< 4 Mose 12 >

1 Ɛda koro bi Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani.
Musa Kûşlu bir kadınla evlenmişti. Bundan dolayı Miryam'la Harun onu yerdiler.
2 Afei, wɔkaa sɛ, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so? Na yɛn nso ɔnnkasa mfa yɛn so bi anaa?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.
“RAB yalnız Musa aracılığıyla mı konuştu?” dediler, “Bizim aracılığımızla da konuşmadı mı?” RAB bu yakınmaları duydu.
3 Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sene obiara a ɔte asase yi so.
Musa yeryüzünde yaşayan herkesten daha alçakgönüllüydü.
4 Ntɛm so, ɔfrɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mo baasa no mommra ha.” Enti wɔbɛgyinagyinaa Awurade anim.
RAB ansızın Musa, Harun ve Miryam'a, “Üçünüz Buluşma Çadırı'na gelin” dedi. Üçü de gittiler.
5 Afei, Awurade nam omununkum no mu siane ba bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Ɛberɛ a wɔtwe kɔɔ wɔn anim no,
RAB bulut sütununun içinde indi. Çadırın kapısında durup Harun'la Miryam'ı çağırdı. İkisi ilerlerken
6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie me, “Sɛ Awurade odiyifoɔ wɔ mo mu a, menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no, me kasa kyerɛ no daeɛ mu.
RAB onlara seslendi: “Sözlerime kulak verin: Eğer aranızda bir peygamber varsa, Ben RAB görümde kendimi ona tanıtır, Onunla düşte konuşurum.
7 Nanso ɛnte saa wɔ me ɔsomfoɔ Mose ho. Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ.
Ama kulum Musa öyle değildir. O bütün evimde sadıktır.
8 Me ne no kasa animu ne animu, kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abɛbuo. Na ɔhunu Awurade sɛdeɛ ɔteɛ. Adɛn enti na moansuro sɛ mobɛkasa atia me ɔsomfoɔ Mose?”
Onunla bilmecelerle değil, Açıkça, yüzyüze konuşurum. O RAB'bin suretini görüyor. Öyleyse kulum Musa'yı yermekten korkmadınız mı?”
9 Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ.
RAB onlara öfkelenip oradan gitti.
10 Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom hɔ ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no,
Bulut çadırın üzerinden ayrıldığında Miryam deri hastalığına yakalanmış, kar gibi bembeyaz olmuştu. Harun Miryam'a baktı, deri hastalığına yakalandığını gördü.
11 ɔteaam sɛ, “Ao, Owura, nnyina saa bɔne yi so nntwe yɛn aso; yɛyɛ nkwaseafoɔ sɛ yɛyɛɛ adeɛ a ɛte saa.
Musa'ya, “Ey efendim, lütfen akılsızca işlediğimiz günahtan ötürü bizi cezalandırma” dedi,
12 Mma no nyɛ sɛ owufoɔ a ne fa aporɔ firi nʼawoɔ mu.”
“Miryam etinin yarısı yenmiş olarak ana rahminden çıkan ölü bir bebeğe benzemesin.”
13 Na Mose teaam frɛɛ Awurade sɛ, “Ao, Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yadeɛ!”
Musa RAB'be, “Ey Tanrı, lütfen Miryam'ı iyileştir!” diye yakardı.
14 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ nʼagya tee ntasuo guu nʼanim a, anka ne ho bɛgu fi nnanson. Monyi no mfiri atenaeɛ ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyire no, ɔbɛtumi aba bio.”
RAB, “Babası onun yüzüne tükürseydi, yedi gün utanç içinde kalmayacak mıydı?” diye karşılık verdi, “Onu yedi gün ordugahtan uzaklaştırın, sonra geri getirilsin.”
15 Enti wɔtwaa Miriam asuo firii atenaeɛ hɔ ma ɔkɔdii nnanson. Nnipa no twɛn kɔsii sɛ wɔsane de no baeɛ ansa na wɔretu kwan no bio.
Böylece Miryam yedi gün ordugahtan uzaklaştırıldı, o geri getirilene dek halk yola çıkmadı.
16 Ɛno akyi, wɔfirii Haserot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.
Bundan sonra halk Haserot'tan ayrılıp Paran Çölü'nde konakladı.

< 4 Mose 12 >