< Mateo 25 >
1 “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmabaawa edu bi a wɔfaa wɔn nkanea sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu.
그 때에 천국은 마치 등을 들고 신랑을 맞으러 나간 열 처녀와 같다 하리니
2 Na mmabaawa no mu baanum yɛ anyansafoɔ ɛnna baanum nso yɛ nkwaseafoɔ.
그 중에 다섯은 미련하고 다섯은 슬기 있는지라
3 Wɔn mu nkwaseafoɔ no rekɔ no, wɔfaa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho.
미련한 자들은 등을 가지되 기름을 가지지 아니하고
4 Nanso, wɔn mu anyansafoɔ no deɛ, wɔrekorɔ no, wɔfaa ngo kaa wɔn nkanea ho de kɔeɛ.
슬기 있는 자들은 그릇에 기름을 담아 등과 함께 가져갔더니
5 Ayeforɔkunu no amma ntɛm, enti wɔhyɛɛ aseɛ totɔɔ nko dedaeɛ.
신랑이 더디 오므로 다 졸며 잘새
6 “Ɔdasuom na wɔtee nteateamu sɛ, ‘Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!’
밤 중에 소리가 나되 보라 신랑이로다 맞으러 나오라 하매
7 “Mmabaawa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn nkanea no.
이에 그 처녀들이 다 일어나 등을 준비할 새
8 Nkwaseafoɔ no srɛɛ anyansafoɔ no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn nkanea no mu na ɛredum.’
미련한 자들이 슬기 있는 자들에게 이르되 우리 등불이 꺼져가니 너희 기름을 좀 나눠달라 하거늘
9 “Anyansafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’
슬기 있는 자들이 대답하여 가로되 우리와 너희의 쓰기에 다 부족할까 하노니 차라리 파는 자들에게 가서 너희 쓸 것을 사라 하니
10 “Wɔrekɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforɔkunu no baeɛ. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforɔkunu no kɔɔ nʼapontoɔ no ase, na wɔtoo ɛpono no mu.
저희가 사러 간 동안에 신랑이 오므로 예비하였던 자들은 함께 혼인 잔치에 들어가고 문은 닫힌지라
11 “Akyire yi a baanum no sane baeɛ no, wɔgyinaa ɛpono no akyi frɛɛ sɛ, ‘Owura, hini yɛn!’
그 후에 남은 처녀들이 와서 가로되 주여 주여 우리에게 열어 주소서
12 “Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri hɔ nkɔ. Mennim mo!’
대답하여 가로되 진실로 너희에게 이르노니 내가 너희를 알지 못하노라 하였느니라
13 “Enti, monwɛn na monnim da anaa dɔn ko a mɛsane aba.
그런즉 깨어 있으라 너희는 그 날과 그 시를 알지 못하느니라
14 “Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔretu ɛkwan akɔ ɔman foforɔ bi so. Ɔrekɔ no, ɔfrɛɛ nʼapaafoɔ baasa, maa wɔn mu biara sika a ɛfata sɛ wɔmfa nyɛ adwuma.
또 어떤 사람이 타국에 갈제 그 종들을 불러 자기 소유를 맡김과 같으니
15 Ɔmaa ɔbaako dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Ɔmaa deɛ ɔdi hɔ no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe ɛnna ɔmaa deɛ ɔtwa toɔ no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan.
각각 그 재능대로 하나에게는 금 다섯 달란트를, 하나에게는 두 달란트를, 하나에게는 한 달란트를 주고 떠났더니
16 Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de sika no kɔdii dwa, nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho.
다섯 달란트 받은자는 바로 가서 그것으로 장사하여 또 다섯 달란트를 남기고
17 Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso de sika no kɔyɛɛ adwuma nyaa mfasoɔ dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe kaa ne sika no ho.
두 달란트를 받은 자도 그같이 하여 또 두 달란트를 남겼으되
18 Nanso, ɔpaani a ne wura maa no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no deɛ, ɔkɔtuu fam de sika no siee hɔ.
한 달란트 받은 자는 가서 땅을 파고 그 주인의 돈을 감추어 두었더니
19 “Mmerɛ bi akyi, wɔn wura no firi akwantuo mu baeɛ. Ɔfrɛɛ apaafoɔ baasa yi sɛ wɔmmɛbu nkonta nkyerɛ no.
오랜 후에 그 종들의 주인이 돌아와 저희와 회계할새
20 Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho baeɛ. Ɔkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Hwɛ, manya dwetɛ kilogram ɔha aduɔson aka ho.’
다섯 달란트 받았던 자는 다섯 달란트를 더 가지고 와서 가로되 주여 내게 다섯 달란트를 주셨는데 보소서 내가 또 다섯 달란트를 남겼나이다
21 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’
그 주인이 이르되 잘 하였도다 착하고 충성된 종아! 네가 작은 일에 충성하였으매 내가 많은 것으로 네게 맡기리니 네 주인의 즐거움에 참예할지어다 하고
22 “Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Worekɔ no, womaa me dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Mede yɛɛ adwuma, na manya dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe aka ho.’
두 달란트 받았던 자도 와서 가로되 주여 내게 두 달란트를 주셨는데 보소서 내가 또 두 달란트를 남겼나이다
23 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra wo wura anigyeɛ mu!’
그 주인이 이르되 잘 하였도다 착하고 충성된 종아! 네가 작은 일에 충성하였으매 내가 많은 것으로 네게 맡기리니 네 주인의 즐거움에 참예할지어다 하고
24 “Ɔpaani a ɔnyaa dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ onipa a wʼasɛm yɛ den. Wotumi twa wɔ deɛ wonnuaeɛ, ɛnna wotumi boaboa ano wɔ deɛ wompeteeɛ;
한 달란트 받았던 자도 와서 가로되 주여 당신은 굳은 사람이라 심지않은 데서 거두고 헤치지 않은 데서 모으는 줄을 내가 알았으므로
25 enti mesuroeɛ, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼadeɛ nie!’
두려워하여 나가서 당신의 달란트를 땅에 감추어 두었나이다 보소서 당신의 것을 받으셨나이다
26 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne ne onihafoɔ! Wonim sɛ metumi twa wɔ deɛ mennuaeɛ, na metumi boaboa ano wɔ deɛ mempeteeɛ a,
그 주인이 대답하여 가로되 악하고 게으른 종아! 나는 심지 않은 데서 거두고 헤치지 않은 데서 모으는 줄로 네가 알았느냐
27 anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me.
그러면 네가 마땅히 내 돈을 취리하는 자들에게나 두었다가 나로 돌아와서 내 본전과 변리를 받게 할 것이니라 하고
28 “‘Monnye ne nsam sika no, na momfa nkɔma deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ahasa aduanan no.
그에게서 그 한 달란트를 빼앗아 열 달란트를 가진 자에게 주어라
29 Obiara a ɔde deɛ wɔde ama no no bɛyɛ ade pa no, wɔde bi bɛka no ho. Na obiara a wamfa deɛ wɔde ama no no anyɛ ade pa no, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.
무릇 있는 자는 받아 풍족하게 되고 없는 자는 그 있는 것까지 빼앗기리라
30 Monto akoa a ne ho nni mfasoɔ yi ntwene esum kabii mu: ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.’
이 무익한 종을 바깥 어두운 데로 내어 쫓으라 거기서 슬피 울며 이를 갊이 있으리라 하니라
31 “Na sɛ Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so.
인자가 자기 영광으로 모든 천사와 함께 올 때에 자기 영광의 보좌에 앉으리니
32 Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu;
모든 민족을 그 앞에 모으고 각각 분별하기를 목자가 양과 염소를 분별 하는것 같이 하여
33 na ɔde nnwan no bɛgyina ne nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.
양은 그 오른편에 염소는 왼편에 두리라
34 “Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔgyina ne nifa so no sɛ, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi ewiase ahyɛaseɛ no nni!
그 때에 임금이 그 오른편에 있는 자들에게 이르시되 내 아버지께 복받을 자들이여! 나아와 창세로부터 너희를 위하여 예비된 나라를 상속하라
35 Ɛkɔm dee me, na momaa me aduane diiɛ. Sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mode me kɔɔ mo fie.
내가 주릴 때에 너희가 먹을 것을 주었고 목마를 때에 마시게 하였고 나그네 되었을 때에 영접하였고
36 Medaa adagya na mofiraa me ntoma. Meyareeɛ, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’
벗었을 때에 옷을 입혔고, 병들었을 때에 돌아보았고, 옥에 갇혔을 때에 와서 보았느니라
37 “Saa ɛberɛ no mu na ateneneefoɔ bɛbisa sɛ, ‘Owura, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de wo a, yɛmaa wo aduane, na sukɔm de wo a yɛmaa wo nsuo nomeeɛ?
이에 의인들이 대답하여 가로되 주여 우리가 어느 때에 주의 주리신 것을 보고 공궤하였으며 목마르신 것을 보고 마시게 하였나이까
38 Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ a, yɛde wo kɔɔ yɛn fie, anaasɛ wodaa adagya a, yɛfiraa wo ntoma?
어느 때에 나그네 되신 것을 보고 영접하였으며 벗으신 것을 보고 옷 입혔나이까?
39 Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyare a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’
어느 때에 병드신 것이나 옥에 갇히신 것을 보고 가서 뵈었나이까? 하리니
40 “Na Ɔhene no, bɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’
임금이 대답하여 가라사대 내가 진실로 너희에게 이르노니 너희가 여기 내 형제 중에 지극히 작은 자 하나에게 한 것이 곧 내게 한 것이니라 하시고
41 “Afei, mɛdane mʼani akyerɛ wɔn a wɔgyina me benkum so no aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, wɔmfa mo nkɔgu ogyatannaa a ɛnnum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼahokafoɔ no mu. (aiōnios )
또 왼편에 있는 자들에게 이르시되 저주를 받은 자들아! 나를 떠나 마귀와 그 사자들을 위하여 예비된 영영한 불에 들어가라 (aiōnios )
42 Na ɛkɔm dee me, moamma me aduane anni, sukɔm dee me, moamma me nsuo annom.
내가 주릴 때에 너희가 먹을 것을 주지 아니하였고 목마를 때에 마시게 하지 아니하였고
43 Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, moamfa me ankɔ mo fie. Medaa adagya, moamfira me ntoma. Meyareeɛ, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’
나그네 되었을 때에 영접하지 아니하였고 벗었을 때에 옷 입히지 아니하였고 병들었을 때와 옥에 갇혔을 때에 돌아보지 아니하였느니라 하시니
44 “Wɔn nso bɛbua no sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm dee wo, anaasɛ sukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ wodaa adagya, anaasɛ woyareeɛ, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ amma wo?’
저희도 대답하여 가로되 주여 우리가 어느 때에 주의 주리신 것이나 목마르신 것이나 나그네 되신 것이나 벗으신 것이나 병드신 것이나 옥에 갇히신 것을 보고 공양치 아니하더이까
45 “Na mɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako enti, moanyɛ amma me.’
이에 임금이 대답하여 가라사대 내가 진실로 너희에게 이르노니 이 지극히 작은 자 하나에게 하지 아니한 것이 곧 내게 하지 아니한 것이니라 하시리니
46 “Na wɔbɛkɔ ahoyera a ɛtoɔ ntwa da mu, na ateneneefoɔ akɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu.” (aiōnios )
저희는 영벌에 의인들은 영생에 들어가리라 하시니라 (aiōnios )