< Mateo 4 >

1 Yei akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ ɛserɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ.
Então foi conduzido Jesus pelo espírito ao deserto, para ser tentado pelo diabo.
2 Saa ɛberɛ no mu, Yesu dii mmuada adaduanan awia ne anadwo. Yei maa ɛkɔm dee no.
E, tendo jejuado quarenta dias e quarenta noites, depois teve fome;
3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.”
E, chegando-se a ele o tentador, disse: Se tu és o Filho de Deus, manda que estas pedras se façam pães.
4 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’”
Ele, porém, respondendo, disse: Está escrito: Nem só de pão viverá o homem, mas de toda a palavra que sai da boca de Deus
5 Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ,
Então o diabo o levou à cidade santa, e colocou-o sobre o pináculo do templo,
6 na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huri firi deɛ wogyina hɔ si fam, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, “‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ abɛsɔ wo, na woammɛhwe abotan so.’”
E disse-lhe: Se tu és o Filho de Deus, lança-te de aqui abaixo; porque está escrito: Que aos seus anjos ordenará a respeito de ti; e tomar-te-ão nas mãos, para que nunca tropeces em alguma pedra
7 Yesu buaa bio sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Onyankopɔn nhwɛ.’”
Disse-lhe Jesus: também está escrito: Não tentarás o Senhor teu Deus.
8 Yei akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no ewiase ahennie ahodoɔ ne emu animuonyam nyinaa.
Novamente o levou o diabo a um monte muito alto, e mostrou-lhe todos os reinos do mundo, e a glória deles.
9 Afei, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wobɛkoto asom me a, mede deɛ wohunu yi nyinaa bɛma wo.”
E disse-lhe: Tudo isto te darei se, prostrado, me adorares.
10 Ɛhɔ ara na Yesu buaa sɛ, “Firi me so, Ɔbonsam! Hunu sɛ, wɔatwerɛ sɛ ‘Koto som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’”
Então disse-lhe Jesus: vai-te, Satanás, porque está escrito: Ao Senhor teu Deus adorarás, e só a ele servirás.
11 Yesu ano siiɛ no, ɔbonsam gyaa no hɔ kɔeɛ. Ɛno akyi, abɔfoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsom no.
Então o diabo o deixou; e, eis que chegaram os anjos, e o serviram.
12 Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea.
Jesus, porém, ouvindo que João estava preso, voltou para a Galiléia;
13 Ɔduruu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, ɔtwaam Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so.
E, deixando Nazareth, foi habitar em Cafarnaum, cidade marítima, nos confins de Zabulon e Naphtali;
14 Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ sɛ,
Para que se cumprisse o que foi dito pelo profeta Isaias, que diz:
15 “Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo ɛkwan so, Yordan agya, Galilea a amanamanfoɔ te hɔ,
A terra de Zabulon, e a terra de Naphtali, junto ao caminho do mar, além do Jordão, a Galiléia das nações;
16 nnipa a wɔte sum mu no, Hann kɛseɛ bi apue ama wɔn. Hann no apue ama wɔn a wɔte owuo asase so.”
O povo, assentado em trevas, viu uma grande luz; e para os que estavam assentados na região e raiou a luz.
17 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu firii nʼasɛnka ase sɛ, “Monnu mo ho, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn.”
Desde então começou Jesus a pregar, e a dizer: Arrependei-vos, porque é chegado o reino dos céus.
18 Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ afarefoɔ sɛ wɔregu asau ɛpo no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforɔ nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.
E Jesus, andando junto ao mar da Galiléia, viu a dois irmãos, Simão, chamado Pedro, e André, que lançavam as redes ao mar, porque eram pescadores:
19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi na mɛkyerɛ mo ɛkwan a wɔfa so yi nnipa kra.”
E disse-lhes: Vinde após mim, e eu vos farei pescadores de homens.
20 Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi ne no kɔeɛ.
Então eles, deixando logo as redes, seguiram-no.
21 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, sɛ wɔne wɔn agya te kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi.
E, adiantando-se dali, viu outros dois irmãos, Thiago, filho de Zebedeo, e João, seu irmão, num barco com seu pai Zebedeo, concertando as redes; e chamou-os;
22 Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya ne kodoɔ no hɔ bɛdii nʼakyi.
Eles, deixando imediatamente o barco e seu pai, seguiram-no.
23 Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso.
E percorria Jesus toda a Galiléia, ensinando nas suas sinagogas e pregando o Evangelho do reino, e curando todas as enfermidades e moléstias entre o povo.
24 Yesu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi trɛ kɔduruu Siriaman mu nyinaa. Yei maa wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔtwa, wɔn a wɔyare mmubuiɛ ne wɔn a nyarewa ahodoɔ ha wɔn no nyinaa firi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
E a sua fama correu por toda a Síria, e traziam-lhe todos os que padeciam, acometidos de várias enfermidades e tormentos, os endemoninhados, os lunáticos, e os paralíticos, e ele os curava.
25 Anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi maa nnipakuo a wɔfiri Galilea ne Nkuro Edu “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.
E seguia-o uma grande multidão de gente da Galiléia, de Decápolis, de Jerusalém, da Judeia, e de além do Jordão.

< Mateo 4 >