< Mateo 15 >

1 Ɛda bi, Farisifoɔ ne Yudafoɔ mpanin no bi firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ,
Then some Pharisees and scribes came to Jesus from Jerusalem and asked,
2 “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni Yudafoɔ amanneɛ so? Yɛn amanneɛ a yɛhohoro yɛn nsa ho ansa na yɛadidi no, wɔnni so.”
“Why do Your disciples break the tradition of the elders? They do not wash their hands before they eat.”
3 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo nso mode mo amanneɛ no bu Onyankopɔn mmaransɛm so?
Jesus replied, “And why do you break the command of God for the sake of your tradition?
4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn mmara no ka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni,’ na baako nso ne sɛ, ‘Obiara a ɔbɛka asɛmmɔne afa nʼawofoɔ ho no, ɛsɛ sɛ wɔkum no,’
For God said, ‘Honor your father and mother’ and ‘Anyone who curses his father or mother must be put to death.’
5 Na mo deɛ, deɛ moka ne sɛ, sɛ obi ka kyerɛ ne maame anaa nʼagya sɛ, ‘Mewɔ adeɛ bi a anka mɛtumi de aboa mo, nanso mede rekɔma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ bɔne.
But you say that if anyone says to his father or mother, ‘Whatever you would have received from me is a gift devoted to God,’
6 Enti, mo ara monam mo mmara a moahyɛ so bu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛɛ sɛ di wʼagya ne wo maame ni no so.
he need not honor his father or mother with it. Thus you nullify the word of God for the sake of your tradition.
7 Mo nyaatwomfoɔ! Sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:
You hypocrites! Isaiah prophesied correctly about you:
8 “‘Saa nnipa yi ka sɛ wɔdi me ni, nanso wɔn akoma mmɛn me.
‘These people honor Me with their lips, but their hearts are far from Me.
9 Wɔsom me ani so kɛkɛ, ɛfiri sɛ, wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.’”
They worship Me in vain; they teach as doctrine the precepts of men.’”
10 Afei, Yesu frɛɛ nnipadɔm no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie deɛ meka no na mommɔ mmɔden nte aseɛ.
Jesus called the crowd to Him and said, “Listen and understand.
11 Ɛnyɛ adeɛ a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho nte, na mmom, deɛ ɛbɛfiri ne mu aba no na ɛgu ne ho fi.”
A man is not defiled by what enters his mouth, but by what comes out of it.”
12 Nsɛm a Yesu kaeɛ yi maa nʼasuafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Wonim sɛ wo nsɛm a wokaeɛ no ama Farisifoɔ no bo afu?”
Then the disciples came to Him and said, “Are You aware that the Pharisees were offended when they heard this?”
13 Yesu buaa wɔn sɛ, “Dua biara a ɛnyɛ mʼagya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu atwene.
But Jesus replied, “Every plant that My heavenly Father has not planted will be pulled up by its roots.
14 Mommmua wɔn koraa! Na wɔyɛ anifirafoɔ a wɔrekyerɛ anifirafoɔ ɛkwan enti wɔn nyinaa bɛkɔ akɔte ahwe amena mu.”
Disregard them! They are blind guides. If a blind man leads a blind man, both will fall into a pit.”
15 Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛ yɛn ɛbɛ no ase.”
Peter said to Him, “Explain this parable to us.”
16 Yesu nso bisaa no sɛ, “Ampa ara sɛ monte aseɛ?
“Do you still not understand?” Jesus asked.
17 Monnim sɛ adeɛ a ɛfa onipa anom no fa onipadua no mu na asane aba bio?
“Do you not yet realize that whatever enters the mouth goes into the stomach and then is eliminated?
18 Asɛm a ɛho nteɛ biara firi akoma a emu nteɛ mu ma ɛgu deɛ ɔkaa saa asɛm no ho fi.
But the things that come out of the mouth come from the heart, and these things defile a man.
19 Akoma mu na adwemmɔne, awudie, ayerefasɛm, adwamammɔ, korɔno, atorɔ ne ntwatosoɔ firi.
For out of the heart come evil thoughts, murder, adultery, sexual immorality, theft, false testimony, and slander.
20 Yeinom na ɛgu onipa ho fi. Nanso, sɛ obi anhohoro ne nsa sɛdeɛ mo amanneɛ teɛ no na ɔdidi a, ne ho nguu fi honhom mu.”
These are what defile a man, but eating with unwashed hands does not defile him.”
21 Yesu firii ɔman no mu hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon.
Leaving that place, Jesus withdrew to the district of Tyre and Sidon.
22 Kanaanni baa bi a ɔte ɔman no mu hɔ de su baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ, “Awurade, Dawid Ba, hunu me mmɔbɔ! Honhommɔne hyɛ me ba mu na sɛ ɛka ne ho a, ɛma ne ho yera no.”
And a Canaanite woman from that region came to Him, crying out, “Lord, Son of David, have mercy on me! My daughter is miserably possessed by a demon.”
23 Yesu anka hwee. Nʼasuafoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔmpam ɔbaa no mfiri hɔ. Wɔtii mu ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Ka kyerɛ no na ɔmfiri ha nkɔ, na ɔde nʼadesrɛ no retuatua yɛn aso.”
But Jesus did not answer a word. So His disciples came and urged Him, “Send her away, for she keeps crying out after us.”
24 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Wɔsomaa me sɛ memmɛboa Yudafoɔ, Israel nnwan a wɔayera no, na ɛnyɛ amanamanmufoɔ.”
He answered, “I was sent only to the lost sheep of the house of Israel.”
25 Ɔba bɛkotoo no kɔɔ so srɛɛ no sɛ, “Me wura, boa me!”
The woman came and knelt before Him. “Lord, help me!” she said.
26 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnyɛ sɛ wɔbɛgye burodo afiri mmɔfra nsam ato ama nkraman.”
But Jesus replied, “It is not right to take the children’s bread and toss it to the dogs.”
27 Ɔbaa no nso buaa sɛ, “Ɛwom saa deɛ, nanso nkraman no nso tumi di mporoporowa a ɛfiri wɔn wura no ɛpono so gu fam no.”
“Yes, Lord,” she said, “even the dogs eat the crumbs that fall from their master’s table.”
28 Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɔbaa, wo gyidie mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babaa no ho tɔɔ no.
“O woman,” Jesus answered, “your faith is great! Let it be done for you as you desire.” And her daughter was healed from that very hour.
29 Yesu sane baa Galilea ɛpo no ho. Ɔforo kɔtenaa bepɔ bi so.
Moving on from there, Jesus went along the Sea of Galilee. Then He went up on a mountain and sat down.
30 Nnipa bebree de mpakye, anifirafoɔ, apirafoɔ, mumu ɛnna wɔn a wɔyare nyarewa ahodoɔ baa ne nkyɛn sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ, ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
Large crowds came to Him, bringing the lame, the blind, the crippled, the mute, and many others, and laid them at His feet, and He healed them.
31 Anwanwasɛm ni! Wɔn a wɔnkasaa da kasaeɛ; mpakye nyaa ahoɔden; na mmubuafoɔ nanteeɛ, hurihuriiɛ na anifirafoɔ hunuu adeɛ. Nnipadɔm no ho dwirii wɔn ma wɔkamfoo Israel Onyankopɔn.
The crowd was amazed when they saw the mute speaking, the crippled restored, the lame walking, and the blind seeing. And they glorified the God of Israel.
32 Afei Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi me nkyɛn ha nnansa. Aduane a ɛwɔ ha nyinaa nso asa. Nanso mempɛ sɛ mema wɔkɔ wɔn afie mu a wɔnnidiiɛ, anyɛ saa a, wɔbɛtotɔ bera wɔ ɛkwan so.”
Then Jesus called His disciples to Him and said, “I have compassion for this crowd, because they have already been with Me three days and have nothing to eat. I do not want to send them away hungry, or they may faint along the way.”
33 Nʼasuafoɔ no nso bisaa no sɛ, “Ɛserɛ so ha deɛ, ɛhe na yɛbɛnya nnipadɔm yi ano aduane?”
The disciples replied, “Where in this desolate place could we find enough bread to feed such a large crowd?”
34 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Burodo dodoɔ bɛn na mowɔ?” Wɔbuaa sɛ, “Yɛwɔ burodo nson ne mpataa kakraa bi.”
“How many loaves do you have?” Jesus asked. “Seven,” they replied, “and a few small fish.”
35 Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no maa wɔn nyinaa tenatenaa ase wɔ ɛserɛ no so.
And He instructed the crowd to sit down on the ground.
36 Afei ɔfaa burodo nson no ne mpataa no, hyiraa so na ɔbubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ wɔmfa mma nnipadɔm no nni.
Taking the seven loaves and the fish, He gave thanks and broke them. Then He gave them to the disciples, and the disciples gave them to the people.
37 Wɔn nyinaa dii aduane no mee pintinn.
They all ate and were satisfied, and the disciples picked up seven basketfuls of broken pieces that were left over.
38 Wɔn a wɔdii saa aduane no, na wɔn dodoɔ yɛ nnipa mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho. Wɔdidi wieeɛ no, akyire mporoporowa a wɔtaseeɛ no yɛɛ nkɛntɛmma nson.
A total of four thousand men were fed, in addition to women and children.
39 Yei akyi, Yesu gyaa nkurɔfoɔ no kwan, ma ɔno nso kɔtenaa kodoɔ mu tware kɔɔ Magadan.
After Jesus had dismissed the crowds, He got into the boat and went to the region of Magadan.

< Mateo 15 >