< Nehemia 1 >
1 Hakalia babarima Nehemia nsɛm nie: Ɔbosome Kislew (bɛyɛ Ɔpɛnimaa) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedie afe a ɛtɔ so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu.
Hakalia babarima Nehemia nsɛm ni: Ɔsram Kislev (bɛyɛ Obubuo) mpaemu akyi wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu so no, na mewɔ Susa aban mu.
2 Me nuanom mmarima mu baako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wɔfiri Yuda ba bɛsraa me. Mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔatumi atena nnommumfa mu no ho asɛm ne sɛdeɛ nsɛm rekɔ so wɔ Yerusalem.
Me nuanom mmarima mu ɔbaako a wɔfrɛ no Hanani no ne mmarima bi a wofi Yuda ba bɛsraa me. Mibisaa wɔn Yudafo a nkae ne wɔn a wɔafi nnommum mu aba no ne Yerusalem ho asɛm.
3 Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.”
Wɔka kyerɛɛ me se, “Nneɛma nkɔ yiye mma wɔn a wɔsan kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛse ne animguase aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem fasu no agu fam, na wɔahyew apon no nso.”
4 Ɛberɛ a metee yeinom no, metenaa ase suiɛ. Nokorɛm, metwaa agyaadwoɔ nna bi, bua daeɛ, bɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ.
Bere a metee eyinom no, metenaa ase sui. Nokware, mitwaa agyaadwo nna bi, bua dae, bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.
5 Afei, mekaa sɛ, “Ao Awurade, ɔsoro Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kɛseɛ na ɔyɛ ɔnwanwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokorɛ dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmaransɛm so no,
Afei, mekae se, “Awurade, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ ɔkɛse na ɔyɛ ɔnwonwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokware dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no,
6 tie me mpaeɛbɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpaeɛ ma Israelfoɔ anadwo ne awia. Mepae mu ka sɛ, yɛayɛ bɔne atia wo. Aane, mpo, me ara me fiefoɔ ne mʼankasa ayɛ bɔne!
tie me mpaebɔ. Hwɛ me sɛ merebɔ mpae ma Israelfo anadwo ne awia. Mepae mu ka se, yɛayɛ bɔne atia wo. Yiw, mpo, me ara me fifo ne mʼankasa ayɛ bɔne!
7 Yɛayɛ bɔne kɛseɛ sɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.
Yɛayɛ bɔne kɛse sɛ yɛanni wo mmara nsɛm, wo mmara, ne wʼahyɛde a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so.
8 “Mesrɛ sɛ, kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose sɛ, ‘Sɛ moyɛ bɔne a, mɛtete mo mu akɔ amanaman so.
“Mesrɛ sɛ, kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose se, ‘Sɛ moyɛ bɔne a, mɛtetew mo mu akɔ amanaman so.
9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asuo kɔ asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din animuonyam.’
Na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mudi me mmara nsɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asu akɔ asase ano nohɔ koraa a, mede mo bɛsan aba faako a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din anuonyam no.’
10 “Yɛyɛ wʼasomfoɔ, nnipa a wonam wo tumi kɛseɛ so gyee yɛn no.
“Yɛyɛ wʼasomfo, nnipa a wonam wo tumi kɛse so gyee yɛn no.
11 Ao Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaeɛbɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo animuonyam no mpaeɛbɔ. Mesrɛ sɛ, ma ɛnsi me yie wɔ ɛberɛ a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔbisa no adom bi yi. Fa hyɛ nʼakoma mu, na ɔnyɛ me adɔeɛ.” Saa mmerɛ no na meyɛ ɔhene nsãhyɛni.
Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaebɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo anuonyam no mpaebɔ. Mesrɛ sɛ, ma ensi me yiye, bere a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔsrɛ no adom bi yi. Fa hyɛ ne koma mu, na ɔnyɛ me adɔe.” Na meyɛ ɔhene nsahyɛni.