< Nehemia 9 >
1 Bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) ɛda a ɛtɔ so aduasa baako no, ɔmanfoɔ no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, firaa ayitoma, tuu mfuturo petee wɔn tirim.
And in the four and twentieth day of the month the children of Israel came together with fasting and with sackcloth, and earth upon them.
2 Ɛberɛ a wɔreka wɔn ankasa bɔne ne wɔn agyanom bɔne no, Israelfoɔ no twee wɔn ho firii ananafoɔ nyinaa ho.
And the seed of the children of Israel separated themselves from every stranger: and they stood, and confessed their sins, and the iniquities of their fathers.
3 Wɔkenkan Awurade, wɔn Onyankopɔn, mmara nwoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwere mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwere mmiɛnsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisoɔ nnidisoɔ wɔ ɛberɛ a na wɔresom Awurade, wɔn Onyankopɔn.
And they rose up to stand: and they read in the book of the law of the Lord their God, four times in the day, and four times they confessed, and adored the Lord their God.
4 Na Lewifoɔ no bi gyina ntrapoe so reteam frɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.
And there stood up upon the seep of the Levites, Josue, and Bani, and Cedmihel, Sabania, Bonni, Sarebias, Bani, and Chanani: and they cried with a loud voice to the Lord their God.
5 Afei, Lewifoɔ ntuanofoɔ a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teaam frɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so sɛ, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sene sɛdeɛ yɛbɛtumi adwene anaa deɛ yɛbɛka.
And the Levites Josue and Cedmihel, Bonni, Hasebnia, Serebia, Oduia, Sebnia, and Phathahia, said: Arise, bless the Lord your God from eternity to eternity: and blessed be the high name of thy glory with all blessing and praise.
6 Wo nko ara ne Awurade. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu ɔsoro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfoɔ nyinaa som wo.
Thou thyself, O Lord alone, thou hast made heaven, and the heaven of heavens, and all the host thereof: the earth and all things that are in it: the seas and all that are therein: and thou givest life to all these things, and the host of heaven adoreth thee.
7 “Woyɛ Awurade Onyankopɔn a woyii Abram firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so, sane too no edin Abraham.
Thou, O Lord God, art he who chosest Abram, and broughtest him forth out of the fire of the Chaldeans, and gavest him the name of Abraham.
8 Ɔdii wo nokorɛ no, wo ne no yɛɛ apam sɛ, wode Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ Yebusifoɔ ne Girgasifoɔ asase bɛma ɔne nʼasefoɔ. Na wodii wo bɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, daa wodi wʼasɛm so.
And thou didst find his heart faithful before thee: and thou madest a covenant with him, to give him the land of the Chanaanite, of the Hethite, and of the Amorrhite, and of the Pherezite, and of the Jebusite, and of the Gergezite, to give it to his seed: and thou hast fulfilled thy words, because thou art just.
9 “Wohunuu amane ne awerɛhoɔ a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su firi Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.
And thou sawest the affliction of our fathers in Egypt: and thou didst hear their cry by the Red Sea.
10 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ kyerɛɛ Farao, nʼasomfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ, na wonim nhyɛsoɔ ɛkwan a na Misraimfoɔ no de wɔn fa so. Wowɔ animuonyam a ahyeta a ani mpa so da.
And thou shewedst signs and wonders upon Pharao, and upon all his servants, and upon the people of his land: for thou knewest that they dealt proudly against them: and thou madest thyself a name, as it is at this day.
11 Wopaee ɛpo mu maa wo nkurɔfoɔ, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa asase wesee so. Na wopuaa wɔn atamfoɔ guu ɛpo bunu mu. Wɔmemem sɛ aboɔ wɔ nsubunu a emu dɔ no ase.
And thou didst divide the sea before them, and they passed through the midst of the sea on dry land: but their persecutors thou threwest into the depth, as a stone into mighty waters.
12 Wonam omununkum fadum so dii yɛn agyanom anim awia ne ogya fadum so, dii wɔn anim anadwo sɛdeɛ wɔbɛhunu ɛkwan.
And in a pillar of a cloud thou wast their leader by day, and in a pillar of Are by night, that they might see the way by which they went.
13 “Wosianee bepɔ Sinai, kasa kyerɛɛ wɔn firi ɔsoro. Wode mmara a ɛyɛ turodoo ne ahyɛdeɛ a ɛyɛ nokorɛ brɛɛ wɔn.
Thou camest down also to mount Sinai, and didst speak with them from heaven, and thou gavest them right judgments, and the law of truth, ceremonies, and good precepts.
14 Wokyerɛɛ wɔn mmara a ɛfa wo homeda kronkron ho. Na wonam wo ɔsomfoɔ Mose so hyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsi nni wʼahyɛdeɛ ne wo mmara no nyinaa so.
Thou madest known to them thy holy sabbath, and didst prescribe to them commandments, and ceremonies, and the law by the hand of Moses thy servant.
15 Ɛberɛ a ɛkɔm de wɔn no, womaa wɔn burodo a ɛfiri ɔsoro ne nsuo a ɛfiri ɔbotan mu wɔ ɛberɛ a sukɔm de wɔn no. Wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔfa asase a woaka ho ntam sɛ wode bɛma wɔn no.
And thou gavest them bread from heaven in their hunger, and broughtest forth water for them out of the rock in their thirst, and thou saidst to them that they should go in, and possess the land, upon which thou hadst lifted up thy hand to give it them.
16 “Nanso, yɛn agyanom yɛɛ ahantan ne asoɔden, na wɔanni wʼahyɛdeɛ so.
But they and our fathers dealt proudly, and hardened their necks and hearkened not to thy commandments.
17 Wɔantie, na wɔankae wʼanwanwadeɛ a woyɛ maa wɔn no. Mmom, wɔyɛɛ dɔm yii ntuanoni sɛ ɔnsane mfa wɔn nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Misraim. Nanso, woyɛ ɔfakyɛfoɔ, ahummɔborɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu na wʼadɔeɛ dɔɔso. Woannyaa wɔn
And they would not hear, and they remembered not thy wonders which thou hadst done for them. And they hardened their necks, and gave the head to return to their bondage, as it were by contention. But thou, a forgiving God, gracious, and merciful, longsuffering, and full of compassion, didst not forsake them.
18 wɔ ɛberɛ a wɔyɛɛ ohoni sɛso a ɔte sɛ nantwie ba na wɔkaa sɛ, ‘Yei ne mo nyame a ɔyii mo firii Misraim no.’ Wɔyɛɛ bɔne, kekaa abususɛm a ɛyɛ hu.
Yea when they had made also to themselves a molten calf, and had said: This is thy God, that brought thee out of Egypt: and hail committed great blasphemies:
19 “Nanso, wo mmɔborɔhunu mu, woannyaa wɔn amma wɔanwuwu wɔ ɛserɛ no so. Omununkum fadum no kɔɔ so dii wɔn anim awia, na ogya fadum no kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo.
Yet thou, in thy many mercies, didst not leave them in the desert: the pillar of the cloud departed not from them by day to lead them in the way, and the pillar of fire by night to shew them the way by which they should go.
20 Wosomaa wo honhom pa no kyerɛɛ wɔn deɛ wɔnyɛ, na woannyae sɛ wobɛma wɔn burodo afiri soro anaa nsuo wɔ ɛberɛ a sukɔm de wɔn.
And thou gavest them thy good Spirit to teach them, and thy manna thou didst not withhold from their mouth, and thou gavest them water for their thirst.
21 Wohwɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so. Saa ɛberɛ no, biribiara anhia wɔn. Wɔn ntadeɛ antete, na wɔn anan ase antaatae.
Forty years didst thou feed them in the desert, and nothing was wanting to them: their garments did not grow old, and their feet were not worn.
22 “Woboaa yɛn agyanom, ma wɔdii ahemman akɛseɛ ne aman bebree so, na wode wo nkurɔfoɔ duaa aman no afanan nyinaa so. Wɔfaa ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon ne Basanhene Og asase no nyinaa.
And thou gavest them kingdoms, and nations, and didst divide lots for them: and they possessed the land of Sehon, and the land of the king of Hesebon, and the land of Og king of Basan.
23 Womaa wɔn asefoɔ dɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wode wɔn baa asase a woahyɛ wɔn agyanom ho bɔ no so.
And thou didst multiply their children as the stars of heaven, and broughtest them to the land concerning which thou hadst said to their fathers, that they should go in and possess it.
24 Wɔkɔfaa asase no. Wobrɛɛ aman no nyinaa ase wɔ wɔn anim. Na, mpo, ahemfo ne Kanaanfoɔ a wɔtenaa asase no so no tumi saeɛ. Wo nkurɔfoɔ ne wɔn dii no sɛdeɛ wɔpɛ.
And the children came and possessed the land, and thou didst humble before them the inhabitants of the land, the Chanaanites, and gavest them into their hands, with their kings, and the people of the land, that they might do with them as it pleased them.
25 Yɛn agyanom faa nkuro a wɔabɔ ho ban ne nsase bereɛ no. Wɔfaa afie a nnepa wɔ mu ne nsuseneeɛ a wɔatutu dada no ne bobefuo ne ngofuo ne nnuabafuo no bebree. Enti, wɔdidiiɛ ara kɔsii sɛ wɔdodɔreeɛ, yɛɛ akɛseɛ, na wɔn ani gyee wɔn ho wɔ wo nhyira mu.
And they took strong cities and a fat land, and possessed houses full of all goods: cisterns made by others, vineyards, and oliveyards, and fruit trees in abundance: and they ate, and were filled, and became fat, and abounded with delight in thy great goodness.
26 “Nanso, yeinom nyinaa akyi no, wɔyɛɛ asoɔden, yɛɛ dɔm tiaa wo. Wɔtoo wo mmara no guu nkyɛn. Wɔkunkumm adiyifoɔ no a wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsane mmra wo nkyɛn no, na wɔkaa abususɛm a ɛyɛ hu.
But they provoked thee to wrath, and departed from thee, and threw thy law behind their backs: and they killed thy prophets, who admonished them earnestly to return to thee: and they were guilty of great blasphemies.
27 Enti, wode wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa. Nanso, wɔn amanehunu mu no, wɔsu frɛɛ wo, na wotiee wɔn firi ɔsoro. Na ahummɔborɔ a ɛso mu, wosomaa agyefoɔ a wɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ nsam.
And thou gavest them into the hands of their enemies, and they afflicted them. And in the time of their tribulation they cried to thee, and thou heardest from heaven, and according to the multitude of thy tender mercies thou gavest them saviours, to save them from the hands of their enemies.
28 “Nanso, na nneɛma nyinaa rekɔ so yie no, wo manfoɔ sane kɔɔ bɔne mu bio, na wosane maa wɔn atamfoɔ dii wɔn so. Nanso, ɛberɛ biara a wo nkurɔfoɔ bɛsu afrɛ wo bio, apɛ mmoa no, wotiee bio firi ɔsoro. Wʼahummɔborɔ nwanwa enti, wogyee wɔn ntoatoasoɔ.
But after they had rest, they returned to do evil in thy sight: and thou leftest them in the hand of their enemies, and they had dominion over them. Then they returned, and cried to thee: and thou heardest from heaven, and deliveredst them many times in thy mercies.
29 “Wobɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnsane mmɛdi wo mmara no so nanso, wɔyɛɛ ahomasoɔ ne asoɔden a wɔanni wʼahyɛdeɛ no so. Wɔanni wo mmara a sɛ nnipa di so a, wɔnam so bɛnya nkwa. Nanso, wɔnam ahomasoɔ so danee wɔn akyi kyerɛɛ wo a wɔampɛ sɛ wɔbɛtie wo.
And thou didst admonish them to return to thy law. But they dealt proudly, and hearkened not to thy commandments, but sinned against thy judgments, which if a man do, he shall live in them: and they withdrew the shoulder, and hardened their neck, and would not hear.
30 Wo dɔ enti, wonyaa wɔn ho ntoboaseɛ mfeɛ bebree. Wosomaa wo honhom a ɔnam adiyifoɔ so bɔɔ wɔn kɔkɔ faa wɔn bɔne ho. Nanso, ɛkɔka he ara a, wɔntie. Enti, bio, womaa abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase yi so no ho kwan, ma wɔdii wɔn so.
And thou didst forbear with them for many years, and didst testify against them by thy spirit by the hand of thy prophets: and they heard not, and thou didst deliver them into the hand of the people of the lands.
31 Nanso, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso enti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfoɔ ne ahummɔborɔ Onyankopɔn.
Yet in thy very many mercies thou didst not utterly consume them, nor forsake them: because thou art a merciful and gracious God.
32 “Afei, yɛn Onyankopɔn, ɔkɛseɛ, otumfoɔ ne ɔnwanwani Onyankopɔn a ne dɔ apam a ɔyɛeɛ no ɔmmu so, mma yɛn amanehunu a yɛkɔɔ mu no nyinaa nnyɛ ɔkwa wɔ wʼanim. Ɔhaw kɛseɛ aba yɛn ne yɛn ahemfo, yɛn ahenemma ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne yɛn agyanom so, firi ɛberɛ a Asiria ahemfo didii yɛn so nkonim, de bɛsi saa ɛberɛ yi.
Now therefore our God, great, strong and terrible, who keepest covenant and mercy, turn not away from thy face all the labour which hath come upon us, upon our kings, and our princes, and our priests, and our prophets, and our fathers, and all the people from the days of the king of Assur, until this day.
33 Ɛberɛ biara a wobɛtwe yɛn aso no, na ɛfata. Yɛayɛ bɔne kɛseɛ a wotwe yɛn aso sɛdeɛ ɛsɛ wɔ so.
And thou art just in all things that have come upon us: because thou hast done truth, but we have done wickedly.
34 Yɛn ahemfo, ahenemma, asɔfoɔ, ne yɛn agyanom no anni wo mmara so anaa wʼahyɛdeɛ ne wo kɔkɔbɔ denden no so.
Our kings, our princes, our priests, and our fathers have not kept thy law, and have not minded thy commandments, and thy testimonies which thou hast testified among them.
35 Mpo, ɛberɛ a wɔn ankasa nyaa wɔn ahemman no, wɔansom wo wɔ ɛberɛ a woahwie wʼayamyɛ adom agu wɔn so no. Womaa wɔn nsase pa akɛseɛ nanso, wɔannu wɔn ho amfiri wɔn amumuyɛsɛm ho.
And they have not served thee in their kingdoms, and in thy manifold goodness, which thou gavest them, and in the large and fat land, which thou deliveredst before them, nor did they return from their most wicked devices.
36 “Enti, seesei, yɛyɛ nkoa wɔ asase a nnepa abu so wɔ so a wode maa yɛn agyanom no so. Dodoɔ yi nyinaa mu, yɛyɛ nkoa.
Behold we ourselves this day are bondmen: and the land, which thou gavest our fathers, to eat the bread thereof, and the good things thereof, and we ourselves are servants in it.
37 Afudeɛ a ɛbu so boro so no nyinaa akɔdi ahemfo a ɛsiane yɛn bɔne enti, woatu wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no nsam. Wɔwɔ yɛn ne yɛn anantwie so tumi. Yɛsom wɔn sɛdeɛ wɔpɛ, na yɛwɔ ahokyere kɛseɛ mu.
And the fruits thereof grow up for the kings, whom thou hast set over us for our sins, and they have dominion over our bodies, and over our beasts, according to their will, and we are in great tribulation.
38 “Yeinom nyinaa akyi, yɛnam nkurukyire so rehyɛ bɔ a emu yɛ den. Saa nsɔano krataa yi mu na yɛn ahenemma ne Lewifoɔ ne asɔfoɔ din wɔ.”
And because of all this we ourselves make a covenant, and write it, and our princes, our Levites, and our priests sign it.