< Mika 4 >

1 Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye din aboro nkokoɔ nyinaa, na nnipa ahodoɔ bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
But it shall come to pass in the last days That the mountain of the house of Jehovah shall be established at the head of the mountains, And exalted above the hills; And the nations shall flow to it.
2 Aman bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so, Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan, sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.” Na mmara no bɛfiri Sion aba Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba.
And many nations shall go, saying, “Come, let us go up to the mountain of Jehovah, To the house of the God of Jacob, That he may teach us his ways, And that we may walk in his paths!” For from Zion shall go forth a law, And the word of Jehovah from Jerusalem.
3 Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa. Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa. Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
He shall be a judge of many nations, And an umpire of many kingdoms afar off. They shall beat their swords into ploughshares, And their spears into pruning-hooks; Nation shall not lift up the sword against nation, Neither shall they learn war any more.
4 Obiara bɛtena ne bobe anaa ne borɔdɔma nnua ase, na obiara remmɛhunahuna wɔn, ɛfiri sɛ, Asafo Awurade akasa.
But they shall sit every one under his vine, And under his fig-tree, And none shall make them afraid; The mouth of Jehovah of hosts hath spoken it.
5 Amanaman no nyinaa bɛtumi anante wɔn anyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade, yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa.
Though all the nations walk every one in the name of its God, Yet will we walk in the name of Jehovah our God for ever and ever.
6 “Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Mɛboaboa mmubuafoɔ, atukɔfoɔ ɛne wɔn a mede awerɛhoɔ aba wɔn so ano.
In that day, saith Jehovah, I will gather the halting, And the far scattered I will assemble, And those whom I have afflicted.
7 Mɛma mmubuafoɔ ayɛ me nkurɔfoɔ wɔ asase no so, atukɔfoɔ no bɛyɛ ɔman kɛseɛ. Awurade bɛdi wɔn so ɔhene wɔ Sion bepɔ so afiri da no akɔsi daa.
I will make the halting a remnant, And the far scattered a strong nation; And Jehovah shall reign over them in mount Zion, Henceforth, even forever.
8 Na wo, nnwankuo no abantenten, Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden, wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo; Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie.”
And thou, O tower of the flock, O hill of the daughter of Zion, to thee it shall come, To thee shall come the former dominion, Even the kingdom of the daughter of Jerusalem.
9 Ɛdeɛn enti na afei woresu denden, wonni ɔhene anaa? Wo futufoɔ ayera, na enti, ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu?
And now why dost thou cry aloud? Is there no king within thee? Have thy counsellors perished, That pangs have taken hold of thee, as of a woman in travail?
10 Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no, seesei ɛsɛ sɛ wofiri kuropɔn no mu kɔtena ɛserɛ so. Wobɛkɔ Babilonia; na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ. Ɛhɔ na Awurade bɛgye wo afiri wʼatamfoɔ nsam.
Yea, writhe, and be in anguish, O daughter of Zion, like a woman in travail! For now shalt thou go forth from the city, and dwell in the field; Thou shalt go even to Babylon; Yet there shalt thou be delivered. Jehovah will redeem thee from the hand of thine enemies.
11 Seesei deɛ, aman bebree aka abɔ mu atia wo. Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi, na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”
Now many nations gather themselves against thee, Who say, Let her be polluted, And let our eyes gaze upon Zion!
12 Nanso, wɔnnim Awurade adwene. Wɔnte nʼagyinatuo ase. Wɔnnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafi de kɔ ayuporobea.
But they know not the thoughts of Jehovah, And understand not his purposes; For he gathereth them as sheaves into the thrashing-floor.
13 “Sɔre, na pore, Ao Ɔbabaa Sion, mɛma wo dadeɛ mmɛn; mɛma wo kɔbere ntɔte na wobɛbubu aman bebree mu nketenkete.” Wode wɔn mfasodeɛ a wɔampɛ no ɛkwan pa so bɛbrɛ Awurade, wode wɔn ahonyadeɛ bɛbrɛ asase nyinaa so wura.
Arise and thrash, O daughter of Zion! For I will make thy horns iron, And thy hoofs brass; Thou shalt beat in pieces many nations, And thou shalt devote their spoils to Jehovah, Their substance to the Lord of the whole earth.

< Mika 4 >