν ἀγαπητόν, μάλιστα ἐμοί, πόσῳ δὲ μᾶλλον σοὶ καὶ ἐν σαρκὶ καὶ ἐν κυρίῳ.
17 Enti, sɛ wodwene me ho sɛ wo fafafoɔ a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛdeɛ wobɛgye me no ara.
Εἰ οὖν με ἔχεις κοινωνόν, προσλαβοῦ αὐτὸν ὡς ἐμέ.
18 Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, mɛtua wo ka.
εἰ δέ τι ἠδίκησέν σε ἢ ὀφείλει, τοῦτο ἐμοὶ ⸀ἐλλόγα
19 Me Paulo, mede mʼankasa me nsa retwerɛ sɛ mɛtua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfiri sɛ wo nso wode me ka, a ɛyɛ wʼankasa wo nkwa.
ἐγὼ Παῦλος ἔγραψα τῇ ἐμῇ χειρί, ἐγὼ ἀποτίσω· ἵνα μὴ λέγω σοι ὅτι καὶ σεαυτόν μοι προσοφείλεις.
20 Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade enti, yɛ me saa adɔeɛ yi; ka mʼakoma hye sɛ wo nua wɔ Kristo mu.
ναί, ἀδελφέ, ἐγώ σου ὀναίμην ἐν κυρίῳ· ἀνάπαυσόν μου τὰ σπλάγχνα ἐν ⸀Χριστῷ
21 Mewɔ anidasoɔ sɛ, deɛ meretwerɛ wo yi, wobɛyɛ ama aboro deɛ merebisa wo yi so.
πεποιθὼς τῇ ὑπακοῇ σου ἔγραψά σοι, εἰδὼς ὅτι καὶ ὑπὲρ ⸀ἃλέγω ποιήσεις.
22 Afei pɛ ɛdan ma me, ɛfiri sɛ, menim sɛ Onyankopɔn bɛtie mo mpaeɛbɔ ama mabɛka mo ho bio.
ἅμα δὲ καὶ ἑτοίμαζέ μοι ξενίαν, ἐλπίζω γὰρ ὅτι διὰ τῶν προσευχῶν ὑμῶν χαρισθήσομαι ὑμῖν.
23 Epafra a Kristo Yesu enti ɔne me da afiase no kyea wo.
⸀Ἀσπάζεταίσε Ἐπαφρᾶς ὁ συναιχμάλωτός μου ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ,
24 Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyea wo.
Μᾶρκος, Ἀρίσταρχος, Δημᾶς, Λουκᾶς, οἱ συνεργοί μου.
25 Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.
Ἡ χάρις τοῦ ⸀κυρίουἸησοῦ Χριστοῦ μετὰ τοῦ πνεύματος ⸀ὑμῶν

< Filemon 1 >