< 4 Mose 2 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:
And the Lord spoke to Moses and Aaron, saying:
2 “Abusua biara bɛnya nʼafa wɔ atenaeɛ hɔ, na ekuo biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenaeɛ ahodoɔ no mfimfini na wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no bɛsi.”
“Each one shall make camp, by their troops, as well as by their insignia and standards, and by the houses of their kinships, all around the tabernacle of the covenant.”
3 Apueeɛ fam, baabi a owia pue firi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɔ wɔn atenaeɛ wɔ wɔn frankaa ase. Yudafoɔ ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.
To the east, Judah shall fix his tents, by the companies of his army. And the leader of his sons shall be Nahshon the son of Amminadab.
4 Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson ɛnan ne ahansia.
And the entire total of the fighting men from his stock was seventy-four thousand six hundred.
5 Isakar abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.
Beside him, those of the tribe of Issachar were encamped, whose leader was Nathanael the son of Zuar.
6 Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ɛnan ne ahanan.
And the entire number of his fighting men was fifty-four thousand four hundred.
7 Sebulon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab.
In the tribe of Zebulon, the leader was Eliab the son of Helon.
8 Na ne dɔm no ano si mpem aduonum nson ne ahanan.
All the army of fighting men from his stock were fifty-seven thousand four hundred.
9 Enti na nnipa dodoɔ a wɔwɔ Yuda atenaeɛ no nyinaa sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan. Sɛ Israelfoɔ no tu a, saa mmusuakuo mmiɛnsa yi na ɛdi ɛkan.
All who were numbered in the camp of Judah were one hundred eighty-six thousand four hundred. And these, by their companies, shall go forth first.
10 Anafoɔ fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɛbɔ wɔn atenaeɛ de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.
In the camp of the sons of Ruben, toward the south side, the leader shall be Elizur the son of Shedeur.
11 Ne dɔm ano si mpem aduanan nsia ne ahanum.
And the entire army of his fighting men, who were numbered, were forty-six thousand five hundred.
12 Simeon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel.
Beside him, those of the tribe of Simeon were encamped, whose leader was Shelumiel the son of Zurishaddai.
13 Ne dɔm ano si mpem aduonum nkron ne ahasa.
And the entire army of his fighting men, who were numbered, were fifty-nine thousand three hundred.
14 Gad abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf.
In the tribe of Gad, the leader was Eliasaph the son of Reuel.
15 Na ne dɔm ano si mpem aduanan enum ahansia ne aduonum.
And the entire army of his fighting men, who were numbered, were forty-five thousand six hundred fifty.
16 Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum. Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu.
All who were counted in the camp of Ruben were one hundred fifty thousand and one thousand four hundred fifty, by their companies. These shall advance in the second place.
17 Afei Lewifoɔ no de Ahyiaeɛ Ntomadan bɛfiri wɔn atenaeɛ mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuo no nyinaa bɛkɔ no nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn atenaeɛ nhyehyɛeɛ teɛ, wɔ wɔn mmusuakuo mfrankaa akyi.
But the tabernacle of the testimony shall be lifted up by the officers of the Levites and their companies. In the manner in which it is set up, so also shall it be taken down. Each one shall advance according to their places and ranks.
18 Efraim abusuakuo bɛfa atenaeɛm hɔ atɔeɛ fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama.
On the west side, there shall be the camp of the sons of Ephraim, whose leader was Elishama the son of Ammihud.
19 Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahanum.
The entire army of his fighting men, who were numbered, were forty thousand five hundred.
20 Manase abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel.
And with them was the tribe of the sons of Manasseh, whose leader was Gamaliel the son of Pedahzur.
21 Ne dɔm ano si mpem aduasa mmienu ne ahanum.
And the entire army of his fighting men, who were numbered, were thirty-two thousand two hundred.
22 Benyamin abusuakuo na wɔdi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan.
In the tribe of the sons of Benjamin, the leader was Abidan the son of Gideoni.
23 Ne dɔm ano si mpem aduasa enum ne ahanan.
And the entire army of his fighting men, who were counted, were thirty-five thousand four hundred.
24 Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha ne nnwɔtwe ne ɔha baako. Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmiɛnsa.
All who were numbered in the camp of Ephraim were one hundred eight thousand one hundred, by their companies. These shall advance third.
25 Dan abusuakuo bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser.
Toward the north side, the sons of Dan were encamped, whose leader was Ahiezer the son of Ammishaddai.
26 Ne dɔm ano si mpem aduosia mmienu ne ahanson.
The entire army of his fighting men, who were numbered, were sixty-two thousand seven hundred.
27 Aser abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel.
Beside him, those of the tribe of Asher fixed their tents, whose leader was Pagiel the son of Ochran.
28 Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahanum.
The entire army of his fighting men, who were numbered, were forty thousand and one thousand five hundred.
29 Naftali abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira.
From the tribe of the sons of Naphtali, the leader was Ahira the son of Enan.
30 Ne dɔm ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.
The entire army of his fighting men were fifty-three thousand four hundred.
31 Mmarima a wɔwɔ Dan atenaeɛ no ano si mpem ɔha aduonum nson ne ahansia.
All who were numbered in the camp of Dan were one hundred fifty-seven thousand six hundred; and these shall advance at the very end.
32 Sei na Israelfoɔ a wɔkan wɔn mmusuakuo mmusuakuo no teɛ. Wɔn a wɔwɔ atenaeɛ hɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa ahanum ne aduonum.
This is the number of the sons of Israel, of their army divided by the houses of their kinships and their companies: six hundred three thousand five hundred fifty.
33 Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifoɔ no anka Israelfoɔ no ho.
But the Levites were not numbered among the sons of Israel. For so the Lord had instructed Moses.
34 Enti Israelfoɔ yɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenaeɛ, tenatenaa wɔn frankaa ahodoɔ ase, na wɔnantee nnidisoɔ nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.
And the sons of Israel acted according to all the things that the Lord had commanded. They were encamped by their companies, and they advanced by the families and houses of their fathers.

< 4 Mose 2 >