< 4 Mose 26 >

1 Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ,
這次災禍以後,上主對梅瑟和大司祭亞郎的兒子厄肋阿匝爾說:
2 “Monkan Israelfoɔ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodoɔ a wɔbɛtumi akɔ ɔsa wɔ abusua biara mu.”
「你們應將以色列子民全會眾,凡二十歲以上,在以色列中能上陣作戰的,按家族再行登記。
3 Saa ɛberɛ no, na Israelman no nyinaa abɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔne Yeriko di nhwɛanimu. Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa kaa nhyehyɛeɛ a ɛfa nnipakan no ho kyerɛɛ Israelfoɔ ntuanofoɔ no sɛ,
梅瑟和司祭厄肋阿匝爾,就在約旦河邊耶利哥的對面,摩阿布曠野內,
4 “Monkan mmarima a wɔwɔ Israel a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.” Sɛdeɛ nnipakan no a ɛfa Israel mma a wɔfiri Misraim baeɛ no ano kɔsiiɛ nie.
統計了二十歲以上的人,照上主對梅瑟所吩咐的。從埃及國出來的以色列子民如下:
5 Yeinom ne mmusua a wɔyɛ Yakob babarima panin Ruben asefoɔ: Hanokfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok; Palufoɔ abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;
以色列的長子勒烏本:勒烏本床的:屬哈諾客人的,有哈諾客家族;屬帕路的,有帕路家族;
6 Hesronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron; Karmifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.
屬赫茲龍的,有赫茲龍家族;屬加爾米的,有加爾米家族:
7 Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ahanson aduasa.
以上是勒烏本家族,登記的人數,共計四萬三千七百三十。
8 Na Palu yɛ Eliab aseni,
帕路的子孫:厄里雅布。
9 na Nemuel na ɔwoo Eliab, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ a wɔne Kora yɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtia.
厄里雅布的兒子是乃慕耳、達堂和阿彼蘭。達堂和阿彼蘭原是會眾推選的人,在科辣黑黨派違背上主時,起來反抗梅瑟和亞郎。
10 Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa.
當時地裂開了口,將他們同科辣黑吞了下去;同時有火燒死了二百五十人:這樣全黨都消滅了,作為後人的鑑戒。
11 Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no.
但是科辣黑的兒子們卻沒有死亡。
12 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu: Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel. Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin. Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.
西滿盎的子孫:依照家族屬乃慕耳的,乃慕耳家族:屬雅明的,有雅明家族:屬雅津的,有雅明家族;
13 Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah; Saulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.
屬則辣黑的,有則辣黑家族;屬沙烏耳的,有沙烏耳家族:
14 Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu.
以上是西滿盎家族,人數共計二萬二千二百。
15 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Gad mmammarima mu: Sefonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon; Hagifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi. Sunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni.
加得的子孫:按照家族,屬責豐的,有責豐家族;屬哈基的,有哈基家族;屬叔尼的,有叔尼家族,
16 Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni. Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;
屬敖次尼的,有敖次尼家族;屬厄黎的,有厄黎家族;
17 Arodfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Arod. Arelifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.
屬阿洛得的,有阿洛得家族;屬阿勒里的,有阿勒里家族:
18 Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan ne ahanum.
以上是加得子孫的家族,登記的人數共計四萬五百。
19 Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so.
猶大的兒子:厄爾和敖難。厄爾和敖難死在客納罕地。
20 Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase. Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela. Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres. Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.
猶大的子孫:按照家族:屬舍拉的,有舍拉家族;屬培勒茲的,有培勒茲家族;屬則辣黑的,有則辣黑家族。
21 Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase. Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron. Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.
培肋勒茲的子孫:屬赫茲龍的,有赫茲龍家族;屬哈慕耳的,有哈慕耳家族:
22 Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduɔson nsia ne ahanum.
以上是猶大家族,登記的人數,共計七萬六千五百。
23 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase: Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola. Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa.
依撒加爾的子孫:按照家族,屬托拉的,有托拉家族;屬普瓦的,有普瓦家族;
24 Yasubfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub. Simronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.
屬雅叔布的,有雅叔布家族;屬史默龍的,有史默龍家族:
25 Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia nan ne ahasa.
以上是依撒加爾家族,登記人數共計六萬四千三百。
26 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Sebulon mmammarima ase: Seredfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered. Elonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon. Yakleefoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.
則步隆的子孫:依照家族,屬色勒得的,有色勒得家族;屬厄隆的,有厄隆家族;屬雅赫肋耳的,有雅赫肋耳家族:
27 Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ne ahanum.
以上是則步隆家族,登記的人數,共計六萬五百。
28 Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ.
若瑟的子孫:依照家族,默納協族和厄弗辣因族。
29 Manase asefoɔ: Makirfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir. Gileadfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.
默納協的子孫:屬瑪基爾的,有瑪基爾家族;瑪基爾生了基肋阿得,屬基肋阿得的,有基肋阿得家族。
30 Yeinom ne mmusua nketewa a wɔfiri Gileadfoɔ ase: Yeserfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser. Helekfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Helek.
以上是基肋阿得的家族:屬耶則爾的,有則爾家族;屬赫肋克的,有赫肋克家族;
31 Asrielfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel. Sekemfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem.
屬阿斯黎耳的,有阿斯黎耳家族;屬舍根的,有舍根家族;
32 Semidafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida. Heferfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.
屬舍米達的,有舍米達家族;屬赫斐爾的,有赫斐爾家族。
33 Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
赫斐爾的兒子責羅斐哈得沒有兒子,只有女兒;責羅斐哈得的女兒的名字是:瑪赫拉、諾阿、曷革拉、米耳加和提爾匝:
34 Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson.
以上是默納協家族,登記 木人數共計二萬二千七百。
35 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase: Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela. Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker. Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.
以下是厄弗辣因的 床4:按照家族,屬叔特拉的,有叔特拉家族;屬貝革爾的,有貝革爾家族;屬塔罕的,有塔罕家族。
36 Na yei yɛ abusua nketewa a wɔfiri Sutela ase: Eranfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.
以下是叔特拉的子孫:屬厄蘭的家族,有厄蘭家族。
37 Mmarima a na wɔwɔ Efraim mmusua nketewa no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanum. Manase ne Efraim mmusua nyinaa yɛ Yosef asefoɔ.
以上是厄弗辣因子孫家族,登記的人數共計三萬二千戶26 五百:以上按照家族,都是若瑟的子孫。
38 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Benyamin mmammarima mu. Belafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela. Asbelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel. Ahiramfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram.
本雅明的子孫:按照家族,屬貝拉的,有貝拉家族;屬阿市貝耳的,屬阿市貝耳的,有阿市貝耳家族;屬阿希蘭的,有阿希蘭家族;
39 Sufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam. Hufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.
屬舍孚番的,有舍孚番舍孚番家族;屬胡番的,有胡番家族。
40 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Belafoɔ mu. Ardfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Ard. Naamanfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Naaman.
貝拉的兒子是阿爾德和納阿曼。屬阿爾德的,有阿爾德家族;屬納阿曼的,有納阿曼家族;
41 Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahansia.
按照家族,這些都是本雅明的子孫,登記的人數共計四萬五千六百。
42 Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu. Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan mmusua no nyinaa yɛ Suhamfoɔ.
以下是丹的子孫:按照家族,屬叔罕的,有叔罕家族;按照家族,這是丹的家族。
43 Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan.
叔罕全家族登記的人數,共計六萬四千四百。
44 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu. Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna. Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui. Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.
阿協爾的子孫:按照家族,屬依默納的,有依默納家族;屬依市偉的,有依市偉家族;屬貝黎雅的,有貝黎雅家族。
45 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu. Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber. Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.
貝黎雅的子孫:屬赫貝爾的,有赫貝爾家族;屬有瑪耳基的,有瑪耳基家族。
46 Na Aser wɔ ɔbabaa bi a ne din de Sera.
阿協的女兒的名字是色辣黑。
47 Mmarima a na wɔwɔ Aser mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.
以上是阿協爾子孫家族,登記的人數共計五萬三千四百。
48 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Naftali mmammarima mu. Yakseelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel. Gunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn agya Guni.
納斐塔里的子孫:按照家族,屬雅赫責耳的,有雅赫責耳家族;屬古尼的,有古尼家族;
49 Yeserfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser. Silemfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.
屬耶責耳的,有耶責耳家族;屬史冷的,有史冷家族;
50 Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahanan.
按照家族,這些都是納斐塔里家族,他們登記的人數共計四萬五千四百。
51 Enti, nnipa dodoɔ a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa.
以色列登記的人數共計六十萬一千七百三十。
52 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
上主訓示梅瑟說:
53 “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.
「你應照登記的名額,將土地分配給他們作為 產業:
54 Ma abusua a ɛso no asase kɛseɛ na abusua a ɛsua no asase ketewa.
人數多的應多給,人數少的應少給 ;各依照登記的名額分配產業。
55 Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ sɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so.
但還應抽籤來分配土地,各按宗族支系的名字領取產業。
56 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapadeɛ no kyekyɛ so wɔ akuo akɛseɛ ne nketewa no mu.”
看人數的多寡,來抽籤,給他們分配產業。
57 Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie: Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari.
以下是按照家族登記的肋未人:屬革爾雄的,有革爾雄家族;屬刻哈特的,有刻哈特家族;屬默辣黎的,有默辣黎家族。
58 Yeinom nso yɛ Lewifoɔ mmusua: Libnifoɔ, Hebronfoɔ, Mahlifoɔ, Musifoɔ ne Korafoɔ. Kohat yɛ Amram tete agya;
以下是肋未的家族:里貝尼家族,瑪赫里家族,慕史家族,科辣黑家族。刻哈特生了阿默蘭;
59 Ɛberɛ a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabaa a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.
阿默蘭的妻子名叫約革貝得,是肋未的女兒,她在埃及出生,給阿默蘭生了亞郎家族;梅瑟和他們的姊妹米黎盎。
60 Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.
亞郎生了納達布、阿彼胡、厄肋阿匝爾和依塔瑪爾
61 Nanso, ɛberɛ a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wɔwuwuiɛ.
納達布和阿彼胡在上主面前獻了凡火,遭遇了死亡。
62 Nnipakan no mu na Lewifoɔ nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmiɛnsa. Wɔkan mmarima a wɔadi firi bosome kɔsi mpanimfoɔ so. Nanso, wɔammu Lewifoɔ no ano anka Israel nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuo no, wɔamma Lewifoɔ no bi.
一月以上的男子,登記共計二萬三千;他們沒有登記在以色列子民的數目內,因為在以色列子民中沒有分得產業。
63 Enti, sɛdeɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔ a ɛbɛn Asubɔnten Yordan na ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ne no.
這是梅瑟和厄肋阿匝爾,在約旦河邊,耶利哥的對面,摩阿布曠野內,所統計的以色列子民的人數。
64 Saa nnipa yi nyinaa, wɔn mu baako mpo nni hɔ a nnipakan a ɛdi ɛkan no, wɔkan no wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ,
他們中沒有一個是梅瑟和大司祭亞郎,在西乃曠野統計以色列子民時,所統計過的人民,
65 ɛfiri sɛ, na mfeɛ aduanan atwam enti na wɔn a wɔkan wɔn kane no nyinaa awuwu sɛdeɛ Awurade kaeɛ sɛ. “Wɔbɛwuwu wɔ ɛserɛ so” no. Wɔn a ɛkaa wɔn ara ne Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.
因為上主論及他們曾說過,他們必死在曠野。實在,除了耶孚乃的兒子加肋布和農的兒子若蘇厄外,他們中沒有剩下一人。

< 4 Mose 26 >