< 4 Mose 7 >
1 Ɛda a Mose wiee Ahyiaeɛ Ntomadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tee ho nyinaa a afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa ka ho.
梅瑟豎立起會幕那天,就傅油祝聖了帳幕和其中的一切器具、祭壇和附屬的用具。他傅油祝聖以後,
2 Afei, Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no mu mpanin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔdeɛ baeɛ.
以色列的領袖,各家族首領,即協助登記的各支派的領袖,前來奉獻,
3 Wɔde nteaseɛnam nsia a wɔakatakata ho ne anantwie dumienu na wɔde baeɛ. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanimfoɔ mmienu dea, a nantwie baako yɛ wɔn mu biara dea. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anim.
將他們的供物獻於上主面前:篷車六輛,公牛十二頭:每兩位領袖一輛車,每位領袖一頭牛。他們把這些送到會幕前時,
4 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
上主訓示梅瑟說:「
5 “Gye wɔn akyɛdeɛ no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma. Fa ma Lewifoɔ no na wɔmfa nni dwuma biara a ɛho hia wɔn.”
你把這些收下,為會幕的事務使用,按照肋未人的職務,分給他們。」
6 Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwie no maa Lewifoɔ no.
梅瑟就收下車輛和牛,交給了肋未人。
7 Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfoɔ nteaseɛnam mmienu ne anantwie ɛnan
按革爾雄子孫的職務,分給了他們兩輛車及四頭牛;
8 ɛnna ɔmaa Merari ne ne nkurɔfoɔ nso nteaseɛnam ɛnan ne anantwie nwɔtwe a Aaron babarima Itamar na na ɔdi so panin.
按默辣黎子孫的職務,分給了他們四輛車及八頭牛,他們都在司祭亞郎的兒子依塔瑪爾指揮下服務。
9 Wɔamma Kohat nkurɔfoɔ nteaseɛnam no bi, ɛfiri sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmatire.
但沒有分給刻哈特子孫,因為他們應用肩抬所照管的聖物。
10 Ɛda no, mpanimfoɔ a wɔdi anim no nso de atenaseɛbɔ akyɛdeɛ bɛguu afɔrebukyia no anim da a wɔresra afɔrebukyia no ngo no.
在傅油祝聖祭壇時,眾領袖也為祝聖祭壇奉獻了供物。當眾領袖把他們的供物送到祭壇面前時,
11 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼatenasebɔdeɛ bɛba afɔrebukyia no so.”
上主對梅瑟說:「每天應有一位領袖,奉獻自己的供物,為祝聖祭壇。」
12 Aminadab babarima Nahson a ɔfiri Yuda abusuakuo mu na ɔde nʼatenasebɔdeɛ baa ɛda a ɛdi ɛkan no.
第一日奉獻自己供物的,是猶大支派阿米納達布的兒子納赫雄。
13 Nneɛma a ɔde baeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kyɛnsee bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
他的供物是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
14 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ adaka ketewa bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
15 Ɔde nantwinini ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
16 Wɔde abirekyie baeɛ sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ
公山羊一隻,為作贖罪祭;
17 na asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no deɛ, anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyie enum ne nnwammaa enum a wɔadi afe na wɔde wɔn baeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Nahson babarima Aminadab de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是阿米納達布的兒子納赫雄的供物。
18 Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第二日奉獻供物的,是依撒加爾的領袖,族阿爾的兒子乃塔乃耳。
19 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
他奉獻的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
20 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
21 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
22 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ
公山羊一隻,為作贖罪祭:
23 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Suar babarima Netanel de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是族阿爾的兒子乃塔乃耳的供物。
24 Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第三日是則步隆子孫的領袖,赫隆的兒子厄里雅布。
25 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
26 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
27 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
28 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
29 ne anantwie mmienu, nnwennini enum ne mmirekyinini enum sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Helon babarima Eliab de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是赫隆的兒子厄里雅布的供物。
30 Ne nnanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第四日是勒烏本子孫的領袖,舍德烏爾的兒子厄里族爾。
31 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
32 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
33 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
34 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
35 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe. Yei ne afɔdeɛ a Sedeur babarima Elisur de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是舍德烏爾的兒子厄里族爾的供物。
36 Ne nnanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第五日是西默盎子孫的領袖,族黎沙待的兒子舍路米耳。
37 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
38 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru bɛyɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
39 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wɔadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
40 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ,
公山羊一隻,為作贖罪祭;
41 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Surisadai ba Selumiel de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是族黎沙待的兒子協路米耳的供物。
42 Ne nna nsia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第六日是加得子孫的領袖勒烏耳的兒子厄里雅撒夫。
43 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
44 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
45 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
46 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
47 ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Deguel ba Eliasaf de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,作和平祭:以上是勒烏耳兒子厄里雅撒夫的供物。
48 Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第七日是厄弗辣因子孫的領袖阿米胡得的兒子厄里沙瑪。
49 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
50 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
51 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
52 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
53 ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Amihud babarima Elisama de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是阿米胡得的兒子厄里沙瑪的供物。
54 Ne nnawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第八日是默納協子孫的領袖,培達族爾的兒子加默里耳。
55 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
56 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
57 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
58 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
59 ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpɔnkyenini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Pedahsur ba Gamaliel de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是培達族爾的兒子加默里耳的供物。
60 Ne nna nkron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第九日是本雅明子孫的領袖,基德敖尼的兒子阿彼丹。
61 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
62 Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
63 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
64 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ
公山羊一隻,為作贖罪祭;
65 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Gideoni babarima Abidan de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是基德敖尼的兒子阿彼丹的供物。
66 Ne dadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第十日是丹子孫的領袖,阿米沙待的兒子阿希厄則爾。
67 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
68 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂:
69 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
70 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
71 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Amisadai babarima Ahieser de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是阿米沙待的兒子阿希厄則爾的供物。
72 Ne dadu da baako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第十一日是阿協爾子孫的領袖,敖革蘭的兒子帕革厄耳。
73 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
74 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
75 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
76 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
77 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Okran babarima Pagiel de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是敖革蘭的兒子帕革厄耳的供物。
78 Ne dadu nna mmienu so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
第十二日是納斐塔里子孫的領袖,厄南的兒子阿希辣。
79 Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
80 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂,
81 Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
82 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
83 ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Enan babarima Ahira de baeɛ.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是厄南的兒子阿希辣的供物。
84 Enti, yei ne afɔrebukyia no afɔrebɔdeɛ a Israel mpanimfoɔ de ba bɛsraa afɔrebukyia no nam so bɔɔ no atenaseɛ: dwetɛ mprɛte dumienu, dwetɛ hweaseammɔ dumienu ne sikakɔkɔɔ aduhwam akoradeɛ dumienu.
以上是傅油祝聖祭壇時,以色列領袖們為祝聖祭壇所奉獻的供物,計有銀盤十二個,銀盆十二個,金盂十二個;
85 Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no nyinaa kari bɛyɛ kilogram aduasa. Na prɛte biara kari kilogram baako ne fa, na dwetɛ kyɛnsee no nso kari kilogram baako.
銀盤每個重一百三十「協刻耳」,銀盆每個重七十,器皿的銀子依聖所的衡量,共重二千四百「協刻耳」;
86 Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛeɛ no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akoradeɛ no mu biara duru yɛ nnwetɛbena edu a wɔde aduhwam ahyɛ no ma.
盛滿香料的金盂十二個,依聖所衡量,每個盂重十「協刻耳」,這些盂的金子,共重一百二十「協刻耳」;
87 Wɔde anantwie dumienu ne nnwennini a wɔn mu biara adi afe na wɔde bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no a atokoɔ afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ.
為作全燔祭的一切牲畜,計有公牛犢十二頭,公綿羊十二隻,一歲的公羔羊十二隻,還有同獻的素祭;此外尚有公山羊十二隻,為作贖罪祭;
88 Asomdwoeɛ afɔdeɛ nneɛma a wɔde baeɛ nie: anantwinini mma aduonu ɛnan, nnwennini aduosia, mmirekyie aduosia, nnwammaanini a wɔn mu biara adi afe aduosia.
為作和平祭的一切牲畜,計有公牛犢二十四頭,公綿羊六十隻,公山羊六十隻,一歲的公羔羊六十隻:以上是在傅油祝聖祭壇後,為祝聖祭壇所獻的供物。
89 Ɛberɛ a Mose kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi firi soro a ɛrekasa kyerɛ no firi Mpata Beaeɛ no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a Kerubim mmienu no sisi no ntam.
當梅瑟進入會幕為同上主說話時,他聽見從約櫃的贖罪蓋上,兩革魯賓間,有與他說話的聲音:是上主在與他說話。