< Mateo 9 >

1 Yei akyi no, Yesu kɔtenaa kodoɔ bi mu kɔɔ Kapernaum, kuro a ɔte mu.
Og han gik om Bord i et Skib og for over og kom til sin egen By.
2 Ɔduruu hɔ no, ankyɛre biara na nnipa bi de obubuafoɔ bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. Na Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”
Og se, de bare til ham en værkbruden, som lå på en Seng; og da Jesus så deres Tro, sagde han til den værkbrudne: "Søn! vær frimodig, dine Synder forlades dig."
3 Ɛhɔ ara na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ hɔ no bi teaam sɛ, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!”
Og se, nogle af de skriftkloge sagde ved sig selv: "Denne taler bespotteligt."
4 Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene bɔne ho saa?
Og da Jesus så deres Tanker, sagde han: "Hvorfor tænke I ondt i eders Hjerter?
5 Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ metumi de bɔne kyɛ. Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka sɛ, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante?’”
Thi hvilket er lettest at sige: Dine Synder forlades dig, eller at sige: Stå op og gå?
6 Nanso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ enti, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Sɔre na bobɔ wo kɛtɛ, na kɔ efie ɛfiri sɛ, masa wo yadeɛ.”
Men for at I skulle vide, at Menneskesønnen har Magt på Jorden til at forlade Synder," da siger han til den værkbrudne: "Stå op, og tag din Seng, og gå til dit Hus!"
7 Amonom hɔ ara, obubuafoɔ no sɔre bobɔɔ ne kɛtɛ, siim kɔɔ ne fie!
Og han stod op og gik bort til sit Hus.
8 Nnipadɔm no hunuu anwanwadeɛ yi no, wɔn ho dwirii wɔn yie. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa!
Men da Skarerne så det, frygtede de og priste Gud, som havde givet Menneskene en sådan Magt.
9 Yesu firi deɛ ɔsaa obubuafoɔ no yadeɛ hɔ rekɔ no, ɔhunuu ɔbarima ɔtogyeni bi a ɔte atogyeeɛ. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu hunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.
Og da Jesus gik videre derfra, så han en Mand, som hed Matthæus, sidde ved Toldboden; og han siger til ham: "Følg mig!" Og han stod op og fulgte ham.
10 Ɛbaa sɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔɔ Mateo fie kɔdidiiɛ. Wɔredidi no, ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafoɔ no too nsa didiiɛ.
Og det skete, da han sad til Bords i Huset, se, da kom der mange Toldere og Syndere og sade til Bords med Jesus og hans Disciple.
11 Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na mo ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfoɔ a wɔte sɛɛ yi?”
Og da Farisæerne så det, sagde de til hans Disciple: "Hvorfor spiser eders Mester med Toldere og Syndere?"
12 Yesu teeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn.”
Men da Jesus hørte det, sagde han: "De raske trænge ikke til Læge, men de syge.
13 Ɔsane kaa bio sɛ, “Monkɔhwehwɛ yei ase wɔ Atwerɛ Kronkron no mu. Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ mo afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ na mepɛ, na mmom, ahummɔborɔ.’ Mammɛfrɛ teneneefoɔ, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”
Men går hen og lærer, hvad det vil sige: Jeg har Lyst til Barmhjertighed og ikke til Offer; thi jeg er ikke kommen for at kalde retfærdige, men Syndere,"
14 Ɛda bi, Yohane Osubɔni asuafoɔ baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni mmuada, sɛdeɛ yɛne Farisifoɔ di mmuada no?”
Da komme Johannes's Disciple til ham og sige: "Hvorfor faste vi og Farisæerne meget, men dine Disciple faste ikke?"
15 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ, sɛ ayeforɔkunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ ho, na wɔbua da anaa? Ɛberɛ bi bɛba a wɔbɛfa me afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.
Og Jesus sagde til dem: "Kunne Brudesvendene sørge, så længe Brudgommen er hos dem? Men der skal komme Dage, da Brudgommen bliver tagen fra dem, og da skulle de faste.
16 “Hwan na ɔde ntoma foforɔ bɛtare ntoma dada mu? Saa ntaremu no bɛsuane dada no mu ama tokuro kɛseɛ abɛda hɔ.
Men ingen sætter en Lap af uvalket Klæde på et gammelt Klædebon; thi Lappen river Klædebonnet itu, og der bliver et værre Hul.
17 Hwan na ɔde nsã foforɔ bɛgu aboa nwoma nsã nkotokuo dada mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsã no bɛpae nkotokuo no ama nsã no ahwie agu, na nkotokuo no nso asɛe. Nsa nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gugu na amma nkotokuo no ne nsã no mu biara ansɛe.”
Man kommer heller ikke ung Vin på gamle Læderflasker, ellers sprænges Læderflaskerne, og Vinen spildes, og Læderflaskerne ødelægges; men man kommer ung Vin på nye Læderflasker, så blive begge Dele bevarede."
18 Yesu gu so rekasa no, Yudafoɔ panin bi ba bɛkoto, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛdeɛ too Yesu anim sɛ, “Me babaa awu seesei ara. Menim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, ɔbɛnyane.”
Medens han talte dette til dem, se, da kom der en Forstander og faldt ned for ham og sagde: "Min Datter er lige nu død; men kom og læg din Hånd på hende, så bliver hun levende."
19 Yesu ne nʼasuafoɔ no ne ɔpanin no siim sɛ wɔrekɔ ɔpanin no fie.
Og Jesus stod op og fulgte ham med sine Disciple.
20 Wɔrekɔ no, ɔbaa bi a mogya atu no mfirinhyia dumienu firii Yesu akyi sɔɔ nʼatadeɛ ano.
Og se, en Kvinde, som havde haft Blodflod i tolv År, trådte hen bagfra og rørte ved Fligen af hans Klædebon;
21 Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”
thi hun sagde ved sig selv: "Dersom jeg blot rører ved hans Klædebon, bliver jeg frelst."
22 Yesu danee nʼani ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidie agye wo. Wo ho atɔ wo.” Ɛfiri saa ɛberɛ no mu, ne ho tɔɔ no.
Men Jesus vendte sig om, og da han så hende, sagde han: "Datter! vær frimodig, din Tro har frelst dig." Og Kvinden blev frelst fra den samme Time.
23 Yesu duruu ɔpanin no fie hɔ a ɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no,
Og da Jesus kom til Forstanderens Hus og så Fløjtespillerne og Hoben, som larmede, sagde han:
24 ɔkaa sɛ, “Obiara mfiri adi. Ababaawa no nwuiɛ. Wada!” Yesu asɛm a ɔkaeɛ yi maa nnipa no seree no.
"Gå bort, thi Pigen er ikke død, men hun sover." Og de lo ad ham.
25 Nnipa no nyinaa firii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaawa no da hɔ no. Ɔsɔɔ ne nsa. Prɛko pɛ, ababaawa no nyaneeɛ.
Men da Hoben var dreven ud, gik han ind og tog hende ved Hånden; og Pigen stod op.
26 Saa anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi trɛɛ wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
Og Rygtet herom kom ud i hele den Egn.
27 Yesu firi deɛ ɔnyanee ababaawa no hɔ rekɔ no, anifirafoɔ baanu bi dii nʼakyi teateaam sɛ, “Dawid ba, hunu yɛn mmɔbɔ!”
Og da Jesus gik bort derfra, fulgte der ham to blinde, som råbte og sagde: "Forbarm dig over os, du Davids Søn!"
28 Yesu duruu efie no, anifirafoɔ no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ mɛtumi ama moahunu adeɛ?” Wɔbuaa no sɛ, “Aane, Awurade, yɛgye di!”
Men da han kom ind i Huset, gik de blinde til ham; og Jesus siger til dem: "Tro I, at jeg kan gøre dette?"De siger til ham:"Ja, Herre!"
29 Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kaa sɛ, “Mo gyidie nyɛ deɛ mohwehwɛ mma mo!”
Da rørte han ved deres Øjne og sagde: "Det ske eder efter eders Tro!"
30 Amonom hɔ ara na wɔn ani buebueeɛ. Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara.”
Og deres Øjne bleve åbnede. Og Jesus bød dem strengt og sagde: "Ser til, lad ingen få det at vide."
31 Nanso, nnipa no firi hɔ pɛ, wɔbɔɔ asɛm no dawuro.
Men de gik ud og udbredte Rygtet om ham i hele den Egn.
32 Yesu ne nʼasuafoɔ refiri adi no, wɔde mumu bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no.
Men da disse gik ud, se, da førte de til ham et stumt Menneske, som var besat.
33 Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mumu no kasaeɛ. Saa honhommɔne tuo yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwanwa ma wɔkaa sɛ, “Yɛnhunuu saa anwanwadeɛ yi bi da wɔ Israelman mu ha!”
Og da den onde Ånd var uddreven, talte den stumme. Og Skarerne forundrede sig og sagde: "Aldrig er sådant set i Israel."
34 Farisifoɔ no deɛ, wɔkaa sɛ, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma enti na ɔtumi tu ahonhommɔne no.”
Men Farisæerne sagde: "Ved de onde Ånders Fyrste uddriver han de onde Ånder."
35 Yesu kyinkyinii nkuro so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔsaa nyarewa ahodoɔ bebree.
Og Jesus gik omkring i alle Byerne og Landsbyerne, lærte i deres Synagoger og prædikede Rigets Evangelium og helbredte enhver Sygdom og enhver Skrøbelighed.
36 Ɛberɛ a Yesu hunuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ ɔhaw ahodoɔ gu wɔn so a, wɔnhunu deɛ wɔnyɛ ne deɛ wɔmfa a wɔbɛnya mmoa nso. Wɔte sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ.
Men da han så Skarerne, ynkedes han inderligt over dem; thi de vare vanrøgtede og forkomne som Får, der ikke have Hyrde.
37 Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua.
Da siger han til sine Disciple: "Høsten er stor, men Arbejderne ere få;
38 Enti, monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfoɔ bebree mmra ne twa adwuma no mu.”
beder derfor Høstens Herre om, at han vil sende Arbejdere ud til sin Høst."

< Mateo 9 >