< Mateo 17 >
1 Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi a ɛso yɛ dinn atifi.
Et post dies sex assumpsit Iesus Petrum, et Iacobum, et Ioannem fratrem eius, et duxit illos in montem excelsum seorsum:
2 Wɔwɔ hɔ no, wɔhunuu sɛ ne onipadua asesa ama nʼanim ahyerɛn sɛ owia, ma nʼatadeɛ ayɛ fitafita sɛ nwera.
et transfiguratus est ante eos. Et resplenduit facies eius sicut sol: vestimenta autem eius facta sunt alba sicut nix.
3 Prɛko pɛ, Mose ne Elia bɛfirii hɔ a wɔne Yesu rekasa.
Et ecce apparuerunt illis Moyses, et Elias cum eo loquentes.
4 Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛyɛ nwanwa sɛ yɛn nso yɛwɔ ha bi. Sɛ wobɛpene so a, anka mɛbɔ asese mmiɛnsa na mede baako ama wo, na mede baako ama Mose, na mede baako ama Elia.”
Respondens autem Petrus, dixit ad Iesum: Domine, bonum est nos hic esse: si vis, faciamus tria tabernacula, tibi unum, Moysi unum, et Eliae unum.
5 Petro gu so rekasa no, omununkum hann bi bɛkataa wɔn so ɛnna nne bi firi omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba a ɔsɔ mʼani. Montie no!”
Adhuc eo loquente, ecce nubes lucida obumbravit eos. Et ecce vox de nube, dicens: Hic est Filius meus dilectus, in quo mihi bene complacui: ipsum audite.
6 Asuafoɔ no tee nne no, wɔbɔɔ hu, maa wɔde wɔn anim butubutuu fam.
Et audientes discipuli ceciderunt in faciem suam, et timuerunt valde.
7 Yesu baa wɔn nkyɛn, bɛsosɔɔ wɔn mu kaa sɛ, “Monsɔre! Monnsuro!”
Et accessit Iesus, et tetigit eos: dixitque eis: Surgite, et nolite timere.
8 Wɔpagyaa wɔn ani nso, wɔanhunu obiara sɛ Yesu nko ara.
Levantes autem oculos suos, neminem viderunt, nisi solum Iesum.
9 Ɛbaa sɛ wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ, “Monnka deɛ moahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ mɛnyane afiri awufoɔ mu.”
Et descendentibus illis de monte, praecepit eis Iesus, dicens: Nemini dixeritis visionem, donec Filius hominis a mortuis resurgat.
10 Yesu asuafoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na da biara Yudafoɔ mpanin ka ti mu sɛ, ɛsɛ sɛ Elia sane ba ansa na Agyenkwa no aba?”
Et interrogaverunt eum discipuli, dicentes: Quid ergo scribae dicunt quod Eliam oporteat primum venire?
11 Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ wɔreka no wom. Ɛsɛ sɛ Elia di ɛkan ba bɛtoto nneɛma yie.
At ille respondens, ait eis: Elias quidem venturus est, et restituet omnia.
12 Na nokorɛ ni, Elia aba dada na wɔanhunu no, na dodoɔ no ara ne no anni no yie. Na me, Agyenkwa no nso, mɛhunu amane wɔ wɔn nsam saa ara.”
dico autem vobis, quia Elias iam venit, et non cognoverunt eum, sed fecerunt in eo quaecumque voluerunt. Sic et Filius hominis passurus est ab eis.
13 Afei, asuafoɔ no hunuu sɛ, Yohane Osubɔni ho asɛm na ɔreka no.
Tunc intellexerunt discipuli, quia de Ioanne Baptista dixisset eis.
14 Ɛberɛ a ɔsiane duruu bepɔ no ase no, ɔhunuu sɛ nnipadɔm retwɛn no. Ɔbarima bi bɛbuu nkotodwe wɔ Yesu anim kaa sɛ,
Et cum venisset ad turbam, accessit ad eum homo genibus provolutus ante eum, dicens:
15 “Owura, hunu me ba bi a ɔtwa mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, ɔwɔ ɔhaw kɛseɛ mu. Sɛ otwa no ba a, ɛtumi twa no hwe ogya anaa nsuo mu.
Domine, miserere filio meo, quia lunaticus est, et male patitur: nam saepe cadit in ignem, et crebro in aquam.
16 Enti, mede no brɛɛ wʼasuafoɔ no sɛ wɔnsa no yadeɛ; nanso wɔantumi.”
et obtuli eum discipulis tuis, et non potuerunt curare eum.
17 Yesu kaa sɛ, “Mo asoɔdenfoɔ a monni gyidie! Me ne mo ntena nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha.”
Respondens autem Iesus, ait: O generatio incredula, et perversa, quousque ero vobiscum? usquequo patiar vos? Afferte huc illum ad me.
18 Yesu teateaa honhommɔne a ɛwɔ abarimaa no mu no ma ɛtu firii ne mu ma amonom hɔ ara ne ho tɔɔ no.
Et increpavit illum Iesus, et exiit ab eo daemonium, et curatus est puer ex illa hora.
19 Ɛkaa Yesu ne nʼasuafoɔ no, wɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛantumi antu honhommɔne no?”
Tunc accesserunt discipuli ad Iesum secreto, et dixerunt: Quare nos non potuimus eiicere illum?
20 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, mo gyidie sua. Sɛ mowɔ gyidie sɛ onyina abaa ɛsua koraa no a, anka mobɛtumi aka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔ nohoa!’ na ɛbɛtutu akɔ akyirikyiri.
Dixit illis Iesus: Propter incredulitatem vestram. Amen quippe dico vobis, si habueritis fidem, sicut granum sinapis, dicetis monti huic, Transi hinc, et transibit, et nihil impossibile erit vobis.
21 Na saa honhommɔne a ɛte sɛɛ yi deɛ, ɛrentumi ntu da, gye sɛ monam mpaeɛbɔ ne mmuada die so.”
Hoc autem genus non eiicitur nisi per orationem, et ieiunium.
22 Ɛda bi a Yesu ne nʼasuafoɔ no wɔ Galilea no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Wɔrebɛyi Onipa Ba no de no ahyɛ wɔn a
Conversantibus autem eis in Galilaea, dixit illis Iesus: Filius hominis tradendus est in manus hominum:
23 wɔwɔ tumi no nsa, na wɔakum no na ne nnansa so no, wanyane aba nkwa mu bio.” Asuafoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn werɛ hoeɛ, na wɔn akoma nso tuiɛ.
et occident eum, et tertia die resurget. Et contristati sunt vehementer.
24 Ɛberɛ a wɔbɛduruu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu ɔtogyefoɔ baa Petro nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Enti, wo wura tua ɛtoɔ?”
Et cum venissent Capharnaum, accesserunt qui didrachma accipiebant, ad Petrum, et dixerunt ei: Magister vester non solvit didrachma?
25 Petro buaa no sɛ, “Aane ɔtua.” Petro firi hɔ no, ɔkɔɔ efie kɔbɔɔ Yesu amaneɛ a ɛfa ɛtoɔtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na ɔbisaa no sɛ, “Na wo Petro, wo nso wodwene ho sɛn? Ahemfo twa ɛtoɔ ma wɔn ara wɔn ɔmanfoɔ tua anaasɛ wɔtwa ma ahɔhoɔ a wɔdi wɔn so no?”
Ait: Etiam. Et cum intrasset in domum, praevenit eum Iesus, dicens: Quid tibi videtur Simon? Reges terrae a quibus accipiunt tributum vel censum? a filiis suis, an ab alienis?
26 Petro buaa sɛ, “Wɔtwa ɛtoɔ no ma ahɔhoɔ no.” Yesu nso buaa sɛ, “Petro mo! Ɛnneɛ na ɛnsɛ sɛ ɔman mma no tua ɛtoɔ biara.
Et ille dixit: Ab alienis. Dixit illi Iesus: Ergo liberi sunt filii.
27 Na mmom, ɛsiane sɛ mempɛ sɛ wɔfa yɛn ho abufuo no enti, kɔ asuo no mu kɔto darewa. Apataa a wobɛyi no adi ɛkan no, bue nʼanom. Wobɛhunu sika a ɛbɛso me ne wo ɛtoɔ no tua sɛ ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kɔtua ma wɔn.”
Ut autem non scandalizemus eos, vade ad mare, et mitte hamum: et eum piscem, qui primus ascenderit, tolle: et aperto ore eius, invenies staterem: illum sumens, da eis pro me, et te.