< Mateo 24 >

1 Yesu refiri baabi a asɔredan no si hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn pɛɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ no adan ahodoɔ a ɛwɔ asɔredan no mu.
Коли Ісус виходив із Храму та віддалявся, Його учні підійшли, щоб показати Йому будівлі Храму.
2 Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛdwiri saa dan yi agu pasaa!”
Але Він сказав їм: ―Бачите все це? Істинно кажу вам: не залишиться тут каменя на камені, який не був би зруйнований.
3 Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔte hɔ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na deɛ woreka yi bɛba? Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na ɛbɛma yɛahunu wo ba a wobɛsane aba bio no ne ewiase awieeɛ a ɛbɛba no?” (aiōn g165)
Коли [Ісус] сидів на Оливній горі, Його учні підійшли до Нього й наодинці запитали: ―Скажи нам, коли все це станеться і яка ознака Твого приходу та кінця світу? (aiōn g165)
4 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ na obi annaadaa mo.
Ісус відповів їм: ―Дивіться, щоб ніхто не ввів вас в оману!
5 Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ, wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii.
Бо багато хто прийде в ім’я Моє й казатиме: «Я – Христос!» І багатьох введуть в оману.
6 Sɛ mote sɛ akokoakoko resi afanan nyinaa a, ɛnkyerɛ me ba a mɛsane aba no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛsɛ sɛ yeinom ba, nanso awieeɛ no deɛ, ɛnnya mmaeɛ.
Ви почуєте про війни та чутки про війни. Дивіться, не лякайтеся: це має статися, але це ще не кінець.
7 Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so, na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea.
Повстане народ проти народу й царство проти царства. У різних місцях будуть землетруси та голод.
8 Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.
Але все це – лише початок страждань.
9 “Sɛ moyɛ me deɛ enti, wɔbɛyɛ mo ayayadeɛ, na wɔakum mo wɔ ewiase afanan nyinaa,
Тоді видаватимуть вас на муки та вбиватимуть вас, усі народи будуть ненавидіти вас через ім’я Моє.
10 na mo mu pii bɛsane akɔ bɔne mu, na moayiyi mo ho mo ho ama, na moatan mo ho.
Тоді багато хто відступить, будуть зраджувати й ненавидіти одне одного.
11 Atorɔ adiyifoɔ bebree bɛsɔre, na wɔadaadaa mo mu pii.
Підніметься багато лжепророків, що багатьох зведуть в оману.
12 Bɔne bɛdɔɔso wɔ ewiase, na abrɛ nnipa dɔ a wɔwɔ no ase.
І через ріст беззаконня любов багатьох згасне.
13 Nanso, wɔn a wɔbɛgyina pintinn akɔduru awieeɛ no, wɔbɛgye wɔn nkwa.
А хто витримає до кінця, той буде спасенний.
14 Na wɔbɛka asɛmpa a ɛfa Ahennie no ho no wɔ ewiase afanan nyinaa, na wɔate. Ɛno akyi ansa na awieeɛ no bɛba.
Ця Добра Звістка Царства буде проповідуватись у всьому світі на свідчення всім народам. І тоді настане кінець.
15 “Enti, sɛ mohunu ‘Adeɛ a Ɛyɛ Hu’ a, Odiyifoɔ Daniel kaa ho asɛm sɛ ɛgyina kronkronbea hɔ no a, ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ,
Коли побачите у святому місці гидоту спустошення, провіщену пророком Даниїлом, – хто читає, нехай зрозуміє, –
16 wɔn a wɔte Yudea no nnwane nkɔ Yuda mmepɔ so.
тоді ті, що в Юдеї, нехай тікають у гори.
17 Mma obiara a ɔwɔ ne efie ɛdan atifi no nsiane nkɔfa biribiara mfiri ne efie hɔ.
Той, що буде на даху, хай не сходить взяти щось зі свого дому;
18 Wɔn a wɔwɔ mfuom no nso nnsane wɔn akyi mmɛfa wɔn ntoma.
той, що в полі, хай не вертається взяти свою одежу.
19 Na wɔn a wɔafa afuro ne wɔn a wɔturu mma saa ɛberɛ no mu no nnue!
Горе вагітним і тим, що будуть годувати грудьми в ті дні.
20 Na mommɔ mpaeɛ na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ modwane no anyɛ awɔberɛ anaa Homeda.
Моліться, щоб ваша втеча не сталася взимку або в Суботу.
21 Ɛfiri sɛ, ɔtaa a ɛbɛba no, ebi nsii wɔ ewiase abakɔsɛm mu da, na ebi nso rensi da.
Бо такого великого страждання не було від початку світу дотепер і ніколи не буде.
22 “Nokorɛm, sɛ wɔantwa saa nna no so a, nnipa nyinaa ase bɛtɔre.
І якби ті дні не були скорочені, то жодна людина не була б врятована, але заради обраних ті дні будуть скорочені.
23 Sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no wɔ ha anaasɛ ɔwɔ nohoa anaa wayi ne ho adi wɔ ha anaa ɛhɔ’ a, monnye nni.
Якщо тоді хтось скаже вам: «Ось тут Христос!» або «Ось Він!» – не вірте.
24 Atorɔ Akristofoɔ ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa wɔn mpo a Onyankopɔn ayi wɔn no.
Бо постануть лжехристи та лжепророки й робитимуть великі знамення та чудеса, щоб ввести в оману, якщо можливо, і обраних.
25 Mabɔ mo kɔkɔ dada.
Ось Я попередив вас!
26 “Enti, sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ, ‘Agyenkwa no asane aba na ɔwɔ ɛserɛ so a,’ monnha mo ho sɛ mobɛkɔ hɔ akɔhwehwɛ no; ‘anaasɛ nso ɔde ne ho asie baabi a,’ monnye nni!
Отже, якщо скажуть вам: «Ось Він у пустелі!» – не виходьте; «Ось Він у таємних кімнатах!» – не вірте.
27 Na sɛdeɛ anyinam pa firi apueeɛ kɔ atɔeɛ no, saa ara na sɛ Onipa Ba no reba a, ɛbɛyɛ ara ne no.
Бо як блискавка виходить зі сходу й видно її аж на заході, таким буде й прихід Сина Людського.
28 Na deɛ efunu wɔ no, ɛhɔ na apete mpa.
Бо де буде труп, туди зберуться й орли.
29 “Ɔtaa no akyiri pɛ “‘awia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn; na nsoromma bɛtete ahwe, na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ɔsoro no.’
Одразу після тих днів страждання «сонце померкне, і місяць не буде світити; зірки впадуть із неба, і сили небесні захитаються».
30 “Afei, Onipa Ba no ho nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi, na ɛsoro ne asase sofoɔ nyinaa bɛtwa agyaadwoɔ. Na ewiase amanaman bɛhunu me, sɛ mede tumi ne animuonyam nam ɛsoro omununkum mu reba.
Тоді на небі з’явиться знамення Сина Людського. І заголосять усі народи землі й побачать Сина Людського, Який приходить на хмарах небесних із великою силою та славою.
31 Na mɛsoma mʼabɔfoɔ a wɔrebɔ totorobɛnto aba, na wɔbɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano firi ɛsoro ano kɔka asase ano.
Він надішле Своїх ангелів, і вони гучним звуком сурми зберуть Його обраних із чотирьох вітрів, від одного кінця неба до другого.
32 “Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn.
Від смоковниці навчіться її притчі: коли гілка стає вже м’якою й пускає листя, ви знаєте, що літо близько.
33 Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ meba a mɛsane aba no abɛn, aduru apono ano.
Так і ви, коли побачите все це, знайте: прихід близько, [уже] біля дверей.
34 Nokorɛ mese mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
Істинно кажу вам: не мине цей рід, поки все це не станеться.
35 Ɛsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛbɛtena hɔ daa.
Небо та земля проминуть, але слова Мої не проминуть.
36 “Nanso, ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na ɔnim.
А про той день і годину ніхто не знає: ні ангели небесні, ні Син, а тільки Отець.
37 Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛdeɛ Noa berɛ so ɛyɛeɛ no ara pɛ.
Бо як було за днів Ноя, так буде й в годину приходу Сина Людського.
38 Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no anim no, nnipa didiiɛ, na wɔnomeeɛ, warewareeɛ, de kɔsii ɛda a Noa kɔɔ ɛhyɛn no mu,
Як було в ті дні перед потопом: люди їли, пили, одружувались, виходили заміж аж до дня, коли Ной увійшов у ковчег,
39 na nnipa annye deɛ ɛbɛba anni, kɔsii sɛ nsuyire bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ.
і ніхто не знав, доки не прийшов потоп і не знищив усіх, – таким буде й прихід Сина Людського.
40 Saa ɛberɛ no, wɔbɛfa mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuom no mu baako akɔ, na wɔagya ɔbaako.
Тоді двоє будуть працювати в полі: одного буде взято, а іншого залишено.
41 Saa ara nso na mmaa baanu a wɔwɔ efie renoa aduane no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako no no.
Дві жінки будуть молоти на жорнах: одну буде взято, а іншу залишено.
42 “Enti, monwɛn ɛfiri sɛ, monnim da ko a Awurade bɛba.
Отже, пильнуйте, бо не знаєте, якого дня прийде ваш Господь.
43 Sɛdeɛ onipa tumi wɛn de bɔ ne ho ban firi akorɔmfoɔ ho no,
Тож знайте, що якби господар дому знав, о якій сторожі приходить злодій, він пильнував би й не дозволив би вдертися до свого дому.
44 saa ara na ɛwɔ sɛ mosiesie mo ho, ɛfiri sɛ Onipa Ba no bɛba ɛberɛ a mo ani nna so sɛ ɔbɛba.
Тому і ви будьте готові, бо Син Людський прийде тієї години, про яку й не думаєте.
45 “Hwan ne ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ no, deɛ ne wura de ne fidua mu asomfoɔ ahyɛ ne nsa sɛ ɔmma wɔn adwuma wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu?
Хто вірний та розумний раб, якого господар поставив над іншими своїми слугами, щоб він давав їм їжу вчасно?
46 Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.
Блаженний той раб, якого господар знайде, що він так робить.
47 Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa.
Істинно кажу вам: він поставить його над усім своїм майном.
48 Na sɛ ɔyɛ akoa bɔne, na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, ‘Me Wura nnya mmaeɛ,’
Але якщо той раб, будучи злим, скаже у своєму серці: «Мій господар запізнюється!»
49 na ɔhyɛ aseɛ ha ne mfɛfoɔ nkoa, na ɔdidi, boro nsã a,
– і почне бити своїх товаришів, їсти та пити з п’яницями,
50 ne Wura no bɛba ɛda a nʼani nna so sɛ ɔbɛba.
то господар того раба прийде того дня, коли він не сподівається, і о тій годині, якої не знає.
51 Ɔbɛtwe nʼaso denden, na ɔde no akɔ baabi a wɔbu nyaatwomfoɔ atɛn; ɛhɔ na wɔtwa agyaadwoɔ na wɔtwɛre wɔn se.
Він розітне його та призначить йому місце разом із лицемірами; там буде плач та скрегіт зубів.

< Mateo 24 >

The World is Destroyed by Water
The World is Destroyed by Water