< Mika 5 >

1 Mommoaboa mo akodɔm ano, Ao akofoɔ kuropɔn, ɛfiri sɛ, atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia. Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no wɔ nʼafono so.
Yet now gather yourselves in troops, O people of troops! They lay siege against us; With a rod they smite the cheek of the judge of Israel.
2 “Nanso wo, Betlehem Efrata, ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ, nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ, na nʼase firi teteete.”
But thou, Bethlehem Ephratah, Who art small to be among the thousands of Judah, Out of thee shall he come forth for me to be ruler in Israel, Whose origin is from the ancient age, from the days of old!
3 Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu, kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwo na ne nuanom mmarima nkaeɛ bɛsane akɔka Israelfoɔ ho.
But He [[Jehovah]] shall deliver them up, Until she that bringeth forth hath brought forth; Then shall the residue of his brethren return to the children of Israel.
4 Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuo wɔ Awurade ahoɔden mu, wɔ Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu. Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afei ne kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ.
He shall stand and rule in the strength of Jehovah, In the majesty of Jehovah, his God; And they shall dwell in security, For he shall be great even to the ends of the earth.
5 Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ. Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so, na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a, yɛde nnwanhwɛfoɔ nson, mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.
And he shall be peace. When the Assyrian shall come into our land, To trample upon our palaces, Then shall we raise against him seven shepherds, And eight leaders of the people,
6 Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so, wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so. Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so, bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a, ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.
And they shall devour the land of Assyria with the sword, The land of Nimrod within her gates. Thus shall he deliver us from the Assyrian, when he cometh into our land, And treadeth in our borders.
7 Yakob asefoɔ nkaeɛ no bɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ obosuo a ɛfiri Awurade, te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ so a ɛnntwɛn ɔdasani, na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan.
The residue of Jacob shall be in the midst of many nations As the dew which cometh from Jehovah, As drops of rain upon the grass, Which tarrieth not for man, Nor waiteth for the sons of men.
8 Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu, wɔbɛfrafra nnipa bebree mu te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu, te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mu a ɔbobɔ wɔn tete wɔn mu na obiara ntumi nnye wɔn.
The residue of Jacob shall be among the nations, In the midst of many kingdoms, As a lion among the beasts of the forest, As a young lion among flocks of sheep, Who, when he assaulteth, treadeth down and teareth, and none can deliver.
9 Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim, na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.
Thy hand shall be lifted up over thine adversaries, And all thine enemies shall be destroyed!
10 “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ na mabubu wo nteaseɛnam.
It shall come to pass in that day, saith Jehovah, That I will destroy thy horses from the midst of thee, And I will consume thy chariots;
11 Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so na madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.
I will destroy the fortified cities of thy land, And throw down all thy strongholds;
12 Mɛsɛe wʼabayisɛm na wo ntafowayie to bɛtwa.
I will destroy sorceries from thy borders, And soothsayers shall not be with thee.
13 Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wode wo nsa ayɛ ne aboɔ ahoni a wowɔ no, na worenkoto nsɔre wo nsa ano adwuma bio.
I will destroy thy graven images and thy statues from the midst of thee, And thou shalt no more bow down to the work of thine hands;
14 Mɛtutu Asera afɔrebukyia no afiri wo mu na masɛe wo nkuropɔn.
I will root out thy Astartes from the midst of thee, And I will destroy thy fortified cities;
15 Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa, mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ wɔn so wedeɛ.”
And I will execute vengeance in anger and in fury Upon the nations which have not hearkened to me.

< Mika 5 >