< Obadia 1 >
1 Anisoadehunu a Awurade Onyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia nie: Yɛate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn. Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkaa sɛ, “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”
Thus said Lord YHWH to Edom (We have heard a report from YHWH, And an ambassador among nations was sent, “Rise, indeed, let us rise against her for battle”):
2 Awurade ka kyerɛ Edom sɛ: “Hwɛ mɛbrɛ wo ase, mɛyɛ wo akumaa wɔ aman no mu, na wɔabu wo animtia.
“Behold, I have made you little among nations, You [are] despised exceedingly.
3 Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, Wo a wote abotan ntokuro mu na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so, na woka kyerɛ wo ho sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’
The pride of your heart has lifted you up, O dweller in clefts of a rock (A high place [is] his habitation, He is saying in his heart: Who brings me down [to] earth?)
4 Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ, na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a, ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
If you go up high as an eagle, And if you set your nest between stars, From there I bring you down,” A declaration of YHWH.
5 “Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa? Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa?
“If thieves have come in to you, If spoilers of the night, How have you been cut off! Do they not steal their sufficiency? If gatherers have come in to you, Do they not leave gleanings?
6 Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.
How has Esau been searched out! His hidden things have flowed out,
7 Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa bɛdi wo hwammɔ. Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no bɛdaadaa wo adi wo so, wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie, nanso, wonhunuiɛ.
All your allies have sent you to the border, Forgotten you, prevailed over you, have your friends, They make your bread a snare under you, There is no understanding in him!
8 “Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ, “Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa?
Is it not in that day,” a declaration of YHWH, “That I have destroyed the wise out of Edom, And understanding out of the mountain of Esau?
9 Ao Teman wʼakofoɔ bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no, wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase.
And your mighty ones have been broken down, O Teman, So that everyone of the mountain of Esau is cut off.
10 Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti aniwuo bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa.
For slaughter, for violence [to] your brother Jacob, Shame covers you, And you have been cut off for all time.
11 Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako.
In the day of your standing aloof from the opposite [side], In the day of strangers taking his force captive, And foreigners have entered his gates, And have cast a lot for Jerusalem, Even you [are] as one of them!
12 Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu, anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu, na mpo wohoahoa wo ho ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no.
And—you do not look on the day of your brother, On the day of his alienation, Nor do you rejoice over sons of Judah, In the day of their destruction, Nor make your mouth great in a day of distress.
13 Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu wɔ wɔn amanehunu ɛda, anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu.
Nor come into a gate of My people in a day of their calamity, Nor look, even you, on its misfortune in a day of its calamity, Nor send forth against its force in a day of its calamity,
14 Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ kunkumm nʼadwanefoɔ Na woyi wɔn a aka no ma wɔ wɔn amanehunu ɛda no mu.
Nor stand by the breach to cut off its escaped, Nor deliver up its remnant in a day of distress.
15 “Awurade ɛda no abɛn ama amanaman nyinaa. Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no saa ara na wɔbɛyɛ woɔ. Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso.
For near [is] the Day of YHWH, on all the nations, As you have done, it is done to you, Your deed turns back on your own head.
16 Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no, saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara na wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ.
For—as you have drunk on My holy mountain, All the nations drink continually, And they have drunk and have swallowed, And they have been as [if] they have not been.
17 Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ, na Yakob efie nsa bɛsane aka nʼagyapadeɛ.
And in Mount Zion there is an escape, And it has been holy, And the house of Jacob has possessed their possessions.
18 Yakob efie bɛyɛ ogya na Yosef efie ayɛ ogyaframa; Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi na wɔde ogya bɛto mu ahye no a obiara renka wɔ efie hɔ.” Deɛ Awurade seɛ nie.
And the house of Jacob has been a fire, And the house of Joseph a flame, And the house of Esau for stubble, And they have burned among them, And they have consumed them, And there is not a remnant to the house of Esau,” For YHWH has spoken.
19 Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no bɛtena Esau mmepɔ so, Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no, bɛfa Filistia asase no, na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so, na Benyamin nso afa Gilead.
And they have possessed the south with the mountain of Esau, And the low country with the Philistines, And they have possessed the field of Ephraim, And the field of Samaria, And Benjamin with Gilead.
20 Nipakuo a wɔyɛ Israel atukɔfoɔ bɛfa Kanaan asase no akɔsi Sarefat; na atukɔfoɔ a wɔfiri Yerusalem a wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so.
And the expulsion of this force of the sons of Israel, That [is with] the Canaanites to Zarephat, And the expulsion of Jerusalem that [is] with the Sepharad, Possess the cities of the south.
21 Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so, akɔdi Edom mmepɔ so. Na ahennie no bɛyɛ Awurade dea!
And saviors have gone up on Mount Zion, To judge the mountain of Esau, And the kingdom has been to YHWH!