< Mateo 16 >
1 Ɛda koro bi, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛeɛ wɔ frɛ a ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba no ho. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri ɔsoro nkyerɛ wɔn.
I přistoupivše farizeové a saduceové, pokoušejíce, prosili ho, aby jim znamení s nebe ukázal.
2 Yesu buaa wɔn sɛ, “Monim ewiem nsakraeɛ ho nkyerɛaseɛ. Sɛ owia rekɔtɔ, na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ɔkyena ewiem bɛte.
On pak odpovídaje, řekl jim: Když bývá večer, říkáte: Jasno bude, nebo se červená nebe.
3 Sɛ ɛduru anɔpa na ewiem yɛ kɔkɔɔ a, moka sɛ ewiem rente da mu no nyinaa. Nanso, montumi nkyerɛ mmerɛ mu nsɛnkyerɛnneɛ no ase.
A ráno: Dnes bude nečas, nebo se červená zasmušilé nebe. Pokrytci, způsob zajisté nebe rozsouditi umíte, znamení pak časů těchto nemůžete?
4 Saa ɔman nnebɔneyɛfoɔ a wɔnnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu ɛsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi, nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ biara ka anwanwadeɛ a wɔyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wieeɛ no, ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.
Národ zlý a cizoložný znamení hledá, ale znamení jemu nebude dáno, než toliko znamení ono Jonáše proroka. A opustiv je, odšel.
5 Asuafoɔ no tware kɔɔ asuogya nohoa no, wɔkaee sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔfa aduane.
A plavivše se učedlníci jeho přes moře, zapomenuli vzíti chleba.
6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho.”
Ježíš pak řekl jim: Hleďte a varujte se kvasu farizejského a saducejského.
7 Asuafoɔ no susuu sɛ gyama wɔnkura aduane biara no enti na Yesu kaa saa.
Oni pak rozjímali mezi sebou, řkouce: Nevzali jsme chleba.
8 Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo a mo gyidie sua! Adɛn na ɛha mo sɛ moamfa aduane?
A znaje to Ježíš, řekl jim: Co to rozjímáte mezi sebou, ó malé víry, že jste chlebů nevzali?
9 Enti, morente aseɛ da? Mo werɛ afiri burodo enum a mebubuu mu maa nnipa mpemnum no ne aseɛ mporoporowa nkɛntɛmma a ɛkaeɛ no?
Ještě-liž nerozumíte, ani nepamatujete na těch pět chlebů a na pět tisíců, a kolik jste košů nazbírali?
10 Mo werɛ asane afiri burodo nson a mede maa nnipa mpemnan ne deɛ ɛkaeɛ no?
Ani na těch sedm chlebů, a na čtyři tisíce, a kolik jste košů nazbírali?
11 Adɛn enti na modwene sɛ aduane ho asɛm na mereka akyerɛ mo? Meresane aka bio sɛ, ‘Monhwɛ mo ho yie wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho.’”
I kterakž nerozumíte, že ne o chlebu mluvil jsem vám, pravě, abyste se varovali kvasu farizejského a saducejského?
12 Afei, asuafoɔ no tee deɛ ɔkaeɛ no ase sɛ, Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho asɛm a ɔreka akyerɛ no yɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ nkyerɛkyerɛ bɔne bi no ho asɛm na ɔreka.
Tedy srozuměli, že neřekl, aby se varovali od kvasu chleba, ale od učení farizeů a saduceů.
13 Ɛberɛ a Yesu baa Kaesarea Filipi fam no, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Nnipa ka sɛ Onipa Ba no ne hwan?”
Přišed pak Ježíš do krajin Cesaree Filipovy, otázal se učedlníků svých, řka: Kým praví lidé býti mne, Syna člověka?
14 Wɔbuaa no sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni. Ebinom nso se Elia. Afoforɔ nso se wone Yeremia anaa adiyifoɔ no mu baako.”
A oni řekli: Někteří Janem Křtitelem, jiní pak Eliášem, jiní pak Jeremiášem, aneb jedním z proroků.
15 Afei, Yesu bisaa wɔn sɛ “Na mo nso, mose mene hwan?”
I dí jim: Vy pak kým mne býti pravíte?
16 Simon Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no, Onyankopɔn Teasefoɔ no Ba no!”
I odpověděv Šimon Petr, řekl: Ty jsi Kristus, ten Syn Boha živého.
17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Onyankopɔn ahyira wo, Yona ba Simon. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ onipa na ɔyii yei kyerɛɛ wo, na mmom, mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no.
A odpovídaje Ježíš, řekl mu: Blahoslavený jsi Šimone, synu Jonášův; nebo tělo a krev nezjevilo tobě, ale Otec můj, kterýž jest v nebesích.
18 Wone Petro, Ɔbotan, na ɔbotan yi so na mede mʼasafo bɛsie, na tumi a ɛwɔ ɔbonsam gyam no rentumi mmubu no da. (Hadēs )
I jáť pravím tobě, že jsi ty Petr, a na téť skále vzdělám církev svou, a brány pekelné nepřemohou jí. (Hadēs )
19 Mede Ɔsoro Ahennie no nsafoa bɛma wo, na ɛpono biara a wobɛto mu wɔ asase so no, wɔbɛto mu wɔ ɔsoro; na ɛpono biara a wobɛbue wɔ asase so no, wɔbɛbue wɔ ɔsoro!”
A tobě dám klíče království nebeského. A což bys koli svázal na zemi, budeť svázáno i na nebi; a což bys koli rozvázal na zemi, budeť rozvázáno i na nebi.
20 Afei, Yesu bɔɔ nʼasuafoɔ no ano sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Agyenkwa no.
Tedy přikázal učedlníkům svým, aby žádnému nepravili, že by on byl ten Ježíš Kristus.
21 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu hyɛɛ aseɛ kaa kɔ a ɔbɛkɔ Yerusalem, ne amaneɛ a ɛbɛto no wɔ hɔ wɔ Yudafoɔ mpanin, asɔfoɔ mpanin ne twerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no nsam na wɔakum no, na nnansa so no wanyane no ho asɛm pefee kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.
A od té chvíle počal Ježíš oznamovati učedlníkům svým, že musí jíti do Jeruzaléma, a mnoho trpěti od starších a předních kněží a od zákonníků, a zabit býti, a třetího dne z mrtvých vstáti.
22 Petro frɛɛ Yesu kɔɔ nkyɛn na ɔkaa nʼanim sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte saa! Onyame mpa ngu! Deɛ woreka yi remma wo so da!”
I odved ho Petr, počal mu přimlouvati, řka: Odstup to od tebe, Pane, nikoli nestane se tobě toho.
23 Yesu danee ne ho kaa Petro anim sɛ, “Ɔbonsam, firi me so! Woyɛ suntidua kɛseɛ ma me. Wodwene nnipa adwene na ɛnyɛ Onyankopɔn deɛ.”
Kterýžto obrátiv se, řekl Petrovi: Jdi za mnou, satane, ku pohoršení jsi mi; nebo nechápáš těch věcí, kteréž jsou Boží, ale kteréž jsou lidské.
24 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma nʼasɛnnua so, na ɔnni mʼakyi.
Tedy řekl Ježíš učedlníkům svým: Chce-li kdo za mnou přijíti, zapřiž sebe sám, a vezmi kříž svůj, a následujž mne.
25 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye ne ɔkra nkwa no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a me enti, ne ɔkra bɛfiri ne nsa no, ne nsa bɛsane aka.
Nebo kdož by chtěl duši svou zachovati, ztratíť ji; kdož by pak ztratil duši svou pro mne, nalezneť ji.
26 Na sɛ onipa nya ewiase yi mu nneɛma nyinaa na ɔhwere ne ɔkra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya? Ɛdeɛn na onipa bɛtumi de asi ne ɔkra ananmu?
Nebo co jest platno člověku, by všecken svět získal, své pak duši uškodil? Aneb kterou dá člověk odměnu za duši svou?
27 Na me, Onipa Ba no, mɛba wɔ mʼagya animuonyam mu a mʼabɔfoɔ ka me ho na mabɛbu obiara nneyɛeɛ ho atɛn.
Syn zajisté člověka přijde v slávě Otce svého s anděly svými, a tehdáž odplatí jednomu každému podlé skutků jeho.
28 “Nokorɛ mese mo sɛ: Mo mu bi renwu kɔsi sɛ mobɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba nʼahennie mu.”
Amen pravím vám: Jsou někteří z stojících tuto, kteříž neokusí smrti, až i uzří Syna člověka, přicházejícího v království svém.