< Nehemia 4 >

1 Ɛberɛ a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo fuu yie. Nʼani beree yie, dii Yudafoɔ no ho fɛ,
茲にサンバラテわれらが石垣を築くを聞て怒り大に憤ほりてユダヤ人を罵れり
2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafoɔ mpanimfoɔ anim sɛ, “Ɛdeɛn na Yudafoɔ ahiafoɔ, mmɔborɔfoɔ ekuo yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wɔgye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔdeɛ sɛ ɛdeɛn koraa a, wɔbɛtumi de ɛda koro ato ɔfasuo yi anaa? Monhwɛ aboɔ a ahye asɛeɛ yi a wɔreyiyi afiri nkunkumaboɔ yi mu de ayɛ adwuma bio?”
即ち彼その兄弟等およびサマリアの軍兵の前に語りて言ふ此軟弱しきユダヤ人何を爲や自ら強くせんとするか獻祭をなさんとするか一日に事を終んとするか塵堆の中の石は旣に燬たるに之を取出して活さんとするかと
3 Na Amonni Tobia a na ɔgyina ne nkyɛn kaa sɛ, “Saa aboɔ ɔfasuo yi deɛ, sɛ sakraman koraa fa so a, ɛbɛdwiri agu fam!”
時にアンモニ人トビヤその傍にありてまた言ふ彼らの築く石垣は狐上るも圮るべしと
4 Na mebɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao yɛn Onyankopɔn, tie yɛn, na wɔredi yɛn ho fɛ. Ma wɔn fɛdie no mmɔ wɔn ara wɔn tiri so, na ma wɔn ankasa nkɔyɛ nnommumfoɔ wɔ amamfrafoɔ asase so.
我らの神よ聽たまへ我らは侮らる願くは彼らの出す凌辱をその身の首に歸し彼らを他國に擄はれしめ掠られしめたまへ
5 Mmu wʼani ngu wɔn afɔdie so. Mpepa wɔn bɔne, ɛfiri sɛ, wɔahyɛ wo abufuo wɔ adansifoɔ yi anim.”
彼らの愆を蔽ひたまふ勿れ彼らの罪を汝の前より消去しめたまはざれ其は彼ら築建者の前にて汝の怒を惹おこしたればなり
6 Yei nyinaa akyi, wɔtoo ɔfasuo no kɔsii dada no ɔsorokɔ fa twaa kuro no ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no yɛɛ adwumaden.
斯われら石垣を築きけるが石垣はみな已に相連なりてその高さの半にまで及べり其は民心をこめて操作たればなり
7 Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie.
然るにサンバラテ、トビヤ、アラビヤ人アンモニ人アシドド人等ヱルサレムの石垣改修れ其破壞も次第に塞がると聞て大に怒り
8 Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ.
皆ともに相結びてヱルサレムに攻來らんとしその中に擾亂をおこさんとせり
9 Nanso, yɛbɔɔ yɛn Onyankopɔn mpaeɛ, wɛnee kuro no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban.
是において我ら神に祈祷をなしかれらのために日夜守望者を置て之に備ふ
10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ kaa sɛ, “Adwumayɛfoɔ no rebrɛ, na nkunkumaboɔ no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”
ユダ人は言り荷を負ふ者の力衰へしが上に灰土おびただしくして我ら石垣を築くこと能はずと
11 Ɛberɛ korɔ no ara mu no na yɛn atamfoɔ nso reka sɛ, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛato ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awieeɛ.”
我らの敵は言り彼等が知ずまた見ざる間に我ら其中に入り之を殺してその工事を止めんと
12 Yudafoɔ a na wɔtete bɛn atamfoɔ no bɛbɔɔ yɛn amaneɛ mpɛn bebree sɛ, “Wɔbɛfiri afanan nyinaa abɛto ahyɛ yɛn so.”
又彼らの邊に住るユダヤ人來る時は我らに告て言ふ汝ら我らの所に歸らざるべからずと其事十次にも及べり
13 Enti, mede awɛmfoɔ a wɔkura akodeɛ kɔtenaa baabi a ɔfasuo no yɛ tia, wɔ mmeammea a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuo no gyinagyinaa sɛ awɛmfoɔ a wɔkurakura akofena, mpea ne nnyan.
是に因て我石垣の後の顯露なる低き處に民を置き劍鎗または弓を持せてその宗族にしたがひて之をそなふ
14 Afei, mehwɛɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no, mefrɛɛ ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro atamfoɔ no! Monkae Awurade a ɔyɛ ɔkɛseɛ ne onimuonyamfoɔ no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afie.”
我觀めぐり起て貴き人々および牧伯等ならびにその餘の民に告て云ふ汝ら彼等のために懼るる勿れ主の大にして畏るべきを憶ひ汝らの兄弟のため男子女子のため妻および家のために戰かへよと
15 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ tee sɛ yɛahunu wɔn atirimpɔ ne sɛdeɛ Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔ no, yɛn nyinaa sane kɔɔ ɔfasuo no ho, kɔtoaa yɛn adwuma so.
我らの敵おのが事の我らに知れたるをききておのが謀計を神に破られたるを聞しによりて我ら皆石垣に歸り各々その工事をなせり
16 Na ɛfiri saa ɛberɛ no, me mmarima no mu fa pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na nkaeɛ no wɛnee wɔ hɔ a wɔkurakura mpea, akokyɛm, nnyan, hyehyɛɛ akotaadeɛ wɛnee hɔ. Mpanimfoɔ no gyinagyinaa Yudafoɔ no a
其時より後わが僕半は工事に操作き半は鎗楯弓などを持て鎧を着たり牧伯等はユダの全家の後にありき
17 na wɔreto ɔfasuo no akyi. Apaafoɔ no biara de nsa baako yɛɛ adwuma wɔ ɛberɛ a nsa baako nso kura akodeɛ mu.
石垣を築く者および荷を負ひはこぶ者は各々片手もて工事を爲し片手に武器を執り
18 Adansifoɔ no mu biara wɔ akofena a ɛbɔ nʼataaso. Totorobɛntohyɛnni no gyinaa me nkyɛn, na biribi si a, wahyɛn nʼabɛn.
築建者はおのおのその腰に劍を帶て築き建つ又喇叭を吹く者は我傍にあり
19 Afei, mekyerɛɛ mu kyerɛɛ atitire ne adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Adwuma no atrɛ, na yɛn ntam nso woware wɔ ɔfasuo no so.
我貴き人々および牧伯等ならびにその餘の民に告て云ふ此工事は大にして廣ければ我儕石垣にありて彼此に相離ること遠し
20 Na sɛ mote totorobɛnto no nnyegyeeɛ a, monyɛ ntɛm nkɔ baabi a nnyegyeeɛ no wɔ. Na yɛn Onyankopɔn bɛko ama yɛn.”
何處にもあれ汝ら喇叭の音のきこゆるを聞ば其處に奔あつまりて我らに就け我らの神われらのために戰ひたまふべしと
21 Yɛkɔɔ adwuma ntɛm tenaa so kyɛree firi ɛberɛ a owia pue kɔsi ɛberɛ a owia kɔtɔ. Na ɛberɛ biara na nnipa no mu fa rewɛn.
我ら斯して工事をなしけるが半の者は東雲の出るより星の現はるるまで鎗を持をれり
22 Afei, mesane ka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasuo no akyi no sɛ, wɔntu nkɔ Yerusalem. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔne wɔn asomfoɔ bɛtumi awɛn anadwo, na wayɛ adwuma awiaberɛ mu.
當時われ亦民に言らく皆おのおのその僕とともにヱルサレムの中に宿り夜は我らの防守となり晝は工事をつとむべしと
23 Saa ɛberɛ no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fiefoɔ anaa mʼasomfoɔ anaa awɛmfoɔ a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔ yɛn ntadeɛ da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsuo mpo a na yɛkurakura yɛn akodeɛ.
而して我もわが兄弟等もわが僕も我に從がふ防守の人々もその衣服を脱ず水を汲に出るにも皆武器を執れり

< Nehemia 4 >