< Mika 7 >

1 Mayɛ mmɔbɔ! Mete sɛ aduaba tefoɔ a otwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ wɔ bobe turo mu; mennya bobe siaw na madi, borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn dɔ nso, saa ara.
Woe is me! for I am as when they have gathered the summer fruits, as the grape gleanings of the vintage: there is no cluster to eat: my soul desired the first ripe fruit.
2 Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so. Anka ɔbaako a ɔtene mpo. Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie.
The good man is perished out of the earth: and there is none upright among men: they all lie in wait for blood; they hunt every man his brother with a net.
3 Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu; sodifoɔ bisa akyɛdeɛ, ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho.
That they may do evil with both hands earnestly, the prince asks, and the judge asks for a reward; and the great man, he utters his mischievous desire: so they wrap it up.
4 Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo; deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no. Wʼatɛmmuda no aso, ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ. Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.
The best of them is as a brier: the most upright is sharper than a thorn hedge: the day of your watchmen and your visitation comes; now shall be their perplexity.
5 Nnye obiara nni; mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu. Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu no to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.
Trust you not in a friend, put you not confidence in a guide: keep the doors of your mouth from her that lies in your bosom.
6 Ɔbabarima twiri nʼagya, Ɔbabaa sɔre tia ne maame, asebaa nso tia nʼase na onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu.
For the son dishonors the father, the daughter rises up against her mother, the daughter in law against her mother in law; a man’s enemies are the men of his own house.
7 Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade, Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn; na me Onyankopɔn bɛtie me.
Therefore I will look to the LORD; I will wait for the God of my salvation: my God will hear me.
8 Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ! Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre. Esum aduru me deɛ, nanso Awurade bɛyɛ me hann.
Rejoice not against me, O my enemy: when I fall, I shall arise; when I sit in darkness, the LORD shall be a light to me.
9 Sɛ mayɛ bɔne atia no enti, Awurade abufuo bɛba me so, kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me na wada me bembuo adi. Ɔde me bɛba hann no mu; na mɛhunu ne tenenee.
I will bear the indignation of the LORD, because I have sinned against him, until he plead my cause, and execute judgment for me: he will bring me forth to the light, and I shall behold his righteousness.
10 Afei, mʼatamfoɔ bɛhunu na wɔn ani bɛwu, deɛ ɔsee me sɛ, “Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?” Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ; mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne so te sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so.
Then she that is my enemy shall see it, and shame shall cover her which said to me, Where is the LORD your God? my eyes shall behold her: now shall she be trodden down as the mire of the streets.
11 Ɛda a wɔbɛto wʼafasuo no bɛba, ɛda a wɔbɛtrɛ wʼahyeɛ mu.
In the day that your walls are to be built, in that day shall the decree be far removed.
12 Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛn firi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu, mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrate afiri ɛpo akɔsi ɛpo ne bepɔ so akɔsi bepɔ so.
In that day also he shall come even to you from Assyria, and from the fortified cities, and from the fortress even to the river, and from sea to sea, and from mountain to mountain.
13 Asase no bɛyɛ amanfo ɛsiane nnipa a wɔtete so ne wɔn nneyɛɛ enti.
Notwithstanding the land shall be desolate because of them that dwell therein, for the fruit of their doings.
14 Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim, nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no, a wɔn nko ara tete kwaeɛ mu wira frɔmfrɔm adidibea hɔ. Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gilead sɛ tete nna no mu.
Feed your people with your rod, the flock of your heritage, which dwell solitarily in the wood, in the middle of Carmel: let them feed in Bashan and Gilead, as in the days of old.
15 “Mɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ wo, sɛdeɛ meyɛɛ nna a wofiri Misraim baeɛ mu no.”
According to the days of your coming out of the land of Egypt will I show to him marvelous things.
16 Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu, wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no. Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano na wɔn aso bɛsisi.
The nations shall see and be confounded at all their might: they shall lay their hand on their mouth, their ears shall be deaf.
17 Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ, ne mmoa a wɔwea fam. Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba; wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn, na wɔbɛsuro wo.
They shall lick the dust like a serpent, they shall move out of their holes like worms of the earth: they shall be afraid of the LORD our God, and shall fear because of you.
18 Hwan na ɔte sɛ wo, Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ? Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn. Wʼabofuo nntena hɔ daa na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.
Who is a God like to you, that pardons iniquity, and passes by the transgression of the remnant of his heritage? he retains not his anger for ever, because he delights in mercy.
19 Wobɛhunu yɛn mmɔbɔ bio, wobɛtiatia yɛn bɔne so, na woato yɛn amumuyɛ agu ɛpo bunu mu.
He will turn again, he will have compassion on us; he will subdue our iniquities; and you will cast all their sins into the depths of the sea.
20 Wobɛyɛ nokwafoɔ ama Yakob na wahunu Abraham mmɔbɔ sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam teteete no.
You will perform the truth to Jacob, and the mercy to Abraham, which you have sworn to our fathers from the days of old.

< Mika 7 >