< Nahum 2 >
1 Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewe bɔ aban no ho ban, wɛn ɛkwan no, bɔ wo ho so na boa wʼahoɔden nyinaa ano!
撃破者攻のぼりて汝の前に至る 汝城を守り路を窺ひ腰を強くし汝の力を大に強くせよ
2 Awurade de Yakob animuonyam bɛsane ama no te sɛ Israel deɛ no, ɛwom sɛ, asɛefoɔ no ama ada mpan na wɔasɛe ne bobe mfuo.
ヱホバはヤコブの榮を舊に復してイスラエルの榮のごとくしたまふ 其は掠奪者これを掠めその葡萄蔓を壞ひたればなり
3 Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ; akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ. Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no; mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim.
その勇士は楯を紅にしその軍兵は紅に身を甲ふ 其行伍を立つる時には戰車の鐵灼燦て火のごとし 鎗また閃めきふるふ
4 Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so, na wɔdi akɔneaba. Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ; wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.
戰車街衢に狂ひ奔り大路に推あふ 其形状火炬のごとく其疾く馳すること電光の如し
5 Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi mu nanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu. Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho; na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado.
彼その將士を憶ひいだす 彼らはその途にて躓き仆れその石垣に奔ゆき大楯を備ふ
6 Wɔbuebue asubɔnten apono no, na ahemfie no dwiri gu fam.
河々の門啓け宮消うせん
7 Wɔhyɛ mmaraden sɛ wɔmfa kuropɔn no nnommum na wɔmfa wɔn nkɔ. Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko so su te sɛ mmorɔnoma.
この事定まれり 彼は裸にせられて擄はれゆきその宮女胸を打て鴿のごとくに啼くべし
8 Ninewe te sɛ ɔtadeɛ a emu nsuo resene korɔ. Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!” Nanso, obiara ansane nʼakyi.
ニネベはその建し日より以來水の滿る池に似たりしがその民今は逃奔る 止れ止れと呼ども後を顧みる者なし
9 Momfom dwetɛ no! Momfom sikakɔkɔɔ no! Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa! Na ahonyadeɛ no dɔɔso.
白銀を奪へよ 黄金を奪へよ その寳物限なく諸の貴とき噐用夥多し
10 Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa! Akoma boto, na nkotodwe woso woso, nnipa ho popo na wɔn anim to hoa.
滅亡たり 空虚なれり 荒果たり 心は消え膝は慄ひ腰には凡て劇しき痛あり 面はみな色を失ふ
11 Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ, baabi a wɔma wɔn mma aduane no, baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔ na wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro?
獅子の穴は何處ぞや 少き獅子の物を食ふ處は何處ぞや 雄獅子雌獅子その小獅子とともに彼處に歩むに之を懼れしむる者なし
12 Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma. Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no. Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn ma na ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama.
雄獅子は小獅子のために物を噛ころし雌獅子の爲に物をくびり殺しその掠獲たる物をもて穴に充しその裂殺しし物をもて住所に滿す
13 “Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni, “Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisie na akofena bɛkunkum wʼagyata mma. Merennya wo ahaboa biara wɔ asase so. Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio.”
萬軍のヱホバ言たまふ 視よ我なんぢに臨む 我なんぢの戰車を焚て煙となすべし 汝の少き獅子はみな劍の殺す所とならん 我また汝の獲物を地より絶べし 汝の使者の聲かさねて聞ゆること無らん