< Nahum 3 >

1 Nnome nka mogya kuropɔn a atorɔ ne korɔno ahyɛ no ma na amanehunufoɔ mmpa mu da!
Woe to the city of blood, filled with all manner of lies and violence. Crime shall not depart from you:
2 Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye, nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididi Apɔnkɔ rehurihuri ne nteaseɛnam redenkye denkye.
the voice of the whip, and the voice of the turning wheels, and of the neighing horse, and the burning chariot, and the horsemen who ride,
3 Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn anim akofena twa nyinam nyinam na mpea nso pa yerɛ yerɛ. Atɔfoɔ bebree, awufoɔ a ebi deda ebi soɔ, afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ a nnipa tiatia soɔ.
and of the flashing sword and the shining spear, and of a multitude executed and a grievous ruination. Neither is there an end to the dead bodies, and they will fall down upon their dead bodies.
4 Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ, ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no. Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanaman na ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa.
Because of the multitude of fornications of the kept woman, beautiful and pleasing and practicing evil deeds, who sold nations by her fornications, and families by her evil doing:
5 “Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni, “Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro. Mɛma amanaman ahunu wʼadagya na ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ.
behold, I will come to you, says the Lord of hosts, and I will reveal your shame to your face, and I will show your nakedness to the Gentiles, and your disgrace to kingdoms.
6 Mede efi bɛfɔre wo ho, mɛbu wo animtia na mama nnipa ahwɛ wo.
And I will cast abominations over you, and I will afflict you with abuse, and I will make an example of you.
7 Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ, ‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’ Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?”
And this shall be: everyone who sees you, will recoil from you, and he will say: “Nineveh has been devastated.” Who will shake his head over you? Where might I seek consolation for you?
8 Woyɛ sene Tebes a ɛda Asubɔnten Nil ho a nsuo atwa he ho ahyia anaa? Asubɔnten bɔ ne ho ban na nsuo yɛ ne fasuo.
Are you better than the populous Alexandria, which dwells along the rivers? Waters encircle it: the sea, with its riches. The waters are its walls.
9 Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn. Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho.
Ethiopia and Egypt were its strength, and there is no limit. Africa and Northern Africa have been your helpers.
10 Nanso wɔfaa no dommum twaa no asuo. Wɔtoo ne mmadoma hwehwee fam ma wɔtetee wɔ mmɔntene so. Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto, na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.
Nevertheless, she has been led away with the transmigration into captivity. Her little ones have been dashed in pieces at the top of every street, and they have cast lots over her celebrities, and all her elite have been fastened together in shackles.
11 Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔ Na wo bɛhinta wo ho de akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn.
Therefore, you also will become inebriated, and you will be despised, and you will seek help from the opposition.
12 Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnua a aso aba foforɔ: sɛ wɔwoso a aba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi.
All your fortresses will be like fig trees with their green figs. If they are shaken violently, they will fall into the mouth of the one who devours.
13 Hwɛ wʼakofoɔ wɔn nyinaa yɛ mmaa! Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ; ogya ahye wʼapono no akyiri adaban.
Behold, women are at the center of your people. The gates of your land will be opened wide for your enemies; fire will devour your bars.
14 Sesa nsuo sie ma otua no. Yere wo banbɔ mu! Wɔ dɔteɛ no na siesie ntayaa a wato no!
Draw in water because of the blockade; build up your fortresses. Go into the clay and tread; work it to make brick.
15 Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ; akofena bɛtwa wo ahwe fam, na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam. Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ!
There, fire will devour you. You will perish by the sword; it will devour you like the beetle. Gather together like the beetle. Multiply like the locust.
16 Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso, wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma, nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwa na afei wɔtu kɔ.
You have made more negotiations than there are stars in the sky. The beetle has spread out and flown away.
17 Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ. Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuo a wɔsensam ban ho awɔ da. Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ, na obi nnim faako a wɔkɔ.
Your guardians are like locusts, and your little ones are like locusts among locusts, which alight on hedges on a cold day. The sun rose up, and they flew away, and there was no way to know the place where they had been.
18 Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko. Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome. Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no so a wɔnni anoboaboafoɔ.
Your shepherds have become drowsy, king Assur. Your princes will be buried. Your people have remained hidden in the mountains, and there is no one to gather them.
19 Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no; wo pira no mu yɛ den. Obiara a ɔte wo nka no bɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho, Na hwan koraa na wommɔɔ no atirimuɔden da?
Your destruction is not hidden; your wound is grievous. All who have heard of your fame have clenched their hands over you, because over whom has your wickedness not trampled continually?

< Nahum 3 >