< Mateo 26 >

1 Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
And when Jesus had finished these discourses, He said to his disciples,
2 “Monim sɛ aka nnanu na Twam Afahyɛ no aduru, na wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asɛnnua mu.”
Ye know that after two days the passover is to be kept, ---and the Son of man is betrayed to be crucified.
3 Saa ɛberɛ no ara na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa efie,
Now the chief priests, and the scribes, and the elders of the people were then assembled together into the palace of the high priest, whose name was Caiaphas:
4 retu agyina ahwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhunu akyire.
and were consulting how they might take Jesus by treachery and put Him to death.
5 Nanso, wɔkaa sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
But they said, Not on the feast-day, least there should be a tumult among the people.
6 Afei, Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani efie.
And when Jesus was at Bethany, in the house of Simon the leper,
7 Ɔwɔ hɔ redidi no, ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam bi a ne boɔ yɛ den yie toa ma baa hɔ, bɛhwie guu Yesu tirim.
there came to Him a woman with an alabaster-box of very precious ointment, and poured it on his head as He was at table:
8 Asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkaa sɛ, “Adesɛeɛ yi ase ne sɛn?
but when his disciples saw it, they were some of them provoked at it, and said, Wherefore is this waste?
9 Anka wɔbɛtumi atɔn sradeɛ hwamhwam yi anya sika bebree de ama ahiafoɔ.”
for this ointment might have been sold for a great deal of money, and given to the poor.
10 Yesu hunuu wɔn adwene, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɛn na moka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ yi ho asɛm saa? Wayɛ ade pa ama me.
But Jesus, knowing what passed, said to them, Why do ye give the woman uneasiness? for she has done a good office to me:
11 Mo ne ahiafoɔ wɔ ha daa, na me deɛ, me ne mo nni hɔ daa.
(seeing ye have the poor always with you, but me ye have not always: ) for in pouring this ointment on my body,
12 Wahwie ngo hwamhwam yi agu me so, de asiesie me onipadua ama me sie.
she has embalmed me for my burial.
13 Wɔde deɛ ɔyɛeɛ yi bɛkae no daa. Wɔbɛka deɛ ɔyɛeɛ yi wɔ ewiase baabiara a wɔka asɛmpa no.”
Verily I tell you, wherever this gospel is preached, in the whole world, what she hath done shall also be spoken of for a memorial of her.
14 Afei, Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn,
About this time went one of the twelve, called Judas Iscariot,
15 kɔbisaa wɔn sɛ, “Sɛ meyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔ aduasa
to the chief priests, and said, What will ye give me, and I will deliver Him to you? and they promised him thirty pieces of silver:
16 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.
and from that time he sought opportunity to betray Him.
17 Apiti Afahyɛ da a ɛdi ɛkan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔdi Twam Afahyɛ no?”
Now upon the first day of the feast of unleavened bread, came the disciples to Jesus, saying, where wouldest thou have us make preparation for thee to eat the passover?
18 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Monkɔ kuro no mu nkɔhunu ɔpanin asomasi nka nkyerɛ no sɛ, ‘Yɛn Wura se, ne berɛ abɛn, na wo fie na ɔne nʼasuafoɔ no bɛdi Twam Afahyɛ no.’”
And He said, Go into the city, to such a man, and tell him, The master saith, my time is near, I will keep the passover at thy house with my disciples: and the disciples did as Jesus ordered them,
19 Asuafoɔ no dii deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduane a wɔbɛdi wɔ efie a wɔnyaeɛ no mu.
and prepared the passover.
20 Ɛduruu anwummerɛ a ɔne Dumienu no te adidiiɛ no,
And when the evening was come, He sat down with the twelve:
21 ɔkaa sɛ, “Mo mu baako bɛyi me ama.”
and as they were eating, He said, Verily I tell you, that one of you will betray me.
22 Asɛm yi maa wɔn werɛ hoo yie, na wɔfirii aseɛ bisabisaa mmaako mmaako sɛ, “Awurade, ɛyɛ me anaa.”
And they were exceedingly grieved, and said to Him, every one of them, Lord, is it I?
23 Yesu buaa sɛ, “Deɛ ɔne me didi ayowaa baako mu no, ɔno na ɔbɛyi me ama.
and He answered, he that dippeth his hand with me in the dish, even he will betray me.
24 Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no wu sɛdeɛ odiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no; nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no, nnue! Sɛ wanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ.”
The Son of man is going indeed as it is written concerning Him: but wo to that man by whom the Son of man is betrayed; it had been good for him, if that man had never been born.
25 Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ me anaa?” Yesu buaa no sɛ, “Aane.”
And Judas, who betrayed Him, answered and said, Master, is it I? and He said unto him, It is.
26 Ɛberɛ a wɔredidi no. Yesu faa burodo, na ɔhyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ: “Monnye nni, yei ne me onipadua.”
Now as they were at table, Jesus took bread, and blessed it, and brake it, and gave it to the disciples, and said, Take, eat; this is my body:
27 Na ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kaa sɛ, “Mo nyinaa monnom bi,
and He took the cup, and gave thanks, and gave it to them, saying, Drink ye all of it:
28 na yei ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforɔ no mu den, a wɔhwie gu ma nnipa bebree nya bɔne fakyɛ.
for this is my blood, the blood of the new covenant, which is to be shed for many for the remission of sins:
29 Montie deɛ mereka yi yie. Merennom saa nsã yi bi bio da, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahennie no mu.”
but I tell you, that from henceforth I shall not drink of the fruit of the vine, until that day when I drink it new with you in the kingdom of my Father.
30 Na wɔtoo dwom wieeɛ no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.
And when they had sung an hymn, they went out to the mount of Olives.
31 Wɔduruu deɛ wɔrekɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anadwo yi, mo nyinaa bɛdwane agya me. Na wɔatwerɛ sɛ, “‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwankuo no abɔ apete.’
Then saith Jesus unto them, Ye will all take offence at me this night; for it is written, "I will smite the shepherd, and the sheep of the flock shall be scattered:"
32 Na sɛ mesane ba nkwa mu bio a, mɛkɔ Galilea, na makɔhyia mo wɔ hɔ.”
but after I am risen again, I will go before you into Galilee.
33 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ nnipa nyinaa bɛdwane agya wo a, me deɛ, merennwane nnya wo da.”
But Peter answered and said to Him, though they should all be offended in thee, yet will I never be offended.
34 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nokorɛm, anadwo yi, akokɔ remmɔn, na woapa me mprɛnsa!”
Jesus said unto him, Verily I tell thee that this night, before the cock crow, thou wilt deny me thrice.
35 Petro pae mu kaa sɛ, “Mpo sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafoɔ no nyinaa nso kaa saa asɛm korɔ yi ara.
Peter replied, though I should die with thee, yet will I not deny thee. And so likewise said all the disciples.
36 Yesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Wɔduruu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montena ha ntwɛn me, na merekɔ mʼanim kakra akɔbɔ mpaeɛ.”
Then went Jesus with them to a place called Gethsemane, and saith to the disciples, Sit here, while I go there and pray:
37 Ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu a wɔn edin de Yakobo ne Yohane kaa ne ho. Ne werɛ hyɛɛ aseɛ hoeɛ, na ne ho nso yeraa no.
and having taken with Him Peter and the two sons of Zebedee, He began to be sorrowful and much distressed;
38 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de kɔ owuo mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”
and saith unto them, My soul is exceeding sorrowful even unto death, stay here and watch with me.
39 Na ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “MʼAgya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ, na nyɛ deɛ mepɛ.”
And going a little farther, He prostrated himself, and prayed, saying, O my Father, if it be possible, let this cup pass from me; nevertheless, not as I will, but as thou wilt.
40 Na ɔsane baa asuafoɔ baasa no nkyɛn bɛhunuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no sɛ, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwereɛ baako pɛ mpo?
And coming to the disciples, he findeth them asleep, and saith to Peter, what! could ye not watch with me one hour?
41 Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso ɔhonam yɛ mmerɛ!”
Watch and pray that ye enter not into temptation: the spirit indeed is willing, but the flesh is weak.
42 Ɔsane gyaa wɔn hɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “MʼAgya, sɛ kuruwa yi rentwa me ho nkɔ, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, deɛ wopɛ nyɛ.”
And going away again, the second time He prayed, saying, O my Father, if this cup may not pass from me, unless I drink it, thy will be done.
43 Ɔsane baa wɔn nkyɛn bio bɛhunuu wɔn sɛ wɔadeda ɛfiri sɛ, na wɔn ani kum yie.
And He came and found them asleep again, for their eyes were heavy.
44 Ɔsane kɔɔ mpaeɛbɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa so kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛm korɔ no ara.
And He left them, and went away again, and prayed the third time, to the same effect.
45 Ɔsane baa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, monna na monhome. Hwɛ, ɛdɔn no aduru. Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa!
Then He cometh to his disciples and saith, Are ye sleeping still and taking your rest? behold, the hour is come, and the Son of man is betrayed into the hands of sinners.
46 Monsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Deɛ ɔreyi me ama no na ɔreba no!”
Rise, let us go, see the traitor is at hand.
47 Ɔgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafoɔ dumienu no mu baako ne dɔm a Yudafoɔ mpanin asoma wɔn a wɔkurakura akofena ne mmaa baa hɔ.
And while He was yet speaking, behold, Judas one of the twelve came, and with him a great number, with swords and staves, from the chief priests and elders of the people:
48 Na Yuda aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔnkyere onipa a ɔbɛyɛ no atuu no, ɛfiri sɛ, ɔno ne onipa a wɔrehwehwɛ no no.
(now he that betrayed Him, had given them a signal, saying, The man whom I shall kiss is He, lay hold of Him: )
49 Yuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kaa sɛ, “Me wura, atuu!”
and going directly up to Jesus, he said, Hail master, and kissed Him.
50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Damfo, deɛ wobaa ha sɛ worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.” Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu.
And Jesus said to him, Friend, wherefore art thou come? then they came up and laid hands on Jesus, and apprehended Him.
51 Wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee ne akofena de twaa Ɔsɔfopanin no akoa bi aso.
And one of them that were with Jesus, stretched out his hand, and drew his sword, and striking at the high priest's servant took off his ear.
52 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “To wʼakofena no twene. Na wɔn a wɔtwe akofena no, akofena ano na wɔbɛwuo.
Then said Jesus to him, Put up thy sword into it's place; for they that take the sword shall perish by the sword:
53 Monnim sɛ mɛtumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfoɔ mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban?
dost thou think that I cannot now apply to my Father, and He will send me more than twelve legions of angels?
54 Nanso, sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na deɛ Atwerɛsɛm ka wɔ deɛ asi yi ho no bɛba mu?”
but how then should the scriptures be fulfilled, which say that thus it must be?
55 Yesu bisaa ɛdɔm a wɔbaa ne soɔ no sɛ, “Meyɛ owudifoɔ enti na mode akofena ne mmaa aba me so sɛ mode rebɛkye me? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ asɔrefie da biara da, nso moansi me kwan.
Then said Jesus to the multitudes, Ye are come out as against a thief with swords and clubs to take me, whereas I sat with you day after day teaching in the temple, and ye did not seize me: but all this is done,
56 Nanso, yei nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ adiyifoɔ no kaeɛ wɔ Atwerɛsɛm mu no bɛba mu.” Saa ɛberɛ no ara mu na asuafoɔ no nyinaa dwane gyaa no.
that the scriptures of the prophets might be fulfilled.
57 Afei, ɛdɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim, baabi a Yudafoɔ mpanin nyinaa ahyia hɔ.
Then all the disciples deserted Him and fled. And they, that apprehended Jesus, led Him away to Caiaphas the high priest, where the scribes and the elders were assembled:
58 Petro tee ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanin no efie hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu sɛ ɔrehwɛ asɛm a ɛbɛsie.
and Peter followed Him at a distance, to the high-priest's palace, and went in, and sat with the servants, that he might see the issue.
59 Asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ asɛnnifoɔ akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya adansefoɔ bi a wɔbɛdi adansekurumu ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ.
Now the chief priests and elders, and the whole council sought false-witness against Jesus, that they might put Him to death: but found none.
60 Nnipa bebree bɛdii adanseɛ, nanso wɔhunuu sɛ wɔredi adansekurumu ɛfiri sɛ, na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira. Akyire yi, nnipa baanu bi ba bɛkaa
And tho' many false witnesses came, they found none to their purpose. But at last came two false witnesses and said,
61 sɛ, “Saa onipa yi kaa sɛ, ‘Mɛtumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’”
This fellow said, I am able to destroy the temple of God, and to build it in three days.
62 Ɔsɔfopanin no sɔre bisaa Yesu sɛ, “Ɛdeɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?”
And the high priest stood up and said to Him, Dost thou make no answer? what do these men testify against thee? but Jesus made no reply.
63 Nanso, Yesu ammua no. Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”
Then the high priest said to Him, I adjure thee by the living God, that thou tell us, if thou be the Christ, the Son of God.
64 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Aane, woaka. Na daakye mobɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mete Onyankopɔn nifa na menam omununkum mu resane aba.”
Jesus saith unto him, It is as thou hast said: and I tell you, hereafter ye shall see the Son of man sitting at the right hand of power, and coming on the clouds of heaven.
65 Ɔsɔfopanin no sunsuanee nʼatadeɛ mu teaam sɛ, “Abususɛm! Adansefoɔ bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkaeɛ no!
Then the high priest rent his clothes, saying, He hath spoken blasphemy, what need have we more of witnesses? now ye have heard his blasphemy, what think ye?
66 Asɛm bɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa teaam sɛ, “Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo! Ɔsɛ owuo!”
and they answered, He ought to be put to death.
67 Afei, wɔtee ntasuo guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ
Then did they spit in his face, and beat Him about the head; and some struck Him with rods,
68 kaa sɛ, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn deɛ ɔbɔɔ wo?”
saying, Divine to us, thou Christ, who it is that smote thee.
69 Saa ɛberɛ no na Petro te adihɔ. Abaayewa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mofiri Galilea.”
Now Peter was sitting without in the hall, and one of the maids came to him and said, Thou also wast with Jesus of Galilee:
70 Nanso, Petro de abufuo sane ne ho sɛ, “Mennim deɛ woreka yi ho hwee.”
but he denied it before them all, saying, I know not what thou sayest.
71 Akyire yi, abaayewa foforɔ bi hyiaa no ɛpono bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no sɛ, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.”
And he went out into the porch; after which another maid saw him, and said to them that were there, This man also was with Jesus of Nazareth:
72 Petro de ntam sane ne ho bio sɛ, “Mennim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”
and he denied a second time, and that with an oath, saying, I know not the man. And a little after, they that stood by came to Peter and said,
73 Ɛkyɛɛ kakra no, mmarima a wɔgyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ petro sɛ, “Yɛnim sɛ woyɛ nʼasuafoɔ no mu baako, na wo kasa nso yi wo adi sɛ woyɛ Galileani.”
Verily thou also art one of them, for thy speech discovers thee:
74 Petro hyɛɛ aseɛ dii nse, kekaa ntam sɛ, “Mennim onipa no!” Amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.
then he began to curse and to swear, saying, I know not the man. And immediately the cock crew.
75 Ɛhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔfirii adi kɔsuiɛ.
And Peter remembered the word of Jesus, who had said to him, before the cock crow, thou wilt deny me thrice. And he went out, and wept bitterly.

< Mateo 26 >