< Mateo 6 >
1 “Monhwɛ yie na moanyɛ papa ankyerɛ nnipa, amfa ampɛ animuonyam. Sɛ moyɛ saa a, morennya mfasoɔ biara mfiri mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nkyɛn.
“Asegúrense de que sus buenas obras no sean delante de la gente, solo para que los vean. De lo contrario, no tendrán ninguna recompensa de su Padre que está en el cielo.
2 “Sɛ woyɛ papa a, mmɔ no dawuro sɛdeɛ nyaatwomfoɔ yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔntene so no. Merema mo ate sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.
Cuando den a los pobres, no sean como los hipócritas que se jactan anunciando en las sinagogas y en las calles lo que hacen para que la gente los alabe. Yo les digo la verdad: ellos ya tienen su recompensa.
3 Sɛ woyɛ papa a, mma obiara nhunu, mpo sɛ wode wo nsa nifa yɛ papa a, mma wo nsa benkum nhunu,
Cuando den a los pobres, que su mano izquierda no sepa lo que está haciendo su mano derecha.
4 na wʼagya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.
De esta manera, lo que den será secreto, y su Padre que ve lo que ocurre en secreto, los recompensará.
5 “Ɛfa mpaeɛbɔ ho nso, sɛ morebɔ mpaeɛ a, mommmɔ mpaeɛ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ gyina asɔredan mu ne mmɔntene so bɔ mpaeɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.
“Cuando oren, no sean como los hipócritas, porque a ellos les encanta ponerse en pie y orar en las sinagogas y en las esquinas de las calles para que la gente los vea. Yo les prometo que ellos ya tienen su recompensa.
6 Sɛ wobɔ mpaeɛ a, hɔ wo dan mu, na to wo ɛpono mu, na bɔ wʼAgya a wɔnhunu no mpaeɛ, na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm no bɛtua wo ka.
Pero ustedes, cuando oren, entren a su casa y cierren la puerta, y oren a su Padre en privado, y su Padre que ve lo que ocurre en privado, los recompensará.
7 Sɛ mobɔ mpaeɛ a, monnkasakasa bebree ntiti nsɛm mu, nsusu sɛ, sɛ moyɛ saa a na Onyankopɔn bɛtie mo.
Cuando oren, no usen palabrerías incoherentes como hacen los gentiles, que piensan que serán escuchados por todas las palabras que repiten.
8 Mo Agya Onyankopɔn nim deɛ ɛhia mo nyinaa ansa na mobisa no.
No sean como ellos, porque su Padre sabe lo que ustedes necesitan incluso antes de que ustedes se lo pidan.
9 “Enti, saa ɛkwan yi so na momfa mmɔ mpaeɛ: “‘Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro, wo din ho nte.
Así que oren de esta manera: “Nuestro Padre celestial, que tu nombre sean honrado.
10 Wʼahennie mmra. Deɛ wopɛ nyɛ hɔ wɔ asase so, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔsoro.
Venga tu reino. Que tu voluntad sea hecha en la tierra como se hace en el cielo.
11 Ma yɛn yɛn daa aduane ɛnnɛ,
Por favor, danos hoy el alimento que necesitamos.
12 na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, sɛdeɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne kyɛ wɔn no.
Perdona nuestros pecados, así como nosotros hemos perdonado a quienes han pecado contra nosotros.
13 Mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu. Na yi yɛn firi ɔbɔnefoɔ no nsam.’
No dejes que seamos tentados a hacer el mal, y sálvanos del Maligno.
14 Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya de mo mfomsoɔ bɛkyɛ mo.
“Porque si perdonan a quienes pecan contra ustedes, su Padre celestial también los perdonará.
15 Nanso, sɛ moamfa wɔn a wɔfom mo mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, mo ɔsoro Agya no nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”
Pero si no perdonan a quienes pecan contra ustedes, entonces su Padre celestial no les perdonará sus pecados.
16 “Sɛ modi mmuada a, monnyɛ mo anim mmɔbɔmmɔbɔ sɛdeɛ nyaatwomfoɔ mmuada a wɔyɛ de pɛ nnipa anim animuonyam no. Merema mo ate aseɛ sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.
“Cuando ayunen, no sean como los hipócritas que ponen caras tristes y un semblante espantoso para que todos vean que están ayunando.
17 Sɛ wodi mmuada a, nunu wo tirim, na hohoro wʼanim, na ma wʼanim nyɛ frɔmm,
En lugar de eso, cuando ayunen, laven sus rostros y luzcan elegantes,
18 na mma nnipa nhunu sɛ woredi mmuada, agye wʼAgya a ɔhunu deɛ woyɛ wɔ kɔkoam nyinaa no nko ara; na wʼAgya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.
a fin de que las personas no vean que ustedes están ayunando, y su Padre que es invisible y que ve lo que ocurre en privado, los recompensará.
19 “Monnhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ asase yi so, deɛ ntɛferɛ bɛtumi awe, na ɛbɛtumi awe nnaakye na asɛeɛ, na akorɔmfoɔ bɛtumi awia.
“No acumulen riquezas aquí en la tierra donde la polilla y el óxido las dañan, y donde los ladrones entran y las roban.
20 Mmom, monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ ntɛferɛ ntumi nwe, na ɛntumi nwe nnaakye nsɛeɛ, na akorɔmfoɔ ntumi nwia.
En lugar de ello, ustedes deben acumular sus riquezas en el cielo, donde la polilla y el óxido no las dañan, y donde los ladrones no entran ni las roban.
21 Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.
Porque donde acumulen su riqueza, allí es donde estará su corazón también.
22 “Ani yɛ onipadua kanea. Ɛno enti sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nyinaa yɛ hann.
“El ojo es como una lámpara que ilumina el cuerpo. De manera que si tu ojo es sano, entonces todo tu cuerpo tendrá luz.
23 Nanso sɛ wʼani nyɛ a, ɛma wo onipadua no nyinaa dane esum tumm. Enti, sɛ hann a ɛwɔ wo mu no yɛ esum deɛ a, na wo onipadua no yɛ esum kabii.
Pero si tu ojo es perverso, entonces todo tu cuerpo estará en tinieblas. Si la luz dentro de ustedes está en tinieblas, ¡cuán oscuro es eso!
24 “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; sɛ ɔyɛ saa a, ɔbɛtan ɔbaako, na wadɔ ɔbaako anaasɛ ɔbɛsom ɔbaako yie, na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahodeɛ.
Nadie puede servir a dos amos. Odiarán a uno y amarán al otro, o serán devotos a uno y despreciarán al otro. Ustedes no pueden servir a Dios y al dinero a la vez.
25 “Yei enti na metu mo fo sɛ, monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom anaa deɛ mobɛfira ho. Mowɔ ɔkra ne onipadua a ɛsom bo sene deɛ mobɛdi, deɛ mobɛnom ne deɛ mobɛfira.
“Por eso les digo que no se preocupen por sus vidas. No se preocupen por lo que van a comer, o por lo que van a beber, o por la ropa con la que van a vestir. ¿Acaso no es la vida más importante que la comida, y el cuerpo más que la ropa?
26 Monhwɛ ewiem nnomaa, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa aba mmoaboa ano mfa nsie, nanso mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no ma wɔn aduane di. Monnsom bo nsene wɔn anaa?
Miren las aves—ellas no siembran ni cosechan, ni guardan alimento en los graneros, porque el Padre celestial las alimenta. ¿No son ustedes más que las aves?
27 Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?
¿Quién de ustedes puede, por mucho que se afane, añadir un minuto a su vida?
28 “Adɛn enti na modwennwene ntoma ho? Monhwɛ afifideɛ bi sɛ sukooko. Wɔnnyɛ adwuma, anaasɛ wɔnwene ntoma ho.
¿Y por qué se preocupan por la ropa? Miren las hermosas flores del campo. Miren cómo crecen: No trabajan ni hilan.
29 Nanso, Ɔhene Salomo ahonya ne nʼanimuonyam nyinaa akyi no, na nʼahoɔfɛ nnuru sukooko yi.
Pero les digo que ni siquiera Salomón en todo su esplendor se vistió como una de esas flores.
30 Na sɛ Onyankopɔn tumi fira afifideɛ a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ na ɔkyena ɛnni hɔ ntoma a, mo a mo gyidie sua, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrentumi mma mo deɛ ɛhia mo?
De modo que si Dios decora los campos así, la hierba que está hoy aquí y que mañana es lanzada al fuego, ¿no hará mucho más por ustedes que son personas que creen tan poco?
31 Enti, monnnwennwene deɛ mobɛdie, deɛ mobɛnom anaasɛ deɛ mobɛfira ho.
Así que no se preocupen diciendo ‘¿Qué comeremos?’ o ‘¿Qué beberemos?’ o ‘¿Qué vestiremos?’
32 Na wɔn a wɔnni gyidie no na ɛberɛ biara wɔdwene saa nneɛma no ho. Na mo deɛ, mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo.
Todas estas son las cosas que por las que los paganos se afanan, pero el Padre celestial ya sabe todo lo que ustedes necesitan.
33 Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie ne ne tenenee kane, na ɔde deɛ ɛhia mo nyinaa bɛka mo ho.
Busquen su reino en primer lugar, y su senda de justicia, y todo se les dará.
34 Enti, monnnwennwene ɔkyena ho. Onyankopɔn no ara de deɛ ɛhia mo bɛma mo. Ɛda biara ne mu nsɛm.
Así que no se preocupen por el día de mañana, porque el mañana puede preocuparse por sí mismo. Cada día trae su propio mal.