< 4 Mose 29 >
1 “‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan wɔ afe biara mu no, monhyɛ totorobɛnto afahyɛ no. Nnipa no nyinaa de kommyɛ bɛhyia na obiara renyɛ adwuma biara.
七月初一日,你們應召開聖會,一切勞工都不許做:這是你們應歡呼吹號的日子。
2 Saa ɛda no, mode nantwie ba baako, odwennini baako ne nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yeinom yɛ afɔrebɔdeɛ a Awurade ani bɛsɔ na nʼani nso bɛgye ho.
應獻給上主馨香的全燔祭,即公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲無瑕疵的公羔羊七隻。
3 Mode aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ no a nantwie no ka ho. Wɔde lita ɛnan bɛka odwennini no ho
至於同獻的素祭,應是油調的細麵:為每隻公牛犢獻大分之三「厄法」,為每隻公綿羊獻十分之二「厄法」;
4 ɛnna lita mmienu ne fa nso ka nnwammaa no baako biara ho.
至於七隻公羔羊, 每獻十分之一「厄法」。
5 Ɛsɛ sɛ mosane de ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de yei yɛ mo mpatadeɛ.
此外,還應獻一隻公山羊作贖罪祭,為你們贖罪。
6 Saa afɔrebɔ sononko yi ka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no bosome biara ne ɛda no deɛ no ho; afei nso, ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ a aburoo ne nsã afɔrebɔ ka ho no ho sɛdeɛ afɔrebɔ no ho mmara teɛ no. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.
除月朔的全燔祭及同獻的素祭,日常全燔祭及同獻的素祭和依禮規應同獻的奠祭外,還應作為中悅上主的馨香火祭。
7 “‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛyɛ ɛda a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛaseɛ mu wɔ Awurade anim, na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ adwuma biara.
七月初十,你們也應召開聖會,苦身克己,一切勞工都不許做。
8 Saa ɛda no, mobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade—nʼani bɛsɔ. Afɔrebɔdeɛ no yɛ nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara.
應給上主獻馨香的全燔祭:即公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲無瑕疵的公羔羊七隻。
9 Fa nantwie ba no siesie atokoɔ afɔdeɛ a mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita nsia ne fa afra.
至於同獻的素祭,應是油調的細麵:為每隻公牛犢獻十分之三「厄法」,為每隻公綿羊獻十分之二「厄法」;
10 Lita ɛnan na mode bɛka odwennini no ho ɛnna mode lita mmienu ne fa aka odwammaa baako biara ho.
至於那七隻公羔羊,為每隻獻十分之一「厄法」。
11 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ. Yei ka bɔne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ de pata ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daadaa a aduane afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ ka ho.
除贖罪節日的贖罪祭,日常全燔祭及同獻 的素祭和應獻的奠外,還應獻一隻公山羊作贖罪祭。
12 “‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛnsɛ sɛ ɛda no, obiara yɛ adwuma. Ɛyɛ nnanson afahyɛ ahyɛaseɛ wɔ Awurade anim.
七月十五日,你們也應召開聖會,w勞工都不許做,為上主舉行七天慶節。
13 Nneɛma a mode bɛbɔ saa afɔdeɛ sononko yi ama Awurade ani asɔ no bɛyɛ nantwie mma dumiɛnsa, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan.
你們應祭全燔祭,作為中悅上主的火祭:即公牛犢十三頭,公綿羊二隻,一歲的公羔羊十四隻。
14 Ɛsɛ sɛ, sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ka anantwie mma dumiɛnsa no biara ho. Lita ɛnan ka nnwennini no baako biara ho
至於同獻的素祭,是油調的細麵:十三頭公牛犢,為每頭獻十分之三「厄法」,二隻公綿羊,為每隻獻十分之二「厄法」。
15 ɛnna lita mmienu ne fa aka nnwammaa dunan no baako biara ho.
十四隻公羔羊,為每隻獻十分之一「厄法」。
16 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no ho a aburoo ne nsã afɔdeɛ ka ho.
除日常全燔祭及同獻的素祭和奠祭外,還應獻一隻公山羊作贖罪祭。
17 “‘Ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ saa nnanson afahyɛ no mu no, mode anantwie mma dumienu, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe dunan a wɔnnii dɛm biara bɛbɔ afɔdeɛ.
第二日,應獻公牛犢十二頭,公綿羊二隻,一歲無瑕疵的公羔羊十四隻。
18 Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho.
至於公牛犢、公綿羊和公羔羊應同獻的奠祭和素祭,依數照例奉獻。
19 Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ.
除日常全燔祭及同獻的素祭和奠祭外,還應獻一隻公山羊作為贖罪祭。
20 “‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no so no, mode anantwie mmaa dubaako, nnwennini mmienu, nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara
第三日,應獻公牛犢十一頭,公綿羊二隻,一歲無瑕疵的公羔羊十四隻。
21 a sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode anantwie, nnwennini ne nnwammaa no ne aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka afɔrebɔdeɛ biara ho.
至於與公牛犢、公綿羊和公羔羊應同獻的素祭和奠祭外,還應獻一隻公山羊作贖罪祭。
22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ka daa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.
除日常全燔祭及同獻的素祭和奠祭外,還應獻一隻公山羊作贖罪祭。
23 “‘Afahyɛ a ɛtɔ so nan no, mode anantwie mma edu, nnwennini mmienu, ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara
第四日,應獻公牛犢十頭,公綿羊二隻,一歲無瑕疵的十四隻,
24 a mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho.
至於公牛犢、公綿羊和公羔羊應同獻的素祭和奠祭,依數照例奉獻。
25 Afei, momfa ɔpapo a sɛdeɛ moyɛ daa no atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho nka afɔrebɔ a mobɔ no daa no ho.
除日常全燔祭及同獻的素祭和奠祭外,還應獻一隻公山羊作贖罪祭。
26 “‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so enum no, momfa anantwie mma nkron, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara.
第五日,應獻公牛犢九頭,公綿羊二隻,一歲無瑕疵的十四隻。
27 Sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka ho.
至於與公牛犢、公綿羊和公羔羊應同獻的素祭和奠祭,依數照例奉獻。
28 Momfa ɔpapo a aburoo afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sononko nka afɔdeɛ ahodoɔ a mobɔ no daa no ho.
除日常全燔祭及同獻的素祭和奠祭外,還應獻一隻公山羊作贖罪祭。
29 “‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nsia no, mode anantwie mma nwɔtwe, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan
第六日,應獻公牛犢八頭,公綿羊二隻,一歲無瑕疵的十四隻。
30 bɛka wɔn atokoɔ ne wɔn nsã afɔrebɔdeɛ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.
至於與公牛犢、公綿羊和公羔羊同獻的素祭和奠祭,依數照例奉獻。
31 Momfa ɔpapo a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛdeɛ moyɛ no daa no.
除日常全燔祭及同獻的素祭外,還應獻一隻公山羊作贖罪祭。
32 “‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nson no, mode anantwie mma nson, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan
第七日,應獻公牛犢七頭,公綿羊二隻,一歲無瑕疵的十四隻。
33 a mode atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho bɛbɔ afɔdeɛ.
至於與公牛犢、公綿羊和公羔羊應同獻的素祭和奠祭,依數照例奉獻。
34 Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho aka daa afɔrebɔ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.
除日常全燔祭及同獻的素祭和奠祭外,還應獻一隻金山羊作贖罪祭。
35 “‘Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, frɛ nnipa no nyinaa na wɔnhyia kommyɛ so. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa ɛda no.
第八日,你們應召開盛會,一切勞工都不許做。
36 Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani sɔ saa afɔdeɛ no. Momfa nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm nson mmɔ afɔdeɛ.
應獻全燔祭作為中悅上主的馨香火祭:即公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲無瑕疵的七隻。
37 Na sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ nka ho.
至於與公牛犢、公山羊和公羔羊及同獻的素祭和奠祭,依數照例奉獻。
38 Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho a daa afɔdeɛ a mobɔ no nso ka ho.
除日常全燔祭及同獻的素祭和奠祭外,還應獻一隻公山羊作贖罪祭。
39 “‘Sɛ mohyia didi afirinhyia no mu a, twa ara na ɛtwa sɛ mobɔ saa afɔdeɛ yi ma Awurade. Na ɛka mo afɔrebɔ a mobɔ fa ɛbɔ a moahyɛ anaa deɛ ɛfiri mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ, nsã afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no ho.’”
這是你們在慶節內,除那些為還願或自願所獻全燔祭、素祭、奠祭及和平祭外,所應獻給上主的祭獻」。
40 Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.
梅瑟全照上主所吩咐的一切,教訓了以色列子民。