< Mateo 1 >
1 Yesu Kristo a ɔfiri Ɔhene Dawid ne Abraham abusua mu no mpanimfoɔ din na ɛdidi soɔ yi:
The book of the generation of Jesus Christ, the son of David, the son of Abraham:
2 Abraham ba ne Isak, Isak ba ne Yakob; Yakob nso mma ne Yuda ne ne nuanom.
Abraham begot Isaac. And Isaac begot Jacob. And Jacob begot Judas and his brethren.
3 Yuda mma ne Peres ne Sera. Wɔn maame ne Tamar. Peres ba ne Hesron ɛnna Hesron nso ba ne Ram.
And Judas begot Phares and Zara of Thamar. And Phares begot Esron. And Esron begot Aram.
4 Ram woo Aminadab; Aminadab woo Nahson; Nahson nso woo Salmon.
And Aram begot Aminadab. And Aminadab begot Naasson. And Naasson begot Salmon.
5 Salmon ne ne yere Rahab woo Boas; Boas ne ne yere Rut woo Obed; Obed nso woo Yisai.
And Salmon begot Booz of Rahab. And Booz begot Obed of Ruth. And Obed begot Jesse.
6 Yisai ba ne Ɔhene Dawid. Dawid ba ne Salomo. Dawid ne Batseba a na anka ɔyɛ Uria yere no na wɔwoo Salomo.
And Jesse begot David the king. And David the king begot Solomon, of her that had been the wife of Urias.
7 Salomo woo Rehoboam; Rehoboam woo Abia; Abia woo Asa.
And Solomon begot Roboam. And Roboam begot Abia. And Abia begot Asa.
8 Asa woo Yehosafat; Yehosafat woo Yoram, Yoram nso woo Usia
And Asa begot Josaphat. And Josaphat begot Joram. And Joram begot Ozias.
9 Usia ba ne Yotam; Yotam ba ne Ahas: Ahas ba ne Hiskia.
And Ozias begot Joatham. And Joatham begot Achaz. And Achaz begot Ezechias.
10 Hiskia ba ne Manase, Manase ba ne Amon; Amon nso ba ne Yosia.
And Ezechias begot Manasses. And Manesses begot Amon. And Amon begot Josias.
11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn ɛberɛ a na Yudafoɔ te nnommum mu wɔ Babilon no.
And Josias begot Jechonias and his brethren in the transmigration of Babylon.
12 Wɔn a wɔfiri Babilon nnommum mu baeɛ no akyi awoɔ ntoatoasoɔ nie: Yekonia woo Sealtiel; Sealtiel woo Serubabel.
And after the transmigration of Babylon, Jechonias begot Salathiel. And Salathiel begot Zorobabel.
13 Serubabel woo Abihud; Abihud woo Eliakim; Eliakim nso woo Asor.
And Zorobabel begot Abiud. And Abiud begot Eliacim. And Eliacim begot Azor.
14 Asor ba ne Sadok; Sadok ba ne Akim; Akim ba ne Elihud.
And Azor begot Sadoc. And Sadoc begot Achim. And Achim begot Eliud.
15 Elihud ba ne Eleasa; Eleasa ba ne Matan. Matan nso ba ne Yakob;
And Eliud begot Eleazar. And Eleazar begot Mathan. And Mathan begot Jacob.
16 Yakob woo Yosef a ɔwaree Maria no. Saa Maria yi na ɔwoo Yesu Kristo.
And Jacob begot Joseph the husband of Mary, of whom was born Jesus, who is called Christ.
17 Awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Ɔhene Dawid so yɛ dunan. Ɛfiri Ɔhene Dawid so de bɛsi ɛberɛ a wɔfaa ɔman no nnommum kɔɔ Babilon no nso awoɔ ntoatoasoɔ yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na ɛfiri ɛberɛ a wɔtu firii Babilon sane baa wɔn ɔman mu bio no de bɛsi Kristo awoɔ so nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.
So all the generations, from Abraham to David, are fourteen generations. And from David to the transmigration of Babylon, are fourteen generations: and from the transmigration of Babylon to Christ are fourteen generations.
18 Sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ ho nsɛm teɛ nie: Wɔde ne maame Maria maa Yosef sɛ ɔnware no, nanso ansa na wɔbɛhyiam sɛ awarefoɔ no, ɔhunuu sɛ wanyinsɛn deɛ ɛfiri Honhom Kronkron.
Now the generation of Christ was in this wise. When as his mother Mary was espoused to Joseph, before they came together, she was found with child, of the Holy Ghost.
19 Ɛbaa saa no, ne kunu Yosef a ɔdi ne ho ni no ampɛ sɛ ɔbɛgu Maria anim ase enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgyaa no awadeɛ kɔkoam.
Whereupon Joseph her husband, being a just man, and not willing publicly to expose her, was minded to put her away privately.
20 Ɛberɛ a asɛm no ayɛ Yosef dadwene no, Awurade ɔbɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no daeɛ mu. Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yosef, Dawid aseni, nnyae Maria awadeɛ ɛfiri sɛ, ne nyinsɛn no firi Honhom Kronkron.
But while he thought on these things, behold the angel of the Lord appeared to him in his sleep, saying: Joseph, son of David, fear not to take unto thee Mary thy wife, for that which is conceived in her, is of the Holy Ghost.
21 Ɔbɛwo ɔbarima na wɔato no edin Yesu, aseɛ ne Agyenkwa, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ nkwa afiri wɔn bɔne mu.”
And she shall bring forth a son: and thou shalt call his name JESUS. For he shall save his people from their sins.
22 Yei nyinaa baa mu de hyɛɛ deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no ma sɛ:
Now all this was done that it might be fulfilled which the Lord spoke by the prophet, saying:
23 “Ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no edin Immanuel” a aseɛ ne sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”
Behold a virgin shall be with child, and bring forth a son, and they shall call his name Emmanuel, which being interpreted is, God with us.
24 Ɛberɛ a Yosef nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fie ma ɔbɛyɛɛ ne yere.
And Joseph rising up from sleep, did as the angel of the Lord had commanded him, and took unto him his wife.
25 Yosef ne Maria anhyia da kɔsii sɛ Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din “Yesu.”
And he knew her not till she brought forth her firstborn son: and he called his name JESUS.