< Mateo 7 >
1 “Mommmu ntɛn, na afoforɔ ammu mo ntɛn.
“Do not judge, or you will be judged.
2 Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.
For with the same judgment you pronounce, you will be judged; and with the measure you use, it will be measured to you.
3 “Adɛn na woma aboseaa a ɛda wo nua ani so no ha wo, ɛberɛ a ɛboɔ kɛseɛ da wo deɛ so?
Why do you look at the speck in your brother’s eye, but fail to notice the beam in your own eye?
4 Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Ma menyi aboseaa a ɛda wʼani so no mma wo,’ wɔ ɛberɛ a ɛboɔ da wʼani so.
How can you say to your brother, ‘Let me take the speck out of your eye,’ while there is still a beam in your own eye?
5 Nyaatwomni! Di ɛkan yi ɛboɔ a ɛda wʼani so no ansa na woatumi ahunu aboseaa a ɛda wo nua ani so ayi ama no.
You hypocrite! First take the beam out of your own eye, and then you will see clearly to remove the speck from your brother’s eye.
6 “Mommfa deɛ ɛho te mma nkraman. Saa ara nso na monnto mo nhwene pa ngu mprako anim! Wɔbɛtiatia so, na woadane wɔn ho ato ahyɛ mo so.
Do not give dogs what is holy; do not throw your pearls before swine. If you do, they may trample them under their feet, and then turn and tear you to pieces.
7 “Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo.
Ask, and it will be given to you; seek, and you will find; knock, and the door will be opened to you.
8 Na obiara a ɔbisa no, ɔnya. Obiara a ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔpem no, wɔbue no.
For everyone who asks receives; he who seeks finds; and to him who knocks, the door will be opened.
9 “Na hwan na ne ba bisa no burodo a ɔbɛma no ɛboɔ?
Which of you, if his son asks for bread, will give him a stone?
10 Anaasɛ ɔbisa no nsuomnam a ɔbɛma no ɔwɔ? Ɛremma saa da!
Or if he asks for a fish, will give him a snake?
11 Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no.
So if you who are evil know how to give good gifts to your children, how much more will your Father in heaven give good things to those who ask Him!
12 Enti, sɛdeɛ mmara no ne adiyifoɔ no ka no, adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara.
In everything, then, do to others as you would have them do to you. For this is the essence of the Law and the Prophets.
13 “Ɛkwan teateaa no nko ara so na wobɛtumi afa akɔ ɔsoro! Ɛkwan a ɛkɔ ɔbonsam kurom no trɛ, na nʼapono nso mu baeɛ ma nnipadɔm a wɔfa so kɔ ɔsɛeɛ mu.
Enter through the narrow gate. For wide is the gate and broad is the way that leads to destruction, and many enter through it.
14 Ɛpono a wɔwura mu de kɔ nkwa mu no yɛ ketewa na ɛkwan a wɔfa so no nso yɛ teateaa, na nnipa kakra bi na wɔhunu fa so.
But small is the gate and narrow the way that leads to life, and only a few find it.
15 “Monhwɛ mo ho yie wɔ atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔba mo nkyɛn ahobrɛaseɛ mu sɛ nnwan nanso wɔyɛ mpataku a wɔnya mo a, wɔbɛtete mo pasaa no ho.
Beware of false prophets. They come to you in sheep’s clothing, but inwardly they are ravenous wolves.
16 Wɔn nneyɛeɛ na mode bɛhunu wɔn, sɛdeɛ motumi de dua bi aba hunu dua ko a ɛyɛ no. Worentumi nte bobe wɔ nkasɛɛ so; saa ara nso na worentumi nte borɔdɔma wɔ nnɛnkyɛmse so.
By their fruit you will recognize them. Are grapes gathered from thornbushes, or figs from thistles?
17 Dua a ɛwɔ nnyinasoɔ pa no tumi so aba pa; na dua a ɛnni nnyinasoɔ pa no nso so aba bɔne.
Likewise, every good tree bears good fruit, but a bad tree bears bad fruit.
18 Dua pa ntumi nso aba bɔne saa ara nso na dua bɔne ntumi nso aba pa.
A good tree cannot bear bad fruit, and a bad tree cannot bear good fruit.
19 Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa de gu ogya mu hye no.
Every tree that does not bear good fruit is cut down and thrown into the fire.
20 Onipa nneyɛeɛ na ɛma yɛhunu ne suban.
So then, by their fruit you will recognize them.
21 “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.
Not everyone who says to Me, ‘Lord, Lord,’ will enter the kingdom of heaven, but only he who does the will of My Father in heaven.
22 Atemmuo da no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ, ‘Awurade, yɛkaa wo ho asɛm kyerɛɛ afoforɔ. Yɛnam wo din nso so tuu ahonhommɔne, sane yɛɛ anwanwadeɛ, ahodoɔ’.
Many will say to Me on that day, ‘Lord, Lord, did we not prophesy in Your name, and in Your name drive out demons and perform many miracles?’
23 Na mabua wɔn sɛ, ‘mennim mo da. Momfiri me so nkɔ, nnebɔneyɛfoɔ!’
Then I will tell them plainly, ‘I never knew you; depart from Me, you workers of lawlessness!’
24 “Wɔn a wɔtie deɛ meka, na wɔdi so no te sɛ onyansafoɔ a ɔsi ne dan si ɔbotan so.
Therefore everyone who hears these words of Mine and acts on them is like a wise man who built his house on the rock.
25 Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛremmu da ɛfiri sɛ, wɔsi sii ɔbotan so.
The rain fell, the torrents raged, and the winds blew and beat against that house; yet it did not fall, because its foundation was on the rock.
26 Nanso, wɔn a wɔtie deɛ meka na wɔnni soɔ no te sɛ ɔkwasea bi a ɔsii ne dan sii anwea so.
But everyone who hears these words of Mine and does not act on them is like a foolish man who built his house on sand.
27 Sɛ osuo tɔ, na osuframa bɔ, na nsuo yiri, na emu biara ka ɛdan no a, ɛbɛdwiri agu fam, abubu pasaa.”
The rain fell, the torrents raged, and the winds blew and beat against that house, and it fell—and great was its collapse!”
28 Yesu asɛnka no maa nnipadɔm a wɔtiee no no nyinaa ho dwirii wɔn,
When Jesus had finished saying these things, the crowds were astonished at His teaching,
29 ɛfiri sɛ, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ obi a ɔkura tumi na ne nkyerɛkyerɛ no nte sɛ deɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kyerɛ no.
because He taught as one who had authority, and not as their scribes.