< Mateo 2 >
1 Ɛberɛ a Ɔhene Herode di adeɛ no na wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea.
當黑落德為王時,耶穌誕生在猶大的白冷;看,有賢士從東方來到耶路撒冷,說:
2 Saa ɛberɛ no ara mu na anyansafoɔ bi firi apueeɛ baa Yerusalem bɛbisaa sɛ, “Ɛhe na Yudafoɔ ɔhene a wɔawo no no wɔ? Yɛhunuu ne nsoromma wɔ apueeɛ nohoa enti na yɛaba sɛ yɛrebɛsom no.”
「才誕生的猶太人君王在哪裏﹖我們在東方見了衪的星,特來朝拜衪。」
3 Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene.
黑落德王一聽說,就驚慌起來,全耶路撒冷也同他一起驚慌。
4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?”
他便召集了眾司祭和民間的經師,仔細考問他們:默西亞應當生在哪裏。
5 Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ:
他們對他說:「在猶太的白冷,因為先知曾這樣記載:
6 “‘Ao kuro Betlehem, wo a wonyɛ akumaa wɔ Yuda asafohene mu, wo mu na mɛyi deɛ ɔbɛdi me ɔman Israel anim afiri.’”
『你猶大的白冷啊!你在猶大的群邑中,決不是最小的,因為將由你出來一位領袖,衪將牧養我的百姓以色列。』
7 Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
於是黑落德暗暗把賢士叫來,你細詢問他們那星出現的時間;
8 “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abɔfra no. Sɛ mohunu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”
然後打發他們往白冷去,說:你們去仔細尋訪嬰孩,幾時找到了給我報信,好讓我也去朝拜衪。」
9 Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu wɔ apueeɛ no sane yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no wɔ Betlehem hɔ.
他們聽了王的話,就走了。看,他們在東方所見的那星,走在他們前面,直至來到嬰所在的地方,就停在面。
10 Ɛberɛ a wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso.
他們一見到那星,極其高興喜歡。
11 Wɔduruu efie a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ.
他們走進屋內,看見嬰兒和他的母親瑪利亞,遂俯伏朝拜了衪,打開自己的寶匣,給衪奉獻了禮物,即黃金、乳香和歿藥。
12 Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.
他們在夢中得到啟示,不要回到黑落德那裏,就由另一條路返回自己的地方去了。
13 Anyansafoɔ no kɔeɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ soo Yosef daeɛ sɛ, “Sɔre fa abɔfra no ne ne maame na monkɔ Misraim nkɔtena hɔ nkɔsi sɛ mɛkyerɛ mo ɛberɛ a mobɛsane aba. Ɛfiri sɛ, Ɔhene Herode rehwehwɛ abɔfra no akum no.”
他們離去後,看,上主的天使顯於若瑟說:「起來,帶著嬰孩和衪的母親,逃往埃及去,住在那裏,直到我再通知你,因為黑落德即將尋找這嬰孩,要把衪殺掉。」
14 Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim,
若瑟便起來,星夜帶口嬰孩姓衪的母親,退避到屐及去口
15 na wɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Ɔhene Herode wuiɛ. Yei na ɛmaa deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ sɛ, “Mafrɛ me Ba afiri Misraim” no baa mu.
留在那裏,直到黑落德死去。這就應驗了上主藉先知所說的話:「我從埃及召回了我失兒子。」
16 Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafoɔ sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkɔkunkum mmadoma mmarimaa kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ anyansafoɔ no ɛberɛ a wɔkaa sɛ wɔwoo abɔfra no wɔ mu no kyerɛ no.
那時,黑落德見了自己受了士們的愚弄,就大發忿怒,依照他由賢士們所探得的時期,差人將白冷及其周圍境內所有兩歲及兩歲以下的嬰兒殺死,
17 Deɛ wɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no baa mu sɛ,
於是應驗了耶肋米亞先知所說的話:
18 “Wɔte nne bi wɔ Rama. Ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ; Rahel resu ne mma; na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, wɔnte ase bio”.
「在辣瑪聽到了聲音,痛哭哀號不止;辣黑爾痛哭她的子女,不願受人安慰,因為他們不在了。」
19 Herode wuiɛ akyiri no, Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef wɔ daeɛ mu wɔ Misraim ka kyerɛɛ no sɛ,
黑落德死後,看,上主的天使在埃及托夢顯於若瑟說:
20 “Sɔre na fa abɔfra no ne ne maame kɔ Israel asase so, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔpɛɛ sɛ wɔkum abɔfra no awuwu.”
「起來,帶著孩子和衪的母親,往以色列地去,因為那些謀殺孩子性命的人死了。」
21 Yosef faa abɔfra no ne ne maame sane kɔɔ Israel asase so bio.
他便起來,帶著孩子和衪的母親,進了以色列地域;
22 Yosef tee sɛ Arkelao a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene wɔ Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.
但是一聽說阿爾赫勞繼他父親黑落德作了猶太王,就害怕到那裏去;夢人得到了啟示後,便退避到加里肋亞境內,
23 Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.
去住在一座名叫納匝肋的城中,如此應驗了先知所說的話:「衪將稱為納匝肋人。」