< 4 Mose 36 >
1 Afei, Gilead abusua no ntuanofoɔ, Makir a ɔyɛ Manase babarima ne Yosef nana asefoɔ kɔɔ Mose ne Israel ntuanofoɔ nkyɛn de adesrɛdeɛ kɔtoo wɔn anim.
Gilead abusua no ntuanofo, Makir a ɔyɛ Manase babarima ne Yosef nena asefo, kɔɔ Mose ne Israel mmusua ntuanofo no nkyɛn de adesrɛde kɔtoo wɔn anim.
2 Wɔkaa sɛ, “Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ bɔ ntonto kronkron na gyina so kyekyɛ asase no ma Israelfoɔ. Awurade ka kyerɛɛ wo sɛ fa yɛn nuabarima Selofehad agyapadeɛ ma ne mmammaa.
Wɔkae se, “Awurade hyɛɛ wo se bɔ ntonto na gyina so kyekyɛ asase no ma Israelfo no. Awurade ɔhyɛɛ wo se fa yɛn nuabarima Selofehad agyapade ma ne mmabea.
3 Na sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi kɔware wɔ abusua foforɔ mu a, ɔde asase a wɔde ama no no bɛkɔ awadeɛ. Sɛ ɛba saa a, yɛn abusua no asase kɛseɛ so bɛte.
Na sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi kɔware wɔ abusua foforo mu a, ɔde asase a wɔde ama no no bɛkɔ aware. Sɛ ɛba saa a, yɛn abusua no asase a wɔde ama yɛn no so bɛtew.
4 Sɛ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, saa agyapadeɛ no bɛka hɔ ara. Na ɛbɛfiri abusuakuo a anka ɛwɔ no no nsam koraa.”
Sɛ Israelfo Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du so a, wɔde wɔn agyapade no bɛka abusua a wɔkɔwaree wɔ mu no de ho, na wobeyi afi yɛn agyanom abusua agyapade mu.”
5 Enti Mose de saa ɔhyɛ nsɛm a ɛfiri Awurade yi maa Israelfoɔ no: “Yosef abusuakuo mu nnipa no asɛm no yɛ nokorɛ.
Enti Mose de saa ɔhyɛ nsɛm a efi Awurade yi maa Israelfo no: “Yosef abusuakuw mu nnipa no asɛm no yɛ nokware.
6 Awurade ɔhyɛ nsɛm a ɛfa Selofehad mmammaa no ho no nie: wɔtumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ɔfiri wɔn agya abusuakuo mu.
Nea Awurade rehyɛ ama Selofehad mmabea no ni: Wotumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ofi wɔn agya abusuakuw mu.
7 Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔ abusuakuo foforɔ nsam, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ abusuakuo biara agyapadeɛ tena hɔ sɛdeɛ ɛteɛ firi kane no.
Ɛnsɛ sɛ Israel agyapade biara fi abusuakuw bi mu kɔ abusuakuw foforo nsam, efisɛ ɛsɛ sɛ Israel agyanom abusuakuw biara agyapade tena hɔ sɛnea ɛte no.
8 Mmammaa a wɔwɔ Israel mmusuakuo mu nyinaa a agyapadeɛ tumi kɔ wɔn nsam no, ɛsɛ sɛ wɔwareware wɔ wɔn mmusuakuo mu na wɔn agyapadeɛ amfiri wɔn abusuakuo mu.
Ɛsɛ sɛ mmabea a wɔwɔ Israel mmusuakuw mu nyinaa a agyapade tumi kɔ wɔn nsam no wareware wɔ wɔn agyanom mmusuakuw mu na Israel abusuakuw biara agyanom agyapade amfi wɔn abusuakuw mu.
9 Ɛnsɛ sɛ agyapadeɛ biara firi abusuakuo bi nsam kɔdi ɔfoforɔ nsam, ɛsɛ sɛ Israel abusuakuo biara bɔ nʼagyapadeɛ ho ban.”
Ɛnsɛ sɛ agyapade biara fi abusuakuw bi nsam kodi ɔfoforo nsam, ɛsɛ sɛ Israel Abusuakuw biara asase a wanya no tena hɔ.”
10 Selofehad mmammaa no yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
Selofehad mmabea no yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
11 Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa warewaree wɔn agyanom nuammarima mma.
Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa wareware wɔn agyanom nuabarimanom mma.
12 Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn abusuakuo mu.
Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapade no kaa wɔn abusuakuw no mu.
13 Yei ne mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade nam Mose so de maa Israelfoɔ ɛberɛ a wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so so, wɔ Asubɔnten Yordan a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ho.
Eyinom ne mmara ne nhyehyɛe a Awurade nam Mose so de maa Israelfo wɔ Moab tataw so no, wɔ Asubɔnten Yordan a na wɔafi Yeriko atwa no.