< Mateo 28 >

1 Homeda no akyi, Memeneda ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔɔ ɛda no so.
After the Sabbath, in the early dawn of the first day of the week, Mary of Magdala and the other Mary came to see the sepulchre.
2 Amonom, asase wosoo denden; na Awurade ɔbɔfoɔ siane firii ɔsoro baeɛ bɛpiree ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa so.
But to their amazement there had been a great earthquake; for an angel of the Lord had descended from Heaven, and had come and rolled back the stone, and was sitting upon it.
3 Nʼanim hyerɛn te sɛ kanea na nʼatadeɛ yɛ fitaa te sɛ nwera.
His appearance was like lightning, and his raiment white as snow.
4 Awɛmfoɔ no hunuu no no, ehu maa wɔn ho popoeɛ, na wɔhwehwee ase, danee sɛ awufoɔ.
For fear of him the guards trembled violently, and became like dead men.
5 Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ mmaa no sɛ, “Monnsuro! Menim sɛ, morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no,
But the angel said to the women, "As for you, dismiss your fears. I know that it is Jesus that you are looking for--the crucified One.
6 nanso ɔnni ha. Wasɔre kɔ sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra mmɛhwɛ deɛ na ɔda hɔ no.
He is not here: He has come back to life, as He foretold. Come and see the place where He lay.
7 Afei, monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ nʼasuafoɔ no sɛ, ‘Wasɔre afiri awufoɔ mu, na ɔredi mo anim ɛkan akɔ Galilea akɔhyia mo wɔ hɔ.’ Yei ne nkra a mewɔ de ma mo.”
And go quickly and tell His disciples that He has risen from the dead and is going before you into Galilee: there you shall see Him. Remember, I have told you."
8 Mmaa no de ehu ne anigyeɛ a adi afra tutuu mmirika firii ɛda no so sɛ, wɔrekɔhwehwɛ asuafoɔ no aka ɔbɔfoɔ no nkra no akyerɛ wɔn.
They quickly left the tomb and ran, still terrified but full of unspeakable joy, to carry the news to His disciples.
9 Wɔrekɔ no, prɛko pɛ, Yesu bɛgyinaa wɔn anim. Ɔkyeaa wɔn sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Wɔbuu no nkotodwe, somm no.
And then suddenly they saw Jesus coming to meet them. "Peace be to you," He said. And they came and clasped His feet, bowing to the ground before Him.
10 Afei, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro! Monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom no sɛ wɔnkɔ Galilea nkɔhyia me wɔ hɔ.”
Then He said, "Dismiss all fear! Go and take word to my brethren to go into Galilee, and there they shall see me."
11 Ɛberɛ a mmaa no rekɔ kuro no mu no, awɛmfoɔ a wɔwɛn ɛda no mu bi kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn kɔkaa deɛ asie no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
While they went on this errand, some of the guards came into the city and reported to the High Priests every detail of what had happened.
12 Yudafoɔ mpanin no nyinaa hyiaeɛ, na wɔsii no gyinaeɛ sɛ, wɔbɛma awɛmfoɔ no sika aka akyerɛ wɔn
So the latter held a conference with the Elders, and after consultation with them they heavily bribed the soldiers,
13 sɛ, “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdaeɛ no, na nʼasuafoɔ no ba bɛwiaa amu no de kɔeɛ.’”
telling them to say, "His disciples came during the night and stole his body while we were asleep."
14 Wɔhyɛɛ awɛmfoɔ no bɔ sɛ, “Sɛ ɛba sɛ amrado te ɛho asɛm a, yɛbɛkyerɛkyerɛ no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenyɛ mo hwee.”
"And if this," they added, "is reported to the Governor, we will satisfy him and screen you from punishment."
15 Yei enti, awɛmfoɔ no gyee sika no kɔyɛɛ sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Asɛm a wɔkaeɛ no trɛ faa Yudafoɔ no mu nyinaa na wɔgye di de bɛsi ɛnnɛ.
So they took the money and did as they were instructed; and this story was noised about among the Jews, and is current to this day.
16 Afei, asuafoɔ dubaako no siim kɔɔ Galilea bepɔ a Yesu kaa sɛ wɔnkɔ so no so.
As for the eleven disciples, they proceeded into Galilee, to the hill where Jesus had arranged to meet them.
17 Ɛhɔ na wɔhunuu no, koto sɔree no. Nanso, na wɔn mu bi nnye nni ara.
There they saw Him and prostrated themselves before Him. Yet some doubted.
18 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.
Jesus however came near and said to them, "All power in Heaven and over the earth has been given to me.
19 Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mʼasuafoɔ. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,
Go therefore and make disciples of all the nations; baptize them into the name of the Father, and of the Son, and of the Holy Spirit;
20 na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ, wɔnni deɛ mahyɛ mo no nyinaa so. Na me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akɔsi ewiase awieeɛ.” (aiōn g165)
and teach them to obey every command which I have given you. And remember, I am with you always, day by day, until the Close of the Age." (aiōn g165)

< Mateo 28 >