< 4 Mose 24 >

1 Afei, Balaam hunuu sɛ Awurade pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so,
Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so.
2 hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so,
Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so,
3 na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie; nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,
na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ, nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,
4 deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm; deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ; na ɔda fam, a nʼani gu so:
nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ; nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ; na ɔda fam, a nʼani hu ade:
5 “Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ, Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka.
“Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ, Israel, mo atenae yɛ ahomeka!
6 “Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo, te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho. Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua, te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho.
“Ɛtrɛtrɛw sɛ abon, sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho. Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua, te sɛ sida a esisi nsu ho.
7 Wɔbɛnya nsuo bebree. Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa. “Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag; wɔn ahennie bɛkorɔn.
Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu. Wɔn aba benya nsu ama aboro so. “Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag; wɔn ahenni bɛkorɔn.
8 “Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba; ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie. Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa, ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini, ɔto bɛmma wowɔ wɔn.
“Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae; wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi. Wɔsɛe atirimɔdenfo aman na wobubu wɔn nnompe mu asinasin, wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.
9 Israel butu hɔ sɛ gyata; ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no? “Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo, na nnome nka obiara a ɔdome wo.”
Wobutuw da sɛ gyata; te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn? “Wobehyira wɔn a wohyira wo, na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”
10 Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa.
Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa.
11 Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!”
Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”
12 Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ,
Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se,
13 ‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka.
‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.
14 Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.”
Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.”
15 Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie; nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,
Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ, nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye,
16 deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm; deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ; na ɔda fam, a nʼani gu so:
nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ, nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no hɔ, nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ, na ɔda fam, a nʼani hu ade no:
17 “Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei; mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri. Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu! Ahempoma bɛfiri Israel mu. Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri, na wapaapae Moab mma tikwankora.
“Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren; mehwɛ no, nanso ɔmmɛn. Nsoromma bepue afi Yakob mu; ahempema bepue afi Israel mu. Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti, Moabfo nyinaa tikora.
18 Wɔbɛfa Edom, na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim, na Israel bɛkɔ so adi nkonim.
Wɔbɛfa Edom, na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim, na Israel bɛkɔ so ayɛ den.
19 Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu ɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ.”
Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu ɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo.”
20 Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm sɛ, “Amalek na na ɛyɛ aman nyinaa abakan, nanso ne hyɛberɛ ne ɔsɛeɛ!”
Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm: “Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan, nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa.”
21 Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm sɛ, “Mo atenaeɛ yɛ pa ara, wanwono mo pirebuo wɔ abotan mu.
Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Mo atenae wɔ bammɔ, wɔanwen mo berebuw wɔ abotan mu;
22 Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔ ɛberɛ a Asurhene afa mo nnomum.”
Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifo bere a Asur fa mo nnommum no.”
23 Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne sɛ: “Aa, sɛ Onyankopɔn yɛ sei a, hwan na ɔbɛtena nkwa mu?
Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu?
24 Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano aba Na abɛka Eber ne Asur ahyɛ. Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”
Ahyɛn befi Kipro mpoano aba; wobedi Eber ne Asur so. Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”
25 Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom.
Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.

< 4 Mose 24 >