< Mateo 8 >

1 Ɛberɛ a Yesu sianee bepɔ no no, nnipadɔm bebree dii nʼakyi.
NOW when he descended from the mount, great multitudes followed him.
2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”
And lo! a leper came and worshipped him, saying, Lord, if thou wilt, thou canst make me clean.
3 Yesu tenee ne nsa de kaa ɔkwatani no kaa sɛ, “Mɛsa wo yadeɛ. Kwata, firi ne ho kɔ!” Amonom hɔ ara, kwata no firii ne ho.
And stretching out his hand, Jesus touched him, saying, I will; be thou clean. And instantly the leprosy was cleansed.
4 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansedie no.”
And Jesus said to him, See thou tell no man; but go, shew thyself to the priest, and offer the gift which Moses commanded for a testimony unto them.
5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Ɔduruu hɔ no, Roma asraafoɔ panin bi a ɛdɔm hyɛ nʼase baa ne kyɛn bɛbuu no nkotodwe kaa sɛ,
Then as Jesus was entering into Capernaum, there met him a centurion, intreating him,
6 “Awurade, mʼabɔfra abubu gu hɔ a ɔrehunu amane; mesrɛ wo, bɛsa no yadeɛ ma me.”
and saying, My servant is lying in the house paralytic, terribly tormented with pain.
7 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛba abɛsa no yadeɛ.”
And Jesus said unto him, I will come and heal him.
8 Asraafoɔ panin no tee Yesu asɛm a ɔkaeɛ no, ɔkaa sɛ, “Awurade, memfata sɛ woba me fie. Ka biribi na mʼabɔfra no ho bɛyɛ no den.
And the centurion said, I am not a fit person, that thou shouldest come under my roof: but only speak a word, and my servant be cured.
9 Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesane wɔ asraafoɔ a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na sɛ meka kyerɛ mʼabɔfra sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara no no.”
For I also am a man under authority, having under my command soldiers and I say to this soldier, Go, and he goeth; and to another, Come, and he cometh; and to my servant, Do this, and he doeth it.
10 Yesu tee saa asɛm yi no, ɛyɛɛ no nwanwa. Ɔdanee nʼani, ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Israelman mu nyinaa, menhunuu gyidie a ɛte sei da.
And Jesus hearing him, marvelled, and said to those who were following, Verily I say unto you, not even in Israel have I found so great faith.
11 Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham, Isak ne Yakob ato nsa adidi wɔ ɔsoro ahennie no mu.
And I say unto you, That many shall come from the east and from the west, and shall sit down with Abraham, and Isaac, and Jacob, in the kingdom of heaven.
12 Na Israelfoɔ a wɔsiesiee ɔsoro ahennie maa wɔn no mu pii wɔ hɔ a wɔbɛto wɔn agu esum kabii mu, na wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn tiri atwa agyaadwoɔ.”
But the children of the kingdom shall be cast into the outer darkness: there shall be wailing and gnashing of teeth.
13 Yesu ka kyerɛ asraafoɔ panin no sɛ, “Kɔ efie. Deɛ wogye die no aba mu ama wo!” Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, abɔfra no ho tɔɔ no!
And Jesus said to the centurion, Go; and as thou hast believed, be it to thee. And his servant was cured at that very hour.
14 Yesu kɔɔ Petro fie. Ɔkɔtoo sɛ huraeɛ akyere Petro ase baa ma ɔda hɔ.
And when Jesus was come into the house of Peter, he saw his mother-in-law laid on a bed, and in a fever.
15 Yesu sɔɔ ne nsa na amonom, huraeɛ no tu firii ne so. Ɔsɔre noaa aduane maa wɔn.
And he touched her hand, and the fever left her: and she arose, and waited upon them.
16 Saa ɛda no anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkaeɛ no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yeraeɛ, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn.
And when evening was come, they brought him many possessed by devils: and he cast out the spirits by a word, and all who had illnesses he cured:
17 Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ, “Ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa nyinaa” no baa mu.
that it might be fulfilled what was spoken by the prophet, “Himself he took our infirmities, and bore our diseases.”
18 Yesu hunuu sɛ ɛdɔm no redɔɔso no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, wɔntwa nkɔ asuogya nohoa.
Now when Jesus saw great multitudes about him, he gave orders to pass to the other side.
19 Ɛhɔ ara Yudani ɔkyerɛkyerɛfoɔ bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyiri!”
And a certain scribe came, and said unto him, Master, I will follow thee whithersoever thou goest.
20 Yesu buaa no sɛ, “Sakraman wɔ abɔn, ewiem nnomaa nso wɔ mpirebuo, nanso me, Onipa Ba no deɛ, menni baabi a mede me tiri to!”
And Jesus said unto him, The foxes have holes, and the birds of the air have nests; but the Son of man hath not where he can lay his head.
21 Asuafoɔ no mu baako bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ma me kwan na menkɔsie mʼagya ansa na mʼabɛdi wʼakyi.”
And another of his disciples said unto him, Permit me first to go and bury my father.
22 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Di mʼakyi. Wɔn a wɔawu no nsie wɔn awufoɔ”.
And Jesus said unto him, Follow me; and let the dead bury their own dead.
23 Yesu saa nyarewa no wieeɛ no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu na nʼasuafoɔ no dii nʼakyi.
And going on board a vessel, his disciples followed him.
24 Prɛko pɛ, ahum kɛseɛ bi tuiɛ maa asorɔkye bu bɛkataa kodoɔ no so. Nanso, na Yesu deɛ, wada.
And, behold, there was a great tempest in the sea, so that the vessel was hid by the waves; but he was asleep.
25 Nʼasuafoɔ no de nteateamu kɔɔ ne nkyɛn, kɔnyanee no kaa sɛ, “Awurade! Gye yɛn na yɛreyɛ amem!”
And his disciples coming, awoke him, saying, Lord, save us: we are perishing!
26 Yesu nyaneeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua, adɛn na moabɔ hu saa?” Ɛhɔ ara, ɔsɔre teateaa ahum ne asorɔkye no ma ɛyɛɛ dinn.
And he said unto them, Why are ye fearful, O ye of little faith? Then arising, he issued his mandate to the winds, and to the sea; and there was a great calm.
27 Asuafoɔ no ho dwirii wɔn yie. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn mpo ni a ahum ne ɛpo tie no yi?”
And the men marvelled, saying, What a wondrous man is this, that even the winds and the sea obey him!
28 Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu asuogya wɔ Gadarafoɔ asase so no, nnipa baanu bi a ahonhommɔne wɔ wɔn so firi amusieeɛ bɛhyiaa no. Esiane sɛ na saa nnipa yi yɛ keka enti, na obiara ntumi mfa faako a wɔwɔ hɔ.
And when he came to the other side, into the region of the Girgasenes, there met him two demoniacs, coming from the sepulchres; exceeding fierce, so that no person was able to pass by that road.
29 Wɔhunuu no pɛ, wɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na worehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn? Woaba ha sɛ worebɛyɛ yɛn ayayadeɛ ɛberɛ a mmerɛ no nsoeɛ anaa?”
And lo! they cried out, saying, What have we to do with thee, Jesus, thou Son of God? art thou come hither before the time to torment us?
30 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na mprakokuo bi redidi wɔ nkyɛn baabi.
And at a considerable distance, there was a great herd of swine feeding.
31 Ahonhommɔne no srɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wotu yɛn a, fa yɛn kɔhyɛ mprakokuo yi mu.”
Then the devils besought him, saying, If thou cast us out, permit us to go into the herd of swine.
32 Yesu tiaa wɔn sɛ, “Momfiri!” Ɛhɔ ara ahonhommɔne no firii nnipa no mu, kɔwuraa mprako no mu. Mprakokuo no nyinaa de mmirika sianee bepɔ no, kɔguu ɛpo no mu ma ɛfaa wɔn.
And he said to them, Go. Then they going forth out of him, entered into the herd of swine: and lo! the whole herd of the swine rushed down a precipice into the sea, and perished in the waters.
33 Ntɛm ara, wɔn a wɔhwɛ mprako no so no tuu mmirika kɔɔ kurom, kɔkaa deɛ asie no kyerɛɛ nkurɔfoɔ.
But they who fed them fled, and going away into the city, reported all things, and what had happened to the demoniacs.
34 Kurom hɔfoɔ no tee deɛ aba no, wɔbɔɔ twi, kɔɔ deɛ Yesu wɔ hɔ no. Wɔhunuu Yesu no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ɔman mu hɔ nkɔ.
And, behold, all the city came out to meet him: and when they saw him, they besought him to depart from their territories.

< Mateo 8 >