< Mateo 3 >

1 Ɛberɛ a Yesu ne nʼawofoɔ wɔ Nasaret no, Yohane Osubɔni bɛkaa asɛm wɔ Yudea ɛserɛ so sɛ,
In those days John the Baptist came, preaching in the wilderness of Judea
2 “Monnu mo ho; momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn”
and saying, “Repent, for the kingdom of heaven is near.”
3 Yohane ne deɛ odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ, “Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan mma Awurade; momma nʼatempɔn ntene!’”
This is he who was spoken of through the prophet Isaiah: “A voice of one calling in the wilderness, ‘Prepare the way for the Lord, make straight paths for Him.’”
4 Saa ɛberɛ no na Yohane fira yoma ho nwi ntoma, bɔ aboa nhoma abɔsoɔ. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ.
John wore a garment of camel’s hair, with a leather belt around his waist. His food was locusts and wild honey.
5 Yerusalemfoɔ ne Yudeafoɔ ne nnipa a wɔte Asubɔnten Yordan ho no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so hɔ kɔtiee asɛm no bi.
People went out to him from Jerusalem and all Judea and the whole region around the Jordan.
6 Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.
Confessing their sins, they were baptized by him in the Jordan River.
7 Yohane hunuu sɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ pii reba ne nkyɛn ma wɔabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri Onyankopɔn abufuo a ɛreba no ano?
But when John saw many of the Pharisees and Sadducees coming to his place of baptism, he said to them, “You brood of vipers, who warned you to flee from the coming wrath?
8 Monkɔbɔ ɔbra pa mfa nkyerɛ sɛ moasakyera ampa.
Produce fruit, then, in keeping with repentance.
9 Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ.
And do not presume to say to yourselves, ‘We have Abraham as our father.’ For I tell you that out of these stones God can raise up children for Abraham.
10 Onyankopɔn de nʼabonnua ato dua biara a ɛnso aba pa nhini ho sɛ ɔde bɛtwa, na ɔde agu ogya mu ahye no.
The axe lies ready at the root of the trees, and every tree that does not produce good fruit will be cut down and thrown into the fire.
11 “Me deɛ, mede nsuo na ɛrebɔ wɔn a wɔasakyera wɔn su no asu. Nanso deɛ ɔdi mʼakyi reba no deɛ, ɔso sene me a ne mpaboa mpo mensɛ sɛ mekura. Ɔno deɛ, sɛ ɔba a, ɔde Honhom Kronkron ne ogya na ɛbɛbɔ mo asu.
I baptize you with water for repentance, but after me will come One more powerful than I, whose sandals I am not worthy to carry. He will baptize you with the Holy Spirit and with fire.
12 Ɔbɛhuhu aburoo no so ayiyi mu aba pa no afiri ntɛtɛ no mu, na ɔde aba pa no akɔsie, na ɔde ogya a ɛnnum da ahye ntɛtɛ no pasaa.”
His winnowing fork is in His hand to clear His threshing floor and to gather His wheat into the barn; but He will burn up the chaff with unquenchable fire.”
13 Yesu tee Yohane Osubɔni nka no, ɔfiri Galilea baa Asubɔnten Yordan ho sɛ Yohane mmɔ no asu.
At that time Jesus came from Galilee to the Jordan to be baptized by John.
14 Yohane hunuu sɛ ɔmfata sɛ ɔbɔ Yesu asu. Yei enti, ɔkaa sɛ, “Wo na ɛsɛ sɛ wobɔ me asu, na ɛnyɛ me.”
But John tried to prevent Him, saying, “I need to be baptized by You, and do You come to me?”
15 Ɛnna Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛtwa ara na ɛtwa sɛ wobɔ me asu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ no bɛba mu.” Yesu asɛm a ɔkaeɛ no enti, Yohane bɔɔ no asu.
“Let it be so now,” Jesus replied. “It is fitting for us to fulfill all righteousness in this way.” Then John permitted Him.
16 Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ ɔsoro bueɛ. Ɔhunuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane ba ne so sɛ aborɔnoma.
As soon as Jesus was baptized, He went up out of the water. Suddenly the heavens were opened, and He saw the Spirit of God descending like a dove and resting on Him.
17 Ɛhɔ ara, ɛnne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani.”
And a voice from heaven said, “This is My beloved Son, in whom I am well pleased!”

< Mateo 3 >