< Mateo 18 >
1 Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie no mu?
Saa bere no mu na Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bebisaa no se, wɔn mu hena na ɔbɛyɛ kɛse Ɔsoro Ahenni no mu.
2 Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini.
Yesu frɛɛ abofra ketewa bi de no begyinaa wɔn mfimfini.
3 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, gye sɛ motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu.
Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Merema mo ate ase sɛ, gye sɛ motwe mo ho fi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmofra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mubetumi akɔ Ɔsoro Ahenni no mu.”
4 Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu.
Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛse koraa wɔ Ɔsoro Ahenni mu.
5 Na mo mu biara a, me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa biara te sɛ yei no, wagye me nso aba ne nkyɛn.
Na mo mu biara a, me nti obegye abofra ketewa biara te sɛ oyi no, wagye me nso aba ne nkyɛn.
6 “Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me die yi bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu.
“Enti sɛ obi to mmofra nketewa a wogye me di yi bi hintidua a, eye ma no sɛ anka wɔde ɔbotan bɛsɛn ne kɔn mu atow no akyene po mu.
7 Ewiase nnue wɔ ne suntiduatoɔ ho! Suntiduatoɔ wɔ hɔ deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue.
Wiase nnue wɔ ne hintiduato ho! Hintiduato wɔ hɔ de, nanso nea ɛnam ne so bɛba no nnue.
8 Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wɔde wo onipa mu bɛto ogyatannaa mu. (aiōnios )
Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wɔde wo nipamu bɛto ogyatannaa mu. (aiōnios )
9 Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu egya mu. (Geenna )
Na sɛ wʼani to wo hintidua a, tu na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wowɔ ani abien na wɔde wo bɛto amanehunu gya mu. (Geenna )
10 “Monhwɛ yie na moammu saa mmɔfra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo sɛ, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfoɔ wɔ mʼagya nkyɛn daa.
“Monhwɛ yiye na moammu saa mmofra nketewa yi mu baako koraa animtiaa. Mereka akyerɛ mo se, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfo wɔ mʼagya nkyɛn daa.
11 Na me, Agyenkwa no, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn a wɔayera no nkwa.
Na me, Agyenkwa no, mebae sɛ merebegye wɔn a wɔayera no nkwa.
12 “Sɛ onipa bi wɔ nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no?
“Sɛ onipa bi wɔ nguan ɔha, na wɔn mu baako kokyin na ɔyera a, dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin mmepɔw so ne abon mu nhwehwɛ nea wayera no?
13 Na sɛ ɛba sɛ ɔhunu saa odwan no a, nʼani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔwɔ efie no.
Na sɛ ɛba sɛ ohu saa oguan no a, nʼani gye ne ho sen aduɔkron akron a wɔwɔ fie no.
14 Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.
Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.
15 “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka deɛ ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ ɔtie deɛ woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua.
“Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka nea ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ otie nea woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua.
16 Na sɛ wantie nso a, sane fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn, na deɛ ɛbɛsi biara no, nnipa baanu anaa baasa adi ho adanseɛ.
Na sɛ wantie nso a, san fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn, na nnipa baanu anaa baasa no adi nea ebesi wɔ hɔ no nyinaa ho adanse.
17 Sɛ wantie wo a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wodi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfiri wɔn mu.
Sɛ wantie wo ara a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wudi bem wɔ asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfi wɔn mu.
18 “Mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ ɔsoro, na biribiara a moasane wɔ asase so no, wɔasane wɔ ɔsoro.
“Mereka akyerɛ mo se, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ ɔsoro, na biribiara a moasan wɔ asase so no, wɔasan wɔ ɔsoro.
19 “Meresane aka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi na wɔde nokorɛ bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama wɔn.
“Meresan aka akyerɛ mo bio se, sɛ mo mu baanu biara a ɔte asase yi so hwehwɛ biribi na ɔde nokware bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama no.
20 Na deɛ baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.”
Na nea baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.”
21 Petro baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn nson anaa?”
Petro baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn ason ana?”
22 Yesu buaa no sɛ, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahodoɔ nson!
Yesu buaa no se, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahorow ason!
23 “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta.
“Ɔsoro Ahenni no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafo bu nkontaa.
24 Nkontabuo no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem edu brɛɛ no.
Nkontaabu no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem du brɛɛ no.
25 Esiane sɛ na ɔnni sika a ɔde bɛtua ka no enti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmɛtua ɛka no.
Esiane sɛ na onni sika a ɔde betua ka no nti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmetua ka no.
26 “Ɔpaani yi de nʼanim butuu fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hunu me mmɔbɔ, na to wo bo ase ma me, na mɛba abɛtua ɛka a mede wo no nyinaa.’
“Ɔpaani yi de nʼanim butuw fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hu me mmɔbɔ, na tɔ wo bo ase ma me, na mɛba abetua ka a mede wo no nyinaa.’
27 Ɔpaani yi asɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ɔgyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.
Ɔpaani yi asɛm a ɔkae no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ogyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.
28 “Saa ɔpaani yi firi hɔ no, ɔkɔhunuu ne nwurakwaa no mu bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Ɔtim no amene sɛ ɔntua no ɛka a ɔde no no wɔ ɛhɔ ara.
“Saa ɔpaani yi fii hɔ no, okohuu ne yɔnko paani bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Otim no amene sɛ ontua no ka a ɔde no no wɔ hɔ ara.
29 “Na nʼawurakwaa no koto, paa no kyɛw sɛ ɔnto ne bo ase mma no, na ɔbɛtua ka no.
“Na ne yɔnko paani no kotow paa no kyɛw sɛ ɔntɔ ne bo ase mma no, na obetua ka no.
30 “Nanso ɔno deɛ, wampene. Ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase sɛ gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no.
“Nanso ɔno de, wampene. Ɔma wɔde no kɔtoo afiase se gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no.
31 Ɔkafoɔ yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.
Ɔkafo yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.
32 “Ɔhene no teeɛ no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Onipa bɔne ne otirimuɔdenfoɔ! Wosrɛɛ me no, mede ɛka kɛseɛ a wode me no nyinaa kyɛɛ wo;
“Ɔhene no tee no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no se, ‘Onipa bɔne ne otirimɔdenfo! Wosrɛɛ me no, mede ka kɛse a wode me no nyinaa kyɛɛ wo;
33 ɛnsɛ wo sɛ wo nso wohunu wo yɔnko mmɔbɔ sɛdeɛ mehunu wo mmɔbɔ no anaa?’
ɛnsɛ wo sɛ wo nso wuhu wo yɔnko mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no ana?’
34 Ɔhene no de abufuo maa wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kaa sɛ, gye sɛ watua ɛka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.
Ɔhene no de abufuw ma wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kae se, gye sɛ watua ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.
35 “Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, me ɔsoro Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”
“Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomso ankyɛ wɔn a, me soro Agya nso remfa mo mfomso nkyɛ mo.”