< Mika 3 >

1 Afei mekaa sɛ, “Montie, mo Yakob ntuanofoɔ, mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie. Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee,
And I said: Hear, O ye princes of Jacob, and ye chiefs of the house of Israel: Is it not your part to know judgment,
2 Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔne moworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛ na motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho;
You that hate good, and love evil: that violently pluck off their skins from them, and their flesh from their bones?
3 mowe me nkurɔfoɔ nam, mowae wɔn wedeɛ, bubu wɔn nnompe mu nketenkete; motwitwa wɔn sɛ ɛnam a mode regu kwansɛn mu.”
Who have eaten the flesh of my people, and have flayed their skin from off them: and have broken, and chopped their bones as for the kettle, and as flesh in the midst of the pot.
4 Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade, nanso ɔrennye wɔn so. Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn, bɔne a wɔayɛ enti.
Then shall they cry to the Lord, and he will not hear them: and he will hide his face from them at that time, as they have behaved wickedly in their devices.
5 Deɛ Awurade seɛ nie: “Adiyifoɔ a wɔdaadaa me nkurɔfoɔ no deɛ, obi ma wɔn biribi di a wɔpae mu ka asomdwoeɛ nsɛm, na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a, adiyifoɔ no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu wɔn so sa.
Thus saith the Lord concerning the prophets that make my people err: that bite with their teeth, and preach peace: and if a man give not something into their mouth, they prepare war against him.
6 Enti adeɛ bɛsa mo a morennya anisoadehunu, esum bɛduru mo a morennya ahintasɛm biara. Owia bɛtɔ ama adiyifoɔ no, na adekyeɛ bɛdane esum ama wɔn.
Therefore night shall be to you instead of vision, and darkness to you instead of divination; and the sun shall go down upon the prophets, and the day shall be darkened over them.
7 Adepɛmuhunufoɔ ani bɛwu na wɔbɛgu nsamanfrɛfoɔ anim ase. Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, ɛfiri sɛ mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ mma.”
And they shall be confounded that see visions, and the diviners shall be confounded: and they shall all cover their faces, because there is no answer of God.
8 Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me ma tenenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumuyɛ ne Israel bɔne.
But yet I am filled with the strength of the spirit of the Lord, with judgment, and power: to declare unto Jacob his wickedness, and to Israel his sin.
9 Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ, mo a moyɛ Israel sodifoɔ, a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene nyinaa;
Hear this, ye princes of the house of Jacob, and ye judges of the house of Israel: you that abhor judgment, and pervert all that is right.
10 Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.
You that build up Sion with blood, and Jerusalem with iniquity.
11 Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn, nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. Nanso wɔdan Awurade, na wɔka sɛ, “Awurade nni yɛn ntam anaa? Ɔhaw biara remma yɛn so.”
Her princes have judged for bribes, and her priests have taught for hire, and her prophets divined for money: and they leaned upon the Lord, saying: Is not the Lord in the midst of us? no evil shall come upon us.
12 Na mo enti, wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo, Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ, na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.
Therefore, because of you, Sion shall be ploughed as a field, and Jerusalem shall be as a heap of stones, and the mountain of the temple as the high places of the forests.

< Mika 3 >