< Nehemia 10 >

1 Nwoma a wɔgye too mu na wɔsɔɔ ano, saa edin yi na na ɛwɔ mu: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne Sedekia,
А који запечатише беху ови: Немија Тирсата, син Ахалијин, и Седекија,
2 Seraia, Asaria, Yeremia,
Серај, Азарија, Јеремија,
3 Pashur, Amaria, Malkia,
Пасхор, Амарија, Малхија,
4 Hatus, Sebania, Maluk,
Хатус, Севанија, Малух,
5 Harim, Meremot, Obadia,
Харим, Меримот, Овадија,
6 Daniel, Gineton, Baruk,
Данило, Гинетон, Варух,
7 Mesulam, Abia, Miyamin,
Месулам, Вија, Мијамин,
8 Maasia, Bilgai ne Semaia. Yeinom ne asɔfoɔ no.
Мазија, Вилгај, Семаја; то беху свештеници;
9 Lewifoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne: Asania babarima Yesua, Binui a ɔfiri Henadad abusua mu, Kadmiel,
А Левити: Исус син Азанијин Винуј између синова Инададових, Кадмило,
10 ne wɔn mfɛfoɔ Lewifoɔ a, wɔne: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,
И браћа њихова: Севанија, Одија, Келита, Фелаја, Анана,
11 Mika, Rehob, Hasabia,
Миха, Реов, Асавија,
12 Sakur, Serebia, Sebania,
Захур, Серевија, Севнија,
13 Hodia, Bani ne Beninu.
Одија, Ваније, Венинуј;
14 Ntuanofoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne: Paros, Pahat-Moab, Elam, Satu, Bani,
Главари народни: Фарос, Фат-Моав, Елам, Затуј, Ваније,
15 Buni, Asgad, Bebai,
Вуније, Азгад, Вивај,
16 Adoniya, Bigwai, Adin,
Адонија, Вигвај, Адин,
17 Ater, Hesekia, Asur,
Атир, Језекија, Азур,
18 Hodia, Hasum, Besai,
Одија, Асум, Висај,
19 Harif, Anatot, Nebai,
Ариф, Анатот, Навај,
20 Magpias, Mesulam, Hesir,
Магфија, Месулам, Езир,
21 Mesesabel, Sadok, Yadua,
Месизавеило, Садок, Јадва,
22 Pelatia, Hanan, Anaia,
Фелатија, Анан, Анаја,
23 Hosea, Hanania, Hasub,
Осија, Ананија, Асув,
24 Halohes, Pilha, Sobek,
Лоис, Филеја, Совик,
25 Rehum, Hasabna, Maaseia,
Реум, Асавана, Маија,
26 Ahiya, Hanan, Anan,
Ахија, Анана, Ганан,
27 Maluk, Harim, Baana.
Малух, Харим, Вана.
28 “Nnipa no nkaeɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne wɔn a wɔatwe wɔn ho afiri abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa, sɛdeɛ wɔbɛsom Onyankopɔn, na wɔanyinyini a wɔte asɛm ase no,
И остали народ, свештеници, Левити, вратари, певачи, нетинеји и сви који се одвојише од народа земаљских к закону Божјем, жене њихове, синови њихови и кћери њихове, сви који знаху и разумеваху,
29 wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so.
Присташе с браћом својом, главарима својим, и дођоше те се заклеше и клетвом завезаше да ходимо по закону Божијем, који је дат преко Мојсија, слуге Божијег, и да држимо и извршујемо све заповести Господа Бога свог и законе Његове и уредбе Његове.
30 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmammaa nware abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmammarima nso nware wɔn mmammaa.
И да не дајемо кћери својих народима земаљским, нити кћери њихових да узимамо за синове своје.
31 “Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam.
И од народа земаљских који донесу трг или какву год храну у суботу на продају, да не узимамо у суботу ни у други свети дан, и да остављамо седме године да почива земља и опраштамо сваки дуг.
32 “Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra.
И постависмо себи уредбу да дајемо сваке године трећину сикла на службу у дом Бога свог:
33 Yei bɛboa ama yɛanya Hyiadan mu Burodo no, na yɛatumi abɔ atokoɔ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ berɛ ano berɛ ano, abɔ homeda afɔdeɛ hodoɔ, adi ɔbosome foforɔ afahyɛ ahodoɔ ne dapɔnna ahodoɔ no. Saa ara na ɛbɛma yɛatumi abɔ kronkronyɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ama Israel. Afei, ɛbɛboa ama yɛanya nneɛma bi a ɛho bɛhia ama yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho adwumayɛ.
На хлебове постављене, на дар свагдашњи и жртву паљеницу свагдашњу за суботе, за младине и за празнике, и на светињу и на жртве за грех да се очишћа Израиљ, и на свако дело у дому Бога нашег.
34 “Yɛabɔ ntonto hodoɔ, ahunu afe biara mu mmerɛ a ɛfata sɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ ne ɔmanfoɔ no abusuafoɔ de nnyensin ba Onyankopɔn asɔredan ho na wɔhye no Awurade, yɛn Onyankopɔn afɔrebukyia so, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.
И бацасмо жреб за свештенике и Левите и народ ради ношења дрва да се доноси у дом Бога нашег по домовима отаца наших на време од године до године, да гори на олтару Господа Бога нашег, како пише у закону;
35 “Yɛhyɛ bɔ sɛ, daa yɛde otwakane biara mu kyɛfa bi, sɛ ɛyɛ asaseduane anaa aduaba a ɛfiri nnua so bɛba Awurade Asɔredan mu.
И да доносимо првине од земље своје и првине од сваког рода од сваког дрвета од године до године у дом Господњи;
36 “Yɛpene so sɛ, yɛde yɛn mmammarima a wɔyɛ abakan ne yɛn anantwie ne yɛn nnwan mmakan bɛma Onyankopɔn, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Yɛde wɔn bɛma asɔfoɔ a wɔsom wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan mu no.
И првенце од синова својих и стоке своје, како пише у закону, и првенце од говеда својих и од оваца својих да доносимо у дом Бога свог свештеницима који служе у дому Бога нашег;
37 “Yɛbɛkora mfudeɛ no nyinaa wɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan adekoradan mu. Yɛde yɛn asikyiresiam a ɛyɛ pa ara ne atokoɔ nkaeɛ afɔrebɔdeɛ, yɛn nnuaba papa ne yɛn nsã foforɔ papa ne ngo bɛba. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛde yɛn mfudeɛ biara a ɛfiri yɛn asase so nkyɛmu edu mu baako bɛbrɛ Lewifoɔ, ɛfiri sɛ, wɔn na wɔgyegye ntotosoɔ dudu no wɔ yɛn nkuraase.
И првине теста свог и приносе своје и род од свих дрвета, вино и уље да доносимо свештеницима у клети дома Бога свог, и Левитима десетак од земље своје, и Левити да узимају десетак по свим местима где урадимо;
38 Ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifoɔ no ho wɔ ɛberɛ a wɔregyegye ntotosoɔ dudu no. Na biribiara a wɔbɛgye sɛ ntotosoɔ dudu no, Lewifoɔ de mu nkyɛmu edu mu baako bɛkɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no mu, na wɔde akɔsisi adekoradan no mu.
И да буде свештеник, син Аронов с Левитима кад Левити узимају десетак, и да Левити доносе десетак од десетка у дом Бога нашег, у клети, у спреме његове.
39 Ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ no ne Lewifoɔ no de afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo no bɛgu adekoradeɛ kronkron a ɛbɛn asɔfoɔ a wɔresom no, aponoanohwɛfoɔ ne nnwomtofoɔ no wɔ Asɔredan no mu. “Enti, yɛbɔ mu hyɛ bɔ sɛ yɛrentoto yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ase.”
Јер у те клети дужни су синови Израиљеви и Левити доносити принос од жита, од вина и уља, где су свети судови, и свештеници који служе, и вратари и певачи, да не остављамо дом Бога свог.

< Nehemia 10 >