< Nehemia 11 >
1 Afei, saa ɛberɛ yi, na ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ tete Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkuro bi no so, yii mu nkyɛmu edu mu baako, ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkaeɛ no deɛ, wɔtenaa deɛ wɔte hɔ ara.
I přebývala knížata lidu v Jeruzalémě. Jiný pak lid metali losy, aby vzali desátého člověka k bydlení v Jeruzalémě městě svatém, ale devět dílů v jiných městech,
2 Na ɔmanfoɔ no kamfoo obiara a ɔfiri ne pɛ mu sane kɔtenaa Yerusalem no.
Ačkoli dobrořečil lid všechněm mužům těm, kteříž se sami dobrovolně podali k bydlení v Jeruzalémě.
3 Amantam mu mpanimfoɔ a wɔbaa Yerusalem no din na wɔatwerɛ wɔ ha yi. Ɔmanfoɔ no mu fa kɛseɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afie mu wɔ Yuda nkuro ahodoɔ so,
A tito jsou přednější té krajiny, kteříž se osadili v Jeruzalémě. (V jiných pak městech Judských bydlili jeden každý v vládařství svém, po městech svých, lid Izraelský, kněží a Levítové, i Netinejští, též i synové služebníků Šalomounových.)
4 nanso, nnipa no bi a wɔfiri Yuda ne Benyamin mu no sane kɔtenaa Yerusalem. Yuda abusuakuo mu nnipa no nie: Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ɔfiri Peres abusua mu;
A tak v Jeruzalémě bydlili někteří z synů Judových i z synů Beniaminových. Z Judových: Ataiáš syn Uziáše, syna Zachariášova, syna Amariášova, syna Sefatiášova, syna Mahalaleelova z synů Fáresových.
5 Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ɔfiri Sela abusua mu.
Též Maaseiáš syn Bárucha, syna Kolchozy, syna Chazaiášova, syna Adaiášova, syna Joiaribova, syna Zachariášova, syna Silonského.
6 Afei, na Peres asefoɔ ahanan ne aduosia nwɔtwe a wɔdi mu no na na wɔte Yerusalem.
Všech synů Fáresových, bydlících v Jeruzalémě, čtyři sta šedesáte osm, mužů udatných.
7 Benyamin abusuakuo no mu nnipa nie: Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima;
Synové Beniaminovi tito: Sallu syn Mesullama, syna Joedova, syna Pedaiášova, syna Kolaiášova, syna Maaseiášova, syna Itielova, syna Izaiášova.
8 na nʼakyiri no na Gabai ne Salai, ne abusuafoɔ ahankron aduonu nwɔtwe ba.
A po něm Gabai, Sallai. Všech devět set dvadceti osm.
9 Wɔn panin pa ara no ne Sikri babarima Yoɛl na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfoɔ abadiakyire babarima Yuda boaa no.
Joel pak syn Zichri byl jim představen, a Juda syn Senua nad městem druhý po něm.
10 Asɔfoɔ no mu nnipa nie: Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;
Z kněží: Jedaiáš syn Joiaribův a Jachin.
11 ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfoɔ babarima,
Saraiáš syn Helkiáše, syna Mesullamova, syna Sádochova, syna Meraiotova, syna Achitobova, přední v domě Božím.
12 ne wɔn mfɛfoɔ aha nwɔtwe aduonu mmienu a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima
Bratří pak jejich, přisluhujících v tom domě, osm set dvadceti dva. A Adaiáš syn Jerochama, syna Pelaliášova, syna Amzi, syna Zachariášova, syna Paschurova, syna Malkiášova,
13 ne ne mfɛfoɔ ahanu aduanan mmienu a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofoɔ. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima
A bratří jeho, knížat čeledí otcovských, dvě stě čtyřidceti dva. A Amassai syn Azarele, syna Achzai, syna Mesillemotova, syna Immerova.
14 ne ne mfɛfoɔ atitire ɔha aduonu nwɔtwe. Wɔn panin pa ara a ɔtua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.
Bratří pak jejich, mužů udatných, sto dvadceti osm, jimž představen byl Zabdiel syn Gedolimův.
15 Lewifoɔ no nso nie: Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;
Z Levítů tito: Semaiáš syn Chasuby, syna Azrikamova, syna Chasabiášova, syna Bunni.
16 ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyire dwumadie so;
A Sabbetai s Jozabadem byli nad dílem při domě Božím vně, z předních Levítů.
17 Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaeɛbɔ buee aseda afɔdeɛ som ano; Bakbukia a na ɔyɛ Matania abadiakyire ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.
A Mataniáš syn Míchy, syna Zabdi, syna Azafova, přední, začínal chvály a modlitbu. A Bakbukiáš druhý z bratří jeho, a Abda syn Sammua, syna Galalova, syna Jedutunova.
18 Ne nyinaa mu, na Lewifoɔ ahanu aduɔwɔtwe ɛnan na na wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu.
Všech Levítů v městě svatém dvě stě osmdesát a čtyři.
19 Aponoanohwɛfoɔ no nie: Akub, Talmon ne wɔn mfɛfoɔ ɔha aduɔson mmienu a na wɔwɛn wɔ apono no ano.
Z vrátných: Akkub, Talmon a bratří jejich, strážní u bran, sto sedmdesát a dva.
20 Asɔfoɔ a aka no, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nkaeɛ no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapadeɛ wɔ.
Ostatek pak lidu Izraelského, kněží a Levítů, bydlili ve všech městech Judských, jeden každý v dědictví svém.
21 Nanso, Asɔredan mu asomfoɔ no a na wɔn ntuanofoɔ yɛ Siha ne Gispa no deɛ, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel kokoɔ so.
Ale Netinejští bydlili v Ofel, Zicha pak a Gispa byli představeni Netinejským.
22 Na ɔpanin pa ara a ɔtua Lewifoɔ a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, a na nʼabusuafoɔ somm sɛ nnwomtofoɔ wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no.
Představený pak Levítům v Jeruzalémě byl Uzi syn Báni, syna Chasabiášova, syna Mataniášova, syna Míchova z synů Azafových, jenž byli zpěváci při službě domu Božího.
23 Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase.
Nebo poručení královské bylo o nich, a stálé odměření pro zpěváky na každý den.
24 Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammuo mu.
A Petachiáš syn Mesezabelův, z synů Záry syna Judova, místo královské držící v každém jednání k lidu.
25 Yudafoɔ no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraaseɛ, Dibon ne ne nkuraaseɛ ne Yekabseel ne ne nkuraaseɛ.
Ve vsech pak s poli jejich, z synů Judových bydlili v Kariatarbe a v vesnicích jeho, v Dibon a vesnicích jeho, v Jekabsael i ve vsech jeho,
26 Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet,
A v Jesua, v Molada, v Betfelet,
27 Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa so,
A v Azarsual, v Bersabé i v vesnicích jeho.
28 Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa so.
A v Sicelechu, v Mechona, i v vesnicích jeho,
29 Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut,
V Enremmon, v Zaraha, v Jarmut,
30 Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa so nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuo a ɛbemmɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa so nso. Enti, Yudafoɔ no tenatena nsase a ɛfiri Beer-Seba kɔsi Hinom bɔnhwa no mu.
V Zanoe, v Adulam i ve vsech jeho, v Lachis s poli jeho, v Azeka a vesnicích jeho. A tak bydlili od Bersabé až do Gehinnom.
31 Benyamin nkurɔfoɔ no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa so.
Synové pak Beniaminovi z Gabaa v Michmas, v Aia, v Bethel i v vesnicích jeho,
32 Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania,
V Anatot, v Nobe, v Anania,
V Azor, v Ráma, v Gittaim,
34 Hadid, Seboim, Nebalat,
V Chadid, v Seboim, v Neballat,
35 Lod, Ono ne Adwumfoɔ Bɔnhwa mu nso.
V Lod, v Ono a v údolí řemeslníků.
36 Wɔmaa Lewifoɔ a na wɔtete Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuo no ho, ne wɔn tenaeɛ.
Z Levítů pak někteří bydlili v dílích Judských a Beniaminských.