< Mateo 21 >

1 Aka kakra na Yesu ne nʼasuafoɔ no aduru Yerusalem no, wɔbɛnee kuro bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafoɔ no mu baanu sɛ, wɔnni ɛkan nkɔ.
Καὶ ὅτε ἤγγισαν εἰς Ἱεροσόλυμα, καὶ ἦλθον εἰς Βηθσφαγὴ πρὸς τὸ ὄρος τῶν Ἐλαιῶν, τότε ὁ Ἰησοῦς ἀπέστειλε δύο μαθητάς,
2 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu sɛ wɔasa afunumu bi ne ne ba ahoma. Monsane wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me.
λέγων αὐτοῖς, Πορεύθητε εἰς τὴν κώμην τὴν ἀπέναντι ὑμῶν, καὶ εὐθέως εὑρήσετε ὄνον δεδεμένην, καὶ πῶλον μετ᾽ αὐτῆς· λύσαντες ἀγάγετέ μοι.
3 Sɛ obi bisa mo sɛ ɛdeɛn na moreyɛ a, monka nkyerɛ onipa ko no sɛ, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.”
Καὶ ἐάν τις ὑμῖν εἴπῃ τι, ἐρεῖτε ὅτι Ὁ Κύριος αὐτῶν χρείαν ἔχει· εὐθέως δὲ ἀποστέλλει αὐτούς.
4 Wɔyɛɛ yei hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka sɛ,
Τοῦτο δὲ ὅλον γέγονεν, ἵνα πληρωθῇ τὸ ῥηθὲν διὰ τοῦ προφήτου, λέγοντος,
5 “Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔdwo, na ɔte afunumu ne, afunumu ba so,” no mu den.
Εἴπατε τῇ θυγατρὶ Σιών, Ἰδού, ὁ βασιλεύς σου ἔρχεταί σοι, πραῢς καὶ ἐπιβεβηκὼς ἐπὶ ὄνον καὶ πῶλον υἱὸν ὑποζυγίου.
6 Asuafoɔ baanu no yɛɛ deɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn no.
Πορευθέντες δὲ οἱ μαθηταί, καὶ ποιήσαντες καθὼς προσέταξεν αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς,
7 Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ afunumu no so, maa Yesu tenaa ne so.
ἤγαγον τὴν ὄνον καὶ τὸν πῶλον· καὶ ἐπέθηκαν ἐπάνω αὐτῶν τὰ ἱμάτια αὐτῶν, καὶ ἐπεκάθισεν ἐπάνω αὐτῶν.
8 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara.
Ὁ δὲ πλεῖστος ὄχλος ἔστρωσαν ἑαυτῶν τὰ ἱμάτια ἐν τῇ ὁδῷ· ἄλλοι δὲ ἔκοπτον κλάδους ἀπὸ τῶν δένδρων, καὶ ἐστρώννυον ἐν τῇ ὁδῷ.
9 Ɛdɔm no tu teneeɛ de osebɔ teateaam sɛ, “Hosiana Dawid Ba!” “Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no.” “Hosiana wɔ ɔsoro nohoa!”
Οἱ δὲ ὄχλοι οἱ προάγοντες καὶ οἱ ἀκολουθοῦντες ἔκραζον, λέγοντες, Ὡσαννὰ τῷ υἱῷ Δαυίδ· εὐλογημένος ὁ ἐρχόμενος ἐν ὀνόματι Κυρίου. Ὡσαννὰ ἐν τοῖς ὑψίστοις.
10 Ɛberɛ a ɔduruu Yerusalem no, kuro no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfoɔ no bisaa sɛ, “Na hwan ni?”
Καὶ εἰσελθόντος αὐτοῦ εἰς Ἱεροσόλυμα, ἐσείσθη πᾶσα ἡ πόλις, λέγουσα, Τίς ἐστιν οὗτος;
11 Nnipadɔm no buaa sɛ, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifoɔ a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”
Οἱ δὲ ὄχλοι ἔλεγον, Οὗτός ἐστιν Ἰησοῦς ὁ προφήτης, ὁ ἀπὸ Ναζαρὲτ τῆς Γαλιλαίας.
12 Yesu firii hɔ no, ɔkɔɔ asɔrefie. Ɔduruu hɔ no, ɔpamoo adwadifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafoɔ apono nyinaa guu fam, bubuu apata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa guiɛ.
Καὶ εἰσῆλθεν ὁ Ἰησοῦς εἰς τὸ ἱερὸν τοῦ Θεοῦ, καὶ ἐξέβαλε πάντας τοὺς πωλοῦντας καὶ ἀγοράζοντας ἐν τῷ ἱερῷ, καὶ τὰς τραπέζας τῶν κολλυβιστῶν κατέστρεψε, καὶ τὰς καθέδρας τῶν πωλούντων τὰς περιστεράς.
13 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Atwerɛsɛm no ka sɛ, ‘Mʼasɔrefie yɛ beaeɛ a wɔbɔ mpaeɛ.’ Nanso, mo deɛ, mode hɔ ayɛ akorɔmfoɔ atenaeɛ.”
Καὶ λέγει αὐτοῖς, Γέγραπται, Ὁ οἶκός μου οἶκος προσευχῆς κληθήσεται· ὑμεῖς δὲ αὐτὸν ἐποιήσατε σπήλαιον λῃστῶν.
14 Afei anifirafoɔ ne mmubuafoɔ baa ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
Καὶ προσῆλθον αὐτῷ χωλοὶ καὶ τυφλοὶ ἐν τῷ ἱερῷ· καὶ ἐθεράπευσεν αὐτούς.
15 Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bi hunuu anwanwadeɛ yi na wɔtee nso sɛ mmɔfra nkumaa a wɔwɔ asɔrefie hɔ reteateam sɛ, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.
Ἰδόντες δὲ οἱ ἀρχιερεῖς καὶ οἱ γραμματεῖς τὰ θαυμάσια ἃ ἐποίησε, καὶ τοὺς παῖδας κράζοντας ἐν τῷ ἱερῷ, καὶ λέγοντας, Ὡσαννὰ τῷ υἱῷ Δαυίδ, ἠγανάκτησαν,
16 Enti, wɔbisaa Yesu sɛ, “Wote nsɛm a mmɔfra no reka no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Aane. Na monkenkanee saa Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “‘Mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo’ no da anaa?”
καὶ εἶπον αὐτῷ, Ἀκούεις τί οὗτοι λέγουσιν; Ὁ δὲ Ἰησοῦς λέγει αὐτοῖς, Ναί· οὐδέποτε ἀνέγνωτε ὅτι Ἐκ στόματος νηπίων καὶ θηλαζόντων κατηρτίσω αἶνον;
17 Afei, ɔfirii hɔ sane kɔɔ Betania kɔdaa hɔ.
Καὶ καταλιπὼν αὐτοὺς ἐξῆλθεν ἔξω τῆς πόλεως εἰς Βηθανίαν, καὶ ηὐλίσθη ἐκεῖ.
18 Adeɛ kyee anɔpa a ɔresane akɔ Yerusalem no, ɛkɔm dee no.
Πρωΐας δὲ ἐπανάγων εἰς τὴν πόλιν, ἐπείνασε.
19 Ɔhunuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɛkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ nhahan nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, worenso aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wuiɛ. (aiōn g165)
Καὶ ἰδὼν συκῆν μίαν ἐπὶ τῆς ὁδοῦ, ἦλθεν ἐπ᾽ αὐτήν, καὶ οὐδὲν εὗρεν ἐν αὐτῇ εἰ μὴ φύλλα μόνον· καὶ λέγει αὐτῇ, Μηκέτι ἐκ σοῦ καρπὸς γένηται εἰς τὸν αἰῶνα. Καὶ ἐξηράνθη παραχρῆμα ἡ συκῆ. (aiōn g165)
20 Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafoɔ no nwanwa ma wɔbisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ ɛdeɛn enti na borɔdɔma dua no so nhahan poroo ntɛm saa?”
Καὶ ἰδόντες οἱ μαθηταὶ ἐθαύμασαν, λέγοντες, Πῶς παραχρῆμα ἐξηράνθη ἡ συκῆ;
21 Yesu nso buaa wɔn sɛ, “Nokorɛm, sɛ mowɔ gyidie a ɛnhinhim a, mobɛtumi ayɛ ade korɔ yi ara bi, anaa deɛ ɛkyɛn saa mpo. Anka mobɛtumi aka akyerɛ Ngo Bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu’, na ɛbɛtutu akɔgu mu nso.
Ἀποκριθεὶς δὲ ὁ Ἰησοῦς εἶπεν αὐτοῖς, Ἀμὴν λέγω ὑμῖν, ἐὰν ἔχητε πίστιν, καὶ μὴ διακριθῆτε, οὐ μόνον τὸ τῆς συκῆς ποιήσετε, ἀλλὰ κἂν τῷ ὄρει τούτῳ εἴπητε, Ἄρθητι, καὶ βλήθητι εἰς τὴν θάλασσαν, γενήσεται.
22 Biribiara a mode gyidie bɛbisa wɔ mpaeɛbɔ mu no, mo nsa bɛka.”
Καὶ πάντα ὅσα ἐὰν αἰτήσητε ἐν τῇ προσευχῇ, πιστεύοντες, λήψεσθε.
23 Yesu sane kɔɔ asɔrefie hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin baa ne kyɛn bɛbisaa no tumi ko a ɔgyina so pamoo adwadifoɔ ne sikasesafoɔ no firii asɔrefie hɔ no.
Καὶ ἐλθόντι αὐτῷ εἰς τὸ ἱερόν, προσῆλθον αὐτῷ διδάσκοντι οἱ ἀρχιερεῖς καὶ οἱ πρεσβύτεροι τοῦ λαοῦ, λέγοντες, Ἐν ποίᾳ ἐξουσίᾳ ταῦτα ποιεῖς; Καὶ τίς σοι ἔδωκε τὴν ἐξουσίαν ταύτην;
24 Yesu kaa sɛ, “Merebɛbisa mo asɛm baako bi, na mommua me ansa.
Ἀποκριθεὶς δὲ ὁ Ἰησοῦς εἶπεν αὐτοῖς, Ἐρωτήσω ὑμᾶς κἀγὼ λόγον ἕνα, ὃν ἐὰν εἴπητέ μοι, κἀγὼ ὑμῖν ἐρῶ ἐν ποίᾳ ἐξουσίᾳ ταῦτα ποιῶ.
25 Onyankopɔn na ɔsomaa Yohane Osubɔni anaa ɛnyɛ ɔno?” Wɔdwennwenee ho kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ ‘Ɛfiri Onyankopɔn’ a, wɔbɛbisa yɛn deɛ enti a yɛannye deɛ Yohane kaeɛ no annie?
Τὸ βάπτισμα Ἰωάννου πόθεν ἦν; Ἐξ οὐρανοῦ ἢ ἐξ ἀνθρώπων; Οἱ δὲ διελογίζοντο παρ᾽ ἑαυτοῖς, λέγοντες, Ἐὰν εἴπωμεν, Ἐξ οὐρανοῦ, ἐρεῖ ἡμῖν, Διὰ τί οὖν οὐκ ἐπιστεύσατε αὐτῷ;
26 Na sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, ɛdɔm no bɛha yɛn ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”
Ἐὰν δὲ εἴπωμεν, Ἐξ ἀνθρώπων, φοβούμεθα τὸν ὄχλον· πάντες γὰρ ἔχουσι τὸν Ἰωάννην ὡς προφήτην.
27 Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛnnim!” Ɛhɔ ara na Yesu nso kaa sɛ, “Sɛ monnim deɛ a, me nso meremmua mo.”
Καὶ ἀποκριθέντες τῷ Ἰησοῦ εἶπον, Οὐκ οἴδαμεν. Ἔφη αὐτοῖς καὶ αὐτός, Οὐδὲ ἐγὼ λέγω ὑμῖν ἐν ποίᾳ ἐξουσίᾳ ταῦτα ποιῶ.
28 Yesu kaa sɛ, “Saa asɛm a merebɛka yi modwene ho sɛn? Ɔbarima bi wɔ mmammarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panin no sɛ, ‘Me ba, ɛnnɛ kɔ mʼafuom na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’
Τί δὲ ὑμῖν δοκεῖ; Ἄνθρωπος εἶχε τέκνα δύο, καὶ προσελθὼν τῷ πρώτῳ εἶπε, Τέκνον, ὕπαγε, σήμερον ἐργάζου ἐν τῷ ἀμπελῶνί μου.
29 “Ne ba no kaa sɛ, ‘Merenkɔ,’ nanso akyire yi, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔeɛ.
Ὁ δὲ ἀποκριθεὶς εἶπεν, Οὐ θέλω· ὕστερον δὲ μεταμεληθείς, ἀπῆλθε.
30 “Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kaa sɛ, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.
Καὶ προσελθὼν τῷ δευτέρῳ εἶπεν ὡσαύτως. Ὁ δὲ ἀποκριθεὶς εἶπεν, Ἐγώ, κύριε· καὶ οὐκ ἀπῆλθε.
31 “Saa mmɔfra baanu yi mu hwan na ɔtie nʼagya asɛm?” Wɔbuaa sɛ, “Ne ba panin no a.” Afei, Yesu kyerɛɛ asɛm no ase sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ abɔnefoɔ ne nnwamanfoɔ bɛkɔ Ɔsoro Ahennie mu ansa na moakɔ.
Τίς ἐκ τῶν δύο ἐποίησε τὸ θέλημα τοῦ πατρός; Λέγουσιν αὐτῷ, Ὁ πρῶτος. Λέγει αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς, Ἀμὴν λέγω ὑμῖν ὅτι οἱ τελῶναι καὶ αἱ πόρναι προάγουσιν ὑμᾶς εἰς τὴν βασιλείαν τοῦ Θεοῦ.
32 Ɛfiri sɛ, Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo tenenee kwan, na moannye no anni. Nanso ɔtogyefoɔ ne nnwamanfoɔ gyee no diiɛ. Na mohunuu yei mpo no, moansakyera mo adwene, na moannye no anni.”
Ἦλθε γὰρ πρὸς ὑμᾶς Ἰωάννης ἐν ὁδῷ δικαιοσύνης, καὶ οὐκ ἐπιστεύσατε αὐτῷ· οἱ δὲ τελῶναι καὶ αἱ πόρναι ἐπίστευσαν αὐτῷ· ὑμεῖς δὲ ἰδόντες οὐ μετεμελήθητε ὕστερον τοῦ πιστεῦσαι αὐτῷ.
33 Yesu buu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ, “Ɛda bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobefuo a wagye ban afa ho, na watu amena a wɔkyi nsã wɔ mu, de afuo no gyaa akuafoɔ bi. Yei akyi no, ɔtuu ɛkwan kɔɔ ɔman foforɔ bi so.
Ἄλλην παραβολὴν ἀκούσατε. Ἄνθρωπός τις ἦν οἰκοδεσπότης, ὅστις ἐφύτευσεν ἀμπελῶνα, καὶ φραγμὸν αὐτῷ περιέθηκε, καὶ ὤρυξεν ἐν αὐτῷ ληνόν, καὶ ᾠκοδόμησε πύργον, καὶ ἐξέδοτο αὐτὸν γεωργοῖς, καὶ ἀπεδήμησεν.
34 Ɛduruu ɛberɛ a bobe no bereeɛ a ɛsɛ sɛ wɔteɛ no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafoɔ no hɔ sɛ wɔmmɛgye ne kyɛfa mmrɛ no.
Ὅτε δὲ ἤγγισεν ὁ καιρὸς τῶν καρπῶν, ἀπέστειλε τοὺς δούλους αὐτοῦ πρὸς τοὺς γεωργούς, λαβεῖν τοὺς καρποὺς αὐτοῦ.
35 “Wɔduruu hɔ ara pɛ na akuafoɔ no to hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako ɛnna wɔsii ɔbaako nso aboɔ.
Καὶ λαβόντες οἱ γεωργοὶ τοὺς δούλους αὐτοῦ, ὃν μὲν ἔδειραν, ὃν δὲ ἀπέκτειναν, ὃν δὲ ἐλιθοβόλησαν.
36 Afei, ɔsane somaa nnipa a wɔn dodoɔ sene wɔn a ɔsomaa wɔn kane no sɛ wɔnkɔ akuafoɔ no nkyɛn, nanso asɛm korɔ no ara bi na ɛsiiɛ.
Πάλιν ἀπέστειλεν ἄλλους δούλους πλείονας τῶν πρώτων· καὶ ἐποίησαν αὐτοῖς ὡσαύτως.
37 Yei akyi, ɔsomaa ɔno ankasa ne ba akuafoɔ no nkyɛn susuu sɛ, wɔde anidie bɛma no.
Ὕστερον δὲ ἀπέστειλε πρὸς αὐτοὺς τὸν υἱὸν αὐτοῦ, λέγων, Ἐντραπήσονται τὸν υἱόν μου.
38 “Nanso, akuafoɔ no hunuu sɛ ne ba no afiti reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kaa sɛ, ‘Ɔdedifoɔ no na ɔreba no; momma yɛnkum no, na yɛmfa afuo no!’
Οἱ δὲ γεωργοὶ ἰδόντες τὸν υἱὸν εἶπον ἐν ἑαυτοῖς, Οὗτός ἐστιν ὁ κληρονόμος· δεῦτε, ἀποκτείνωμεν αὐτόν, καὶ κατάσχωμεν τὴν κληρονομίαν αὐτοῦ.
39 Ɛhɔ ara, wɔtwee no firii afuo no mu, kɔkumm no too baabi.
Καὶ λαβόντες αὐτὸν ἐξέβαλον ἔξω τοῦ ἀμπελῶνος καὶ ἀπέκτειναν.
40 “Sɛ afuowura no sane ba a, mogye di sɛ ɛdeɛn na ɔbɛyɛ saa akuafoɔ no?”
Ὅταν οὖν ἔλθῃ ὁ κύριος τοῦ ἀμπελῶνος, τί ποιήσει τοῖς γεωργοῖς ἐκείνοις;
41 Yudafoɔ mpanin no buaa sɛ, “Ɔno nso bɛkum saa atirimuɔdenfoɔ no na ɔde afuo no ama akuafoɔ foforɔ a wɔde ne kyɛfa bɛma no ɛberɛ a ɛsɛ mu.”
Λέγουσιν αὐτῷ, Κακοὺς κακῶς ἀπολέσει αὐτούς, καὶ τὸν ἀμπελῶνα ἐκδώσεται ἄλλοις γεωργοῖς, οἵτινες ἀποδώσουσιν αὐτῷ τοὺς καρποὺς ἐν τοῖς καιροῖς αὐτῶν.
42 Yesu bisaa wɔn bio sɛ, “Monkanee Twerɛsɛm no mu da sɛ, “‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ. Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’
Λέγει αὐτοῖς ὁ Ἰησοῦς, Οὐδέποτε ἀνέγνωτε ἐν ταῖς γραφαῖς, Λίθον ὃν ἀπεδοκίμασαν οἱ οἰκοδομοῦντες, οὗτος ἐγενήθη εἰς κεφαλὴν γωνίας· παρὰ Κυρίου ἐγένετο αὕτη, καὶ ἔστι θαυμαστὴ ἐν ὀφθαλμοῖς ἡμῶν;
43 “Deɛ mereka ara ne sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn Ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman foforɔ a wɔbɛbu nʼafudeɛ no ho nkonta pa akyerɛ no.
Διὰ τοῦτο λέγω ὑμῖν ὅτι ἀρθήσεται ἀφ᾽ ὑμῶν ἡ βασιλεία τοῦ Θεοῦ, καὶ δοθήσεται ἔθνει ποιοῦντι τοὺς καρποὺς αὐτῆς.
44 Wɔn a wɔbɛhwe saa botan yi so no mu bɛbubu, na deɛ nokorɛ no bɛhwe ne so no nso bɛpɛkyɛ.”
Καὶ ὁ πεσὼν ἐπὶ τὸν λίθον τοῦτον συνθλασθήσεται· ἐφ᾽ ὃν δ᾽ ἂν πέσῃ, λικμήσει αὐτόν.
45 Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no tee aseɛ sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no,
Καὶ ἀκούσαντες οἱ ἀρχιερεῖς καὶ οἱ Φαρισαῖοι τὰς παραβολὰς αὐτοῦ ἔγνωσαν ὅτι περὶ αὐτῶν λέγει.
46 wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wɔsuro ɛdɔm no ɛfiri sɛ, na wɔagye Yesu atom sɛ ɔyɛ Odiyifoɔ.
Καὶ ζητοῦντες αὐτὸν κρατῆσαι, ἐφοβήθησαν τοὺς ὄχλους, ἐπειδὴ ὡς προφήτην αὐτὸν εἶχον.

< Mateo 21 >