< Nehemia 3 >

1 Afei, ɔsɔfopanin Eliasib ne asɔfoɔ bi hyɛɛ aseɛ too ɔfasuo no firii Nnwan Ɛpono no. Wɔdwiraa ho, sisii nʼapono, de kɔsii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.
Then Eliashib the high priest rose up with his brothers the priests, and they built the Sheep Gate. They sanctified it and set up its doors; they sanctified it as far as the Tower of the Hundred and as far as the Tower of Hananel.
2 Nnipa a wɔfiri Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma hɔ, na Imri babarima Sakur dii so.
And the men of Jericho built next to him. And next to them Zaccur son of Imri built.
3 Hasenaa mmammarima na wɔsii Mpataa Ɛpono no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no, de nkyerewa ne nnaban hyehyɛɛ wɔn afa.
The sons of Hassenaah built the Fish Gate. They laid its beams, and set up its doors, its bolts, and its bars.
4 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakkos nana na ɔsiesiee ɔfasuo no fa a ɛdi hɔ no. Nʼaboafoɔ ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nana na afei Baana babarima Sadok.
Next to them, Meremoth the son of Uriah, the son of Hakkoz made repairs. Next to them, Meshullam the son of Berechiah, the son of Meshezabel made repairs. Next to them, Zadok the son of Baana made repairs.
5 Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa.
Next to them, the Tekoites made repairs; but their nobles did not put their necks to the work of their lord.
6 Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wɔsiesiee Kuropɔn Dada Ɛpono no. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no de nkyerewa ne nnaban bobɔɔ mu.
Joiada the son of Paseah and Meshullam the son of Besodeiah repaired the Old Gate. They laid its beams, and set up its doors, and its bolts, and its bars.
7 Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Melatia a ɔfiri Gibeon, Yadon a ɔfiri Meronot ne nnipa a wɔfiri Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no atenaeɛ.
Next to them, Melatiah the Gibeonite, and Jadon the Meronothite, the men of Gibeon, and of Mizpah, repaired the residence of the governor beyond the River.
8 Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfoɔ no na ɔdi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasuo no ho. Hanania a ɔyɛ aduhwamyɛfoɔ no na ɔdi so. Wɔgyaa Yerusalem fa bi a ɛkɔsi Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no.
Next to him, Uzziel the son of Harhaiah, goldsmiths, made repairs. Next to him, Hananiah one of the perfumers made repairs, and they fortified Jerusalem even to the Broad Wall.
9 Deɛ ɔdi soɔ yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansini fa bi ano no no, babarima Refaia.
Next to them, Rephaiah the son of Hur, the ruler of half the district of Jerusalem, made repairs.
10 Deɛ ɔdi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛbɛn ne fie, na deɛ ɔdi ne soɔ ne Hasabnia babarima Hatus.
Next to them, Jedaiah the son of Harumaph made repairs across from his house. Next to him, Hattush the son of Hashabneiah made repairs.
11 Deɛ ɔdi soɔ ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wɔkɔsiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasuo no fa bi ho.
Malchijah the son of Harim, and Hasshub the son of Pahath-Moab, repaired another portion, and the Tower of the Ovens.
12 Halohes babarima Salum ne ne mmammaa na wɔsiesiee ɛfa a ɛdi hɔ no. Ɔno na na ɔtua Yerusalem mansini fa a aka ano.
Next to him, Shallum the son of Hallohesh, the ruler of half the district of Jerusalem, he and his daughters, made repairs.
13 Sanoafoɔ a Hanun da wɔn ano no na wɔsiesiee Bɔnhwa Ɛpono no, sisii nʼapono, de nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, wɔsiesiee ɔfasuo no anammɔn apem ne ahanum de kɔsii Sumina Ɛpono no.
Hanun and the inhabitants of Zanoah repaired the Valley Gate. They built it, and set up its doors, its bolts, and its bars, and one thousand seven hundred twenty-two feet six inches of the wall to the Dung Gate.
14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansini ano no na ɔsiesiee Sumina Ɛpono no. Ɔsiesie wieeɛ no, ɔsisii apono no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bramm no.
Malchijah the son of Rechab, the ruler of the district of Beth Haccherem repaired the Dung Gate. He built it, and set up its doors, its bolts, and its bars.
15 Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no.
Shallum the son of Colhozeh, the ruler of the district of Mizpah repaired the Fountain Gate. He built it, and covered it, and set up its doors, its bolts, and its bars, and the wall of the Pool of Shiloah by the king's garden, even to the stairs that go down from the City of David.
16 Deɛ ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na ɔtua Bet-Sur mansini fa ano no. Ɔtoo ɔfasuo no kɔsii baabi a na ɛne adehyeɛ amusieeɛ no di nhwɛanimu, kɔsi nsukoraeɛ no so ne Nnɔmmarima Fie.
After him, Nehemiah the son of Azbuk, the ruler of half the district of Beth Zur, made repairs to the place opposite the tombs of David, and to the pool that was made, and to the house of the mighty men.
17 Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifoɔ ekuo a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a, na ɔyɛ Keila mansini fa ntuanoni no na ɔsii nʼankasa mansini ananmu, hwɛɛ ɔfasuo no toɔ so.
After him, the Levites made repairs: Rehum the son of Bani, and next to him, Hashabiah, he ruler of half the district of Keilah, made repairs for his district.
18 Wɔn a wɔdi so yɛ ɔno ara ne manfoɔ a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na ɔtua Keila mansini fa no ano.
After him, their brothers, Binnui the son of Henadad, the ruler of half the district of Keilah made repairs.
19 Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a ɔtua Mispa ano no. Wɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛne akodeɛ akoradan fapem di nhwɛanimu no.
Next to him, Ezer the son of Jeshua, the ruler of Mizpah, repaired another portion, across from the ascent to the armory at the turning of the wall.
20 Onipa a ɔdi so ne Sabai babarima Baruk a ɔsiesiee fa bi firi fapem no, de kɔsii ɔsɔfopanin Eliasib fie ɛpono no ano.
After him, Baruch the son of Zabbai earnestly repaired another portion, from the turning of the wall to the door of the house of Eliashib the high priest.
21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nana nso, siesiee ɔfasuo no fa bi firi baabi a, ɛne Eliasib efie ɛpono di nhwɛanimu no, de kɔsii efie no nkyɛn baabi.
After him, Meremoth the son of Uriah the son of Hakkoz repaired another portion, from the door of the house of Eliashib even to the end of the house of Eliashib.
22 Afei, asɔfoɔ a wɔfifiri amantam a atwa hɔ ahyia na wɔdi soɔ.
After him, the priests, the men of the Plain made repairs.
23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nana nso siesiee ɔfasuo no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afie.
After them, Benjamin and Hasshub made repairs across from their house. After them, Azariah the son of Maaseiah the son of Ananiah made repairs beside his own house.
24 Deɛ ɔdi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a, ɛfiri Asaria fie kɔsi fapem no ne ntweasoɔ hɔ.
After him, Binnui the son of Henadad repaired another portion, from the house of Azariah to the turning of the wall, and to the corner.
25 Usai babarima Palal toaa adwuma no so firii baabi a ɛne fapem no ne ntweasoɔ hɔ no di nhwɛanimu, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfie a ɛbɛn awɛmfoɔ no adihɔ no. Deɛ ɔdi ne so yɛ Paros babarima Pedaia,
Palal the son of Uzai made repairs opposite the turning of the wall, and the tower that stands out from the upper house of the king, which is by the court of the guard. And after him Pedaiah the son of Parosh made repairs.
26 ne asɔredan mu asomfoɔ a na wɔte kokoɔ Ofel so. Wɔsiesiee ɔfasuo no kɔsii Nsuo Ɛpono no de kɔ apueeɛ fam ne abantenten a ɛyi ne ho adi no.
(Now the Nethinim lived in Ophel, to the place over against the Water Gate toward the east, and the tower that stands out.)
27 Afei, Tekoafoɔ nso toaa so. Wɔbɛsiesiee ɛfa foforɔ bi a ɛne abantenten kɛseɛ a ɛyi ne ho adi no ntentenesoɔ kɔsi Ofel ɔfasuo no.
After him the Tekoites repaired another portion, over against the great tower that stands out, and to the wall of Ophel.
28 Asɔfoɔ no nso siesiee ɔfasuo no a ɛwɔ kokoɔ so na ɛtoa Apɔnkɔ Ɛpono no soɔ no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fie di nhwɛanim.
Above the Horse Gate, the priests made repairs, everyone across from his own house.
29 Deɛ ɔdi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. Deɛ ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apueeɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no.
After them, Zadok the son of Immer made repairs across from his own house. After him, Shemaiah the son of Shecaniah, the keeper of the East Gate made repairs.
30 Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔtɔ so nsia no siesiee ɔfasuo no fa bi, ɛna Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so.
After him, Hananiah the son of Shelemiah, and Hanun the sixth son of Zalaph, repaired another portion. After him, Meshullam the son of Berechiah made repairs across from his room.
31 Malkia a ɔyɛ sikadwumfoɔ no mu baako siesiee ɔfasuo no, kɔsii Asɔredan mu asomfoɔ ne adwadifoɔ fie a Badwa Ɛpono no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kɔsii abansoro a ɛwɔ ntweasoɔ hɔ no.
After him, Malchijah one of the goldsmiths to the house of the Nethinim, and of the merchants, made repairs over against the Miphkad Gate, and to the ascent of the corner.
32 Sikadwumfoɔ a wɔaka no ne adwadifoɔ no siesiee ɔfasuo no firii saa ntweasoɔ hɔ de kɔsii Nnwan Ɛpono no ano.
Between the ascent of the corner and the Sheep Gate, the goldsmiths and the merchants made repairs.

< Nehemia 3 >